Sɛnea Wubefi Nkɔmmɔdi Asa Bere A Wosan Kɔ Hɔ No
1 Sɛ wubetu mpɔn wɔ nkɔmmɔ a wo ne obi a wakyerɛ anigye wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no befi ase abɔ no mu a, bɔ mmɔden sɛ wubegyina nea wokae wɔ bere a edi kan no mu no so ada nsɛm afoforo adi. Atirimpɔw no ne sɛ wobɛboa onipa no ma wahu sɛnea nsɛm no ne nhoma a wode gyaw no no som bo.
2 Gye bere fa siesie wo ho ma sankɔhwɛ a wobɛyɛ no. Paw nhoma a wode di dwuma no mu nsɛm a ɛkanyan anigye. Fa nhumu di dwuma na woahu nsɛm dodow a mubesusuw ho ne bere tenten a wubedi wɔ hɔ. Mpɛn pii no, asɛm biako anaasɛ abien a mubesusuw ho bere tiaa bi no ye sen biara, gye sɛ wɔda anigye soronko bi adi. Susuw nsɛmti a edidi so yi ho:
3 Sɛ asase bɛyɛ onipa fie a ɛbɛtra hɔ daa a, daakye tebea horow bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛba? Nkɔmmɔbɔ yi gyina Yesaia 11:6-9 ne 65:25 so, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 172-5 no.
Wubetumi aka eyi de afi nkɔmmɔbɔ no ase:
◼ “Bere a etwa to a mebɛsraa wo no, yesusuw sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ asase no ntra hɔ daa no ho. Nanso mede asemmisa bi gyaw wo sɛ susuw ho: Tebea horow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ? Ɛyɛ me anigye sɛ masan aba ne wo rebɛka mmuae a Bible no de ma ho asɛm bere tiaa bi.”
4 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya asetra mu anigye wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase. Wubetumi de Yohane 17:3 ne Yeremia 31:34 aka asɛmti yi ho asɛm, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 119-20 no.
Wubetumi aka asɛm yi de afi ase:
◼ “M’ani gyee Onyankopɔn bɔhyɛ a ese ɔde nsɛmmɔnedi bɛba awiei ho nkɔmmɔ a me ne wo bɔe no ho. [Ka kyerɛ onipa no sɛ ɔnkɔfa ne Worldwide Security nhoma no mmra] Asemmisa a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara dwen ho ne sɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛatra ase anya nsakrae yi mu mfaso? Hyɛ nea Yesu kae wɔ Yohane 17:3, sɛnea wɔafa aka asɛm wɔ wo nhoma no kratafa 120 no nsow.”
5 Ahiade ahorow bɛn na wobedi ho dwuma wɔ Paradise asase so? Wubetumi de Dwom 65:9-13 ne 72:16 anaa Yesaia 11:6-9 ne 65:25 adi dwuma. Wɔaka nsɛm a ɛfata wɔ Worldwide Security nhoma no nkratafa 174-5.
Wo nnianim nsɛm betumi ayɛ:
◼ “Da a etwa to[ka da ko] a mebaa ha no yehuu bɔ a Onyankopɔn nam ne Ba no so ahyɛ sɛ obenyan adɔfo a wɔawuwu aba Paradise asase so no. Nhyira a yebenya saa bere no bi ne dɛn? Wo nhoma no fi Kyerɛwnsɛm no mu da eyinom mu bi adi.” Gyina nea wɔaka wɔ atifi hɔ no so kenkan Bible kyerɛwsɛm biako anaa abien ne nhoma no mu nsɛm bi, ebia nea ɛwɔ nkyekyem 7-10 no.
6 Nnipa pii akyerɛ Ahenni nkrasɛm a yɛka no ho anigye. Mpɛn pii no, yɛde yɛn nhoma no ma wɔn. Nsɛm afoforo mu nso no, yehu sɛ wɔkyerɛ yɛn Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a edi kan no ho anisɔ. Enti, san kɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa, na bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nokware no.—Mat. 10.11; 28:19, 20; Yoh. 21:17; Adi. 22:17.