Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/92 kr. 3
  • Afei De Yɛanya Ahofadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afei De Yɛanya Ahofadi
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 3/92 kr. 3

Afei De Yɛanya Ahofadi

Yawda, October 31, 1991 no, Ghana aban de amanneɛbɔ mae sɛ wɔayi nsa afi yɛn dwumadi so. Amanneɛbɔ no san kae sɛ ‘wɔama yɛn kwan sɛ yemmisa mma wɔmfa yɛn ahyehyɛde no nhyɛ mmara a ɛwɔ hɔ no ase.’ Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ yɛde yɛn akwammisa krataa no ama na wɔama yɛn bere tiaa mu tumi krataa. Eyi ma yetumi yɛ adwuma sɛ ɔsom ahyehyɛde. Yɛwɔ anidaso sɛ awiei koraa no, wɔbɛpene yɛn abisade no so koraa ‘wɔ mmara a ɛwɔ hɔ no ase.’ Yɛahu anigye a anuanom de fii asɛnka dwumadi ahorow no ase wɔ November mu no, na ani sɔ. Ɛwom sɛ adawurubɔfo 33,882 a wobuu akontaa no nyɛ dodow nkɔanim foforo de, nanso ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem no so nkɔanim ɔha biara mu 6. Nea ɛyɛ ade titiriw nso ne Bible adesua dodow a yɛyɛe wɔ November mu no​—50,639. Eyi kyerɛ sɛ ɔman no mu ɔdawurubɔfo biara yɛɛ Bible adesua 1.5. Adwuma a ɛfata nkamfo ampa bɛn ara ni! Yɛda Yehowa ase wɔ nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a yɛanya dedaw no ho. Ɛbɛyɛ mo anigye sɛ mubehu nnipa dodow a wɔbaa ‘Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi’ Ɔmantam Nhyiam 9 a wɔyɛe wɔ ɔman no mu nyinaa ase no.

Nnipa Dodow a Wɔbae: 100,111

Dodow a Wɔbɔɔ Wɔn Asu: 842

Togo

Nhyiam no Dodow: Biako

Nnipa Dodow a Wɔbae: 26,467

Dodow a Wɔbɔɔ Wɔn Asu: 556

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena