So Wutumi Yɛ Akwampaefo Boafo?
1 Yesu hyɛe n’akyidifo nkuran sɛ wofi wɔn pɛ mu mfa wɔn ho mma wɔ ɔsom adwuma no mu, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ saayɛ bɛma wɔanya anigye ne honhom mu nhyira pii. (Mat. 10:8b; Aso. 20:35) April a etwaam no, nnipa 930 ne akyi nyaa dwumadi a wɔtrɛw mu mu anigye sɛ akwampaefo aboafo. Na kae sɛ wɔyɛɛ eyi wɔ bere a na nsa da yɛn dwumadi so no mu. So wubetumi anya nhyira horow yi bi afe yi denam akwampaefo boafo a wobɛyɛ wɔ March anaa April mu anaasɛ asram abien no nyinaa mu no so?—Dw. 34:8.
2 Hwehwɛ Wo Nsɛm Tebea Mu: Bere a wususuw osuahu ahorow a wɔaka wɔ ase hɔ no ho no, bisa wo ho sɛ: ‘So nhwɛso ahorow yi mu bi ne me tebea hyia? Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ nsakrae horow a ehia a ebebue kwan ma mayɛ akwampaefo boafo?’
3 Onuawa bi tumi yɛɛ akwampaefo boafo ɛwom mpo sɛ ɔwɔ mma baanum na ɔyɛ honam fam adwuma de. Mfaso bɛn na onya fii mu? Ne kunu ne ne mma boaa no yiye, na onuawa no nhwɛso pa no kanyan ne kunu ma ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu wɔ ɔsram a edii hɔ no mu.
4 Asafo biako mu no, mpanyimfo ne asafo mu asomfo no nyinaa yɛɛ akwampaefo aboafo wɔ ɔsram biako mu. Na wɔn mu pii wɔ honam fam nnwuma, nanso na wɔyere wɔn ho yiye yɛ honhom fam nnwuma wɔ adapɛn no awiei. Asafo mũ no nyinaa nyaa akanni pa a wɔde mae wɔ asɛnka mu ne asɛnka ho nhyehyɛe a wɔyɛe no mu mfaso. Adawurubɔfo 77 no mu 73 nyaa akwampae adwuma no fã bi mu kyɛfa wɔ ɔsram no mu.
5 Sukuuni abeawa bi a wadi mfe 15 de n’akwamma yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma, na ɔka sɛ: “Mitumi hu nsakrae no ankasa, ne titiriw no nkɔso a manya wɔ asɛm no ho nkɔmmɔbɔ mu no. Mitumi ne nkurɔfo bɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii wɔ apon ano.”
6 Wɔn a onyin ama wɔagyae honam fam adwuma no taa nya hokwan ahorow a ɛso nni a ɛbɛma wɔadi Ahenni nneɛma akyi. Onuawa bi a wadi mfe 84 kunu wu akyi no, ɔkyerɛwee se: “Na me mma nyinaa anyinyin aware anya mmusua. Wɔammu ani angu me so, nanso wɔn nsrahwɛ ahorow no antumi anni adehwere ne ankonamyɛ nka a metee no ho dwuma. Yɛn asafo no mu mpanyimfo no mu biako kae sɛ menyɛ akwampaefo boafo nhwɛ. Metwentwɛn me nan ase, nanso awiei koraa no, misii gyinae sɛ mɛyɛ ahwɛ. Anigye bɛn ara ni! Metee nka sɛ Yehowa ama kwan sɛ mentra ase nnya mfe yi na ama matumi ayɛ akwampaefo boafo. Makɔ so ayɛ akwampaefo boafo ɔsram biara fi saa bere no.”
7 Onua bi a ɔtɔn adan ne nsase yɛɛ nsakrae wɔ bere a ɔde nkurɔfo kɔhwɛ afie no mu na ama wanya bere de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. Afoforo ayɛ nsakrae a ɛte saa ara wɔ wɔn adwuma mu na ama wɔanya bere ayɛ dwumadi a wɔtrɛw mu a ɛte sɛɛ no bi.
8 Yɛ Wo Nhyehyɛe Mprempren Ara: Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe pa mprempren ara sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo wɔ March ne April mu? March kura Kwasida anum na April wɔ nnapɔnna bi. Sɛ wubetumi ayɛ a, nhyehyɛe a wode boasetɔ bɛyɛ ho hia. Eyi da adi wɔ wɔn a wɔatumi ayɛ akwampaefo aboafo, a ɛwom mpo sɛ na wowɔ mmusua mu asɛyɛde ahorow, honam fam adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ, ne kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde afoforo no osuahu ahorow no mu. Wo ne afoforo a wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no mmɔ nkɔmmɔ, na woanya wɔn osuahu no mu mfaso. Afei nso, bɔ Yehowa mpae na bisa ne mmoa.—Yes. 40:29-31; Yak. 1:5.
9 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔtoto wɔn nneɛma yiye na wɔsom sɛ akampaefo aboafo no nya anigye pii. Sɛ wunni bere nyinaa som adwuma no mu dedaw a, so wubetumi anya hokwan yi mu anigye? Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛtrɛw hokwan a wowɔ sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo no mu a, nokwarem no, Yehowa behyira wo pii.—Mal. 3:10.