Siesie Asɛm A Wobɛka Akyerɛ Wɔ March Mu
1 Yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ 1983 mu anaa ansa na saa afe no reba anaasɛ Worldwide Security nhoma no bɛma wɔ March mu. Yebetumi de nhoma fɛfɛ yi mu biara aka asɛmpa no akyerɛ wɔ akwan horow so. Akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ eye sɛ wubesua nsɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa a edidi so yi no, na wode biako anaasɛ ne nyinaa adi dwuma.
2 Asase No—Onipa Fie a Ɛbɛtra Hɔ Daa: Sɛ wopɛ sɛ wo ne nnipa a wodwen asase no ne nneɛma a atwa ho ahyia no ho fi nkɔmmɔbɔ ase a, fa asɛmti a ɛne “Asase no Bɛtra Hɔ Daa sɛ Adesamma Fie” no di dwuma hwɛ. Asɛmti yi yɛ fakaa sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma nnipa a wɔpɛ mmusua, wɔn a wɔn ani gye abɔde ho, ne nneɛma a atwa adesamma ho ahyia ho adenimfo atie. Kyerɛwsɛm a wode bedi dwuma ne Ɔsɛnkafo 1:4. Wɔakyerɛkyerɛ asɛmti no ne kyerɛwsɛm no mu wɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 98-9, nkyekyem 2 ne 3.
3 Bere a woada wo ho adi no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Merebɛsra wo bere tiaa bi na yɛasusuw asɛm bi a ɛhaw yɛn mu pii yiye no ho. Asase no yɛ yɛn fie, na akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea wɔresɛe no no haw wo nso. Nyansahufo ne nneɛma a atwa adesamma ho ahyia ho adenimfo kɔ so bɔ kɔkɔ sɛ sɛ adesɛe yi kɔ so a, yɛrentumi ntra asase no so bio. So wunim ɔhaw no ano aduru bi? [Gyina na ma ofiewura no nkasa, sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa a] Ne tiaatwa mu ara ne sɛ, mepɛ sɛ mekyerɛ wo nea Bible no ka fa asase no daakye ho wɔ ɔsɛnkafo 1:4.” Kenkan kyerɛwsɛm no, na fa nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 98-9, nkyekyem 2 ne 3 no kyerɛ no.
4 Wobeyi Nsɛmmɔnedi afi Hɔ: Nea ɛbɛyɛ na woakanyan wɔn a nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne ɔko haw wɔn no ma wɔatie no, ebia wobɛpɛ sɛ wo ne wɔn bɔ asɛmti a ɛne “Wobeyi Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ Ma Wɔn a Wɔdɔ Onyankopɔn no Atumi Anya Asetra mu Anigye ne Asomdwoe” no ho nkɔmmɔ. Dwom 37:9-11 ka asɛm yi, na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Worldwide Security nhoma no, nkratafa 118-20, nkyekyem 13-15.
5 Bere a woada ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ:
◼ “So wususuw sɛ bere bi bɛba a nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ renhaw yɛn bio? [Ma ofiewura mmua.] Bible no twe adwene si ano aduru koraa no so wɔ ha wɔ Dwom 37:9-11.” Kenkan kyerɛwsɛm no na bue Worldwide Security nhoma no nkratafa 118-20, na kenkan nkyekyem 13-15 no mu nsɛm a woapaw.
6 Owusɔre Anidaso No: Esiane sɛ obiara dɔfo bi awu pɛn wɔ bere bi mu nti, ebetumi ayɛ awerɛkyekye sɛ wode asɛmti a ɛne “Ahenni Nniso Bɛsan De Adɔfo a Wɔawuwu Aba Nkwa Mu wɔ Paradise Tebea Horow Mu” befi nkɔmmɔbɔ ahorow ase. Wubetumi de Yohane 5:28, 29 anaasɛ Luka 23:43 adi dwuma na wode asɛmti no ho nkyerɛkyerɛmu ne kyerɛwsɛm a ɛwɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 166-7, nkyekyem 12 ne 13 no akyerɛ.
7 Wubetumi de “Reasoning” nhoma no kratafa 14 nnianim asɛm a ɛto so abiɛsa no afi wo nkɔmmɔbɔ no ase, na afei woaka sɛ:
◼ “Yɛn mu pii dwen yɛn adɔfo a wɔawuwu no ho wɔ bere ne bere mu. Nanso, so wote nka sɛ yebetumi ahu wɔn bio? [Ma ofiewura no hokwan ma ɔnkyerɛ n’adwene.] Nnipa pii a yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ no ho dwiriw wɔn bere a wɔte bɔhyɛ a Onyankopɔn Asɛm de ama, ne sɛ anidaso yi bɛbam wɔ asase so ha pɛɛ no ho asɛm no. Hyɛ Bible no bɔhyɛ a ɛwɔ . . .” no nsow. Fa Yohane 5:28, 29 anaasɛ Luka 23:43, di dwuma, na fa nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 166-7, nkyekyem 12 ne 13, anaasɛ mfonini a ɛwɔ nkratafa 164-5 no toa so.
8 Siesie nsɛm a wɔbɛka akyerɛ ɔsram yi na fa biako anaa ne nyinaa di dwuma ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu kyerɛw nsɛm ne mfonini a ɛfata wɔ nhoma a wode bedi dwuma no mu biara mu. Sɛ wɔankyerɛ anigye kɛse a, fa asɛmti no ho kratawa ma.