Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/96 kr. 8
  • San Kɔ Kogye Ebinom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Kɔ Kogye Ebinom
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Adesua Horow A Wobefi Ase Wɔ “Kingdom Come” Nhoma Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Sɛnea Yɛne Wɔn a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Befi Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 1/96 kr. 8

San Kɔ Kogye Ebinom

1 Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4, NW) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa? Sɛ́ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ahorow a yɛn botae ne sɛ yɛnam so bɛkyerɛkyerɛ nokware no. Dɛn na wobɛka? Ebia nyansahyɛ ahorow a edidi so yi a ɛfa Abusua Asetra nhoma no ho betumi aboa wo.

2 Sɛ wokɔ ɔwofo bi a ogyee “Abusua Asetra” nhoma no nkyɛn a, wubetumi asan atwe adwene asi mfonini a ɛwɔ kratafa 4 no so, na woabisa ofiewura no sɛ:

◼ “Bere a wohwehwɛɛ nhoma a mede maa wo no mu bio, na wususuw Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa paradise asase ho akyi no, wote nka dɛn wɔ abusua asetra a anigye wom wɔ asase so ho anidaso no ho?” Bere a woatie ofiewura no mmuae na woaka ho asɛm tiawa awie no, wubetumi adan adwene akɔ asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 8 no so, na hyɛ nyansa sɛ munsusuw ti 1 no ho mfa nhwehwɛ ade a ɛma wonya abusua mu anigye.

3 Wubetumi ne abofra bi asan afi nkɔmmɔbɔ ase denam eyi a wobɛka no so:

◼ “Bere a mebaa ha nea edi kan no, yɛkaa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛbɔ wiase foforo a asomdwoe wom, baabi a abusua asetra a ɛtra hɔ kyɛ na anigye wom bɛtra hɔ ho asɛm. Afei asɛm no ne sɛ, Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛafata ama saa nhyira horow yi? Wubebua ɛno dɛn?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ kratafa 184, na munsusuw adwenhorow a ɛwɔ nkyekyem 8 ne 9 no ho, na si hia a ehia sɛ ɔfa Onyankopɔn Asɛm no sua so nya gyidi a emu yɛ den so dua. Kyerɛkyerɛ sɛnea obetumi ayɛ eyi denam ofie Bible adesua ho nhyehyɛe a yɛyɛ a ɔde bedi dwuma no so.

4 Wubetumi ayɛ sankɔhwɛ wɔ baabi a womaa “Abusua Asetra” nhoma no bi wɔ saa kwan yi so:

◼ “Bere a mebɛsraa wo nea edi kan no, m’ani gyee sɛnea wudwen w’abusua ho no ho. Bere a yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri yi mu no, ɛho hia sɛ mmusua kɔ so siesie wɔn ho ma daakye. Ɛno ho no, nhoma a mede gyaw wo no, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, kamfo Bible mu nkɔmmɔ a wɔbɔ no fie daa kyerɛ denneennen. [Kenkan nkratafa 185-6 no nkyekyem 10.] Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, mepɛ sɛ mede bere tiaa bi kyerɛ wo sɛnea nnipa a wɔwɔ nsase bɛyɛ 200 so susuw Bible ho wɔ fie sɛ mmusua no.” Sɛnea bere bɛma kwan no, fa asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 71 ase no di dwuma fa kyerɛ sɛnea wɔyɛ adesua no.

5 Wubetumi atoa “Abusua Asetra” nhoma no atirimpɔw ho nkɔmmɔbɔ no so aka sɛ:

◼ “Masan aba sɛ merebɛkyerɛ wo pii afa Onyankopɔn atirimpɔw ma abusua asetra a anigye wom ho.” Dan kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 12 no so, na kenkan Mateo 7:24-27, na afei kyerɛkyerɛ sɛnea eyi fa fapem a ɛyɛ den a wɔto ma aware a anigye wom ho mu tiawa. Montoa so nsusuw nhoma no ti 2 ho, na afei kyerɛ sɛ wo ne no bɛyɛ ofie Bible adesua a ontua hwee.

6 Kae sɛ botae nti a yɛyɛ sankɔhwɛ ne sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase. Sɛ yɛkɔ wɔn a yɛma wɔn Abusua Asetra ne nhoma dedaw afoforo nkyɛn na yefi adesua ase ankasa a, ɛbɛyɛ papa akyiri yi sɛ yɛbɛdan adwene akɔ Nimdeɛ nhoma foforo no a wɔyɛe titiriw sɛ yɛmfa nyɛ adesua horow no so. Yebenya anigye kɛse bere a wɔn a wosua ade no sua sɛ wɔbɛbɔ Yehowa din ma wɔagye wɔn nkwa no.—Aso. 2:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena