Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/92 kr. 1
  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Anigyefo Nkyɛn a Yɛbɛsan Akɔ Ntɛm No So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 3/92 kr. 1

Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ

1 Sɛ asɛmpa no ho asomfo no, wɔama yɛn ahyɛde sɛ yɛnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Sankɔhwɛyɛ yɛ yɛn asuafoyɛ adwuma no fã titiriw. Yenim sɛ nkwa ho asɛm wom, enti yɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛma anigye a wɔdaa no adi mfiase no ayɛ kɛse.

2 Ɛsɛ sɛ yebu obiara a yɛama no nhoma no sɛ ɔfata sɛ yɛsan kɔsra no. Nanso, ɛnyɛ nhoma a yɛde ma no so nkutoo na ɛsɛ sɛ yegyina yɛ sankɔhwɛ. Nnipa pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔne yɛn besusuw Bible nkrasɛm no ho, nanso wonnye nhoma. Enti, sɛ yehu sɛ wɔn ani gye ho a, ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so no, yɛsan kɔsra wɔn na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔn anigye no ayɛ kɛse.

3 Wɔn a Yɛma Wɔn Nhoma a Yɛbɛsan Akɔsra Wɔn: Esiane sɛ yɛde nhoma pii rema wɔ asɛnka mu bio nti, yebetumi ayɛ sankɔhwɛ ahorow. Sɛ nhwɛso no, ɔkwampaefo bi de nhoma maa obi, nanso ohui sɛ anigye ketewa bi na ofiewura no wɔ. Awia bi a onua no ayɛ ne sankɔhwɛ afoforo nyinaa awie no, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ akɔsra onipa yi. Wofii Bible adesua ase.

4 Onua bi de nsɛmma nhoma abien maa ɔbarima bi, nanso wankɔ ne nkyɛn bio, a na osusuw sɛ n’ani nnye ho ankasa. Nna kakraa bi akyi no, ɔbarima no kyerɛw krataa brɛɛ ɛhɔnom asafo no de bisae sɛ wɔmmɔ no asu. Wobisaa onuawa ɔsɛmpatrɛwfo bi sɛ dɛn na ɔte nka sɛ ɛne ade titiriw a ɛsen biara wɔ boa a watumi aboa nnipa 74 ma wɔabɛyɛ adawurubɔfo no mu. Ose: “Yɛyɛɛ nsɛmma nhoma adwuma mpɛn pii, na mekɔɔ so srasraa nnipa a wogyee nsɛmma nhoma no kosii sɛ mitumi ne wɔn fii Bible adesua ase.”

5 Ɛtɔ mmere bi a, ebia kratawa nkutoo na yebetumi de agyaw ofiewura no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Mpɛn pii no, yebetumi de nkratawa adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ sankɔhwɛ mu de akyerɛ sɛnea wɔyɛ Bible adesua. Ɔmansin sohwɛfo bi a na ɔne ɔdawurubɔfo foforo reyɛ adwuma no gyaw kratawa bi maa ɔbea bi. Na ɛyɛ nsrahwɛ tiatiaa bi, nanso ɔhyɛɛ onuawa no nkuran sɛ ɔnsan nkɔsra no. Onuawa no san kɔsraa no, na wofii Bible adesua ase ntɛm ara.

6 Bere a Wɔkyerɛ Anigye: Sɛ ofiewura no annye nhoma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, ɛnkyerɛ bere nyinaa sɛ n’ani nnye ho. Bere a ɔdawurubɔfo bi resan akɔsra awarefo nkumaa bi no, ohui sɛ wɔwɔ yɛn nhoma ahorow no bi na wɔasua ade pɛn. Wɔpenee so ntɛm ara sɛ wɔbɛsan afi adesua no ase. Ɔkwampaefo titiriw bi tee nka sɛ ɔbea bi a na ɔpow bere nyinaa sɛ obegye nsɛmma nhoma no wɔ asɛm no ho anigye. Ɔkwampaefo no amma no nsɛmma nhoma, na na ɔbea no wɔ ɔpɛ sɛ ɔne no besusuw nhomawa no biako mu nkyekyem kakraa bi ho. Nsrahwɛ kakraa bi akyi no, na ɔne no yɛ Bible adesua mprenu dapɛn biara.

7 Ɛsɛ sɛ obiara a ohyira ne ho so ma Yehowa no te nka sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔyɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye nyinaa no daa a, yebetwa aba a ɛbɛma yɛn ankasa ‘ne yɛn atiefo’ anya nhyira pii.​—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena