Teokrase Nsɛmmansɛmma
Dominican Republic: Nnipa 26,150 kɔɔ ɔmantam nhyiam asia, na wɔbɔɔ nnipa 585 (ɔha biara mu nkyem 2.2) asu.
Hong Kong: Ɛwom sɛ na July 1991 mu yɛ hyew yiye de, nanso anuanom no bɔɔ mmɔden yiye wɔ asɛnka adwuma no mu. Wonyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo 2,305, na wɔbɔɔ nnipa 71 asu.
Japan: Wɔn 1991 ɔmantam nhyiam ho amanneɛbɔ kyerɛe sɛ 289,206 a wɔbae no yɛ nkɔanim foforo, na wɔbɔɔ nnipa 4,851 asu. Wonyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo 158,627 wɔ July mu, ɛyɛ afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 11.
Myanmar: Wɔ nsuyiri a ɛsɛe nneɛma wɔ July mu nyinaa akyi no, wonyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo 1,810.
Philippines: Wɔda so ara de mmoa ma wɔn a pae a ogya Bepɔw Pinatubo paee no sɛee wɔn nneɛma no. Nnansa yi ara nsu kɛse a ɛtɔe ne atɛkyɛ a ɛtene no maa anuanom a wɔanhyia ɔhaw biara kan no hyiaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Anuanom no ani sɔ mmoa no, efisɛ wɔ mmeae bi no, tebea no sɛee kɛse wɔ September mu sen bere a ogya bepɔw no paee nea edi kan no.