Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/92 kr. 3
  • San Kɔ Anigyefo Nkyɛn Ntɛm Ara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Kɔ Anigyefo Nkyɛn Ntɛm Ara
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Anigyefo Nkyɛn a Yɛbɛsan Akɔ Ntɛm No So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛsan Kɔ Anigyefo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 5/92 kr. 3

San Kɔ Anigyefo Nkyɛn Ntɛm Ara

1 “Mfa nea wubetumi ayɛ nnɛ nhyɛ ɔkyena da.” Nnipa pii nim abebusɛm yi a ɛde nkuranhyɛ ma sɛ wɔnyɛ nneɛma a ehia ntɛm ara no. Osuahu a edi so yi kyerɛ sɛ yebetumi de nnyinasosɛm yi adi dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu.

2 Onuawa bi de nhoma maa ɔbarima bi, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛsan abɛsra no. Onuawa foforo bi fom kɔɔ ofie koro no ara mu wɔ dɔnhwerew biako akyi. Ɔbarima no baa ɔpon no ano a okura nhoma no wɔ ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bere a wokae sɛ wobɛsan aba no, mansusuw sɛ wobɛba ntɛm saa, nanso bra mu, masiesie me ho ama m’adesua no.”

3 Ɛwom sɛ ebia yɛrenkɔyɛ sankɔhwɛ ntɛmntɛm saa de, nanso osuahu yi si sɛnea ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ yɛbɛsan akɔsra anigyefo a yenya wɔn wɔ ɔsom adwuma no mu ntɛm ara no so dua. Wɔ May mu no, yɛbɛka Ɔwɛn-Aban Kra ho asɛm. Nsɛmma nhoma yi som bo sɛ Bible sua mmoa nhoma a ɛma nkurɔfo hu nea nsɛm a esisi wɔ wiase no kyerɛ, ɛma nnipa ne wɔn bɔfo ntam abusuabɔ yɛ papa, na ɛhyɛ daakye ho anidaso a yɛwɔ no mu den. Nsɛm a esisi wɔ wiase no ma ɛda adi sɛ nhoma yi a ɛkyerɛkyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a etwa to no mu no nso ka nnɛ bere mu nsɛm te sɛ nea nnɛ atesɛm krataa, radio, ne television so nsɛm bɔ nsɛm a esisi wɔ wiase a ɛka adesamma nyinaa asetra tẽẽ no ho amanneɛ no.

4 Nkurɔfo Hia Mmoa Pii: Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa nkurɔfo ma wɔate Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm ase na wɔahu sɛ ɛfa wɔn asetra ne wɔn daakye ho no, ehia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe san kɔsra wɔn, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi nna kakraa bi ntam, ne titiriw no faako a wogyee nsɛmma nhoma anaasɛ wɔkyerɛɛ anigye no. Yɛbɛyɛ eyi dɛn? Ebia onipa no a wobɛma wahu kɛkɛ sɛ wobɛsan aba na moatoa nkɔmmɔbɔ no so no bɛboa.

5 Bɔ Kwan Ma Sankɔhwɛ No: Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw wɔ nnɛ wiase yi mu sɛ wode wo ho bɛfam bere pɔtee bi ho, na ebia ofiewura no werɛ befi sɛ obedi nhyehyɛe no so. Nanso, sɛ wode boasetɔ hyɛ bere a moahyɛ ama sankɔhwɛ a ɛte saa no nsow, na afei wohwɛ kɔsra no—ɔkwan biara so wɔ nna kakraa bi ntam—a, na woredi asɛyɛde a wowɔ sɛ wofa nhyehyɛe no aniberesɛm no so. Sɛ woankɔto onipa no wɔ fie a, hwɛ hu sɛ wobɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ wo nsa bɛka no. Sɛ ohu sɛnea woasi wo bo sɛ wubenya no wɔ fie no a, ebia ɛbɛhyɛ no nkuran ma wafa wo nsrahwɛ no aniberesɛm.

6 Esiane sɛ yɛrentumi nhu anigye a onipa a yɛakɔ ne nkyɛn nea edi kan no da no adi no yiye koraa nti, kyerɛw to hɔ sɛ wobɛsan akɔsra no bere a ɛte sɛ nea anigye kakraa bi na ɔdaa no adi mpo no. Mfaso wom sɛ wobɛkɔ onigyefo a ɔte saa no nkyɛn ntɛm ara. Ebia na woakanyan onipa no anigye wɔ Ɔwɛn-Aban no mu, na sɛ wosan kɔ hɔ a, ebia sɛnea ɔde anigye bɛma wo akwaaba no bɛyɛ wo nwonwa yiye. Enti hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔ anigyefo nkyɛn ntɛm ara!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena