Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma March

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma March
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 2
  • Dapɛn a Efi ase March 9
  • Dapɛn a Efi Ase March 16
  • Dapɛn a Efi Ase March 23
Yɛn Ahenni Som—1992
km 3/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow Ma March

Dapɛn a Efi Ase March 2

Dwom 63

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ma ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Hyɛ kuw adansedi wɔ dapɛn no awiei ho nkuran.

20 min: “Siesie Nsɛm a Wobɛka Akyerɛ wɔ March Mu.” (simma 10) Nsemmisa ne mmuae. (simma 8) Nsɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no mu abien anaasɛ abiɛsa a eye ma mo asasesin no sen biara ho ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔasiesie no yiye. (simma 2) Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsua nsɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no na wɔmfa biako anaa nea ɛsen saa nni dwuma.

15 min: “So Wutumi Yɛ Akwampaefo Boafo?” Nkɔmmɔ a ɔpanyin ne adawurubɔfo pii a wɔayɛ akwampaefo aboafo wɔ bere a atwam no mu, a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsan ayɛ bio wɔ March ne April mu no bɔ. Bere a moresusuw asɛm no mu nsɛm ho no, adawurubɔfo kyerɛkyerɛ nea enti a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo no mu. Wɔka nhyira a wɔanya ho asɛm, na wɔkyerɛkyerɛ nsakrae a wɔyɛe a ɛma wotumi nyaa nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no. Nkɔmmɔbɔ no si akwampaefo aboafo adwuma mu anigye so dua, na ɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsusuw ɔsom mu hokwan yi ho, sɛ wɔn ankasa nsɛm tebea horow ma kwan a.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi ase March 9

Dwom 215

10 min: Asafo mu nkaebɔ a asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no ka ho. Hyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho kɛse yɛ sankɔhwɛ dapɛn yi ne wɔ ɔsram yi mu ho nkuran. Ɔsom nhyiam yi bɛkyerɛkyerɛ nsɛm a wɔbɛka akyerɛ anan a wɔde bedi dwuma bere a wɔsan kɔsra anigyefo no mu, na ayɛ ɛho ɔyɛkyerɛ ahorow. Paw biako anaa nea ɛsen saa a wɔde bedi dwuma dapɛn yi. Fa “Afei de Yɛanya Ahofadi!” ka ho.

20 min: “Sɛnea Wubefi Nkɔmmɔbɔ Ase Bere a Wosan Kɔ Hɔ No.” (simma 3) Nnianim ɔkasa a ɛfa nkyekyem 1 ne 2 mu nsɛm ho. (simma 15) Nsɛm a wɔbɛka akyerɛ abiɛsa a ɛwɔ nkyekyem 3-5 no mu biara ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye. Ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi no, wobetumi aka sɛnea nsɛm a wɔbɛka akyerɛ no ye ho asɛm sɛnea bere ma kwan. (simma 2) Fa nkyekyem 6 mu nsɛm hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wɔde anyɛ yiye koraa no, nsɛm a wɔbɛka akyerɛ no mu biako bedi dwuma ma wɔne wɔn a wɔkyerɛ anigye no afi nkɔmmɔbɔ ase.

15 min: “Adam and Eve,” Reasoning nhoma no nkratafa 27-9. (simma 5) Nnianim ɔkasa a egyina asɛmti ketewa a ɛne “Were Adam and Eve merely allegorical (fictional) persons?” so. (simma 6) Obi a ɔdawurɔbɔfo de asemmisa a ɛne “So Adam bɔne no yɛ Onyankopɔn apɛde, Onyankopɔn nhyehyɛe?” gyaw no a ɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ (simma 4) Hyɛ “If Someone Says​—” afa a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu nsɛmti ma nkɔmmɔbɔ a wobesusuw ho wɔ sankɔhwɛ mu ho nkuran a nhwɛso afoforo ka ho.

Dwom 114 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 16

Dwom 211

10 min: Asafo mu nkaebɔ, sika akontaabu, ne ntoboa a Asafo ti kyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo anuanom wɔ sika a wɔde boa Ahenni nneɛma no ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn yi awiei.

20 min: “Hwɛ sɛ Wobɛsan Akɔ.” Nsemmisa ne mmuae ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Bere a moasusuw nkyekyem 5 ho awie no, yɛ obi a wɔmaa no kratawa a wɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ. Nkɔmmɔbɔ no kowie Bible adesua wɔ Tra Asa Daa nhoma no mu. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, yɛ obi a ɔpowee sɛ obegye nhoma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a wɔsan kɔsra no ho ɔyɛkyerɛ. Ɔyɛkyerɛ no akyi no, bisa ɔdawurubɔfo nea enti a osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔsra onipa yi a wannye nhoma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no.

15 min: Mo Ahenni Asa Tebea Te Dɛn? September 1989 Yɛn Bulletin, no kratafa 7 mu asɛm a eti no ne sɛ “So Wowɔ Obu Ma Mo Ahenni Asa No” ho ɔkasa. Wubetumi ayi nsɛm afoforo afi asɛm a ɛne “Ahenni Asa Ahorow a Wɔbɛma Wɔahu” a epuei wɔ February 1990 Our Bulletin no kratafa 4 no mu.

Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 23

Dwom 115

10 min: Asafo mu nkaebɔ, a dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ne Teokrase Nsɛmmansɛmma ka ho.

20 min: “Mmoa a Yɛde Bɛma Akwampaefo.” Nsemmisa ne mmuae ne nsɛm a wobisabisa afoforo. Si nhyira horow a asafo mu no nyinaa nya bere a wɔde mmoa a akwampaefo hia ma wɔn no so dua. Bisabisa akwampaefo nsɛm, na si sɛnea mpanyimfo ne asafo no mufo afoforo aboa wɔn wɔ wɔn akwampae adwuma no mu so dua.

15 min: Nhyiam Mu Nsakrae Ahorow wɔ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Mu. Ɔpanyin gyina nsɛm a epue wɔ September 1988 Yɛn Ahenni Som no “Nkaebɔ Ahorow” afa no so kyerɛkyerɛ mu. Wɔyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no mu nsakrae wom, na ɛsɛ sɛ asafo ahorow nyinaa di so. Ɛdefa nhyiam titiriw a Asafo Nhoma Adesua ka ho no ho no, yɛsrɛ sɛ hwɛ May 1990 Yɛn Ahenni Som (Our Bulletin, Vol. 33. No. 5) kratafa 3, wɔ asɛmti a ɛne “Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba” no ase.

Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena