Mmoa A Yɛde Bɛma Akwampaefo
1 Wonim Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔde nnamyɛ nya ɔsom adwuma no mu kyɛfa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛn nsɛm tebea ma yɛn kwan ma yɛyɛ akwampaefo de, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya akwampae honhom na yefi ɔkra nyinaa mu yɛ nea yɛyɛ no. Yɛne pii a wotumi de wɔn ho hyɛ akwampae adwuma no mu no ani gye, na yɛhyɛ wɔn nkuran.
2 Ɔkwampaefo a wobɛyɛ na woakɔ so ayɛ no yɛ adwuma kɛse. Akwampaefo na wɔyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no fã kɛse. Wɔde mmɔdenbɔ ne nneɛma pii bɔ afɔre ansa na wɔayɛ saa. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa bere nyinaa asomfo a wɔyɛ nnam yi na wɔahyɛ wɔn nkuran?
3 Nea Wobetumi Ayɛ: Akwampaefo hia mpanyimfo no mmoa. Sɛ mpanyimfo ne akwampaefo no yɛ adwuma a, ɛhyɛ wɔn nkuran pii. Mpanyimfo pii bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔne asafo no mu ɔkwampaefo biara bɛyɛ adwuma pɛnkoro afe biara. Saa kwan yi so no, mpanyimfo no tumi kamfo akwampaefo no wɔ nea wɔreyɛ no ho, na wɔboa wɔn ma wonya nkɔso pii. Ebia ebehia sɛ akwampaefo sakra wɔn bere nhyehyɛe na ama wɔakɔ asɛnka wɔ bere a wobenya mpanyimfo no ne wɔn akɔ no mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ akuw no wɔ asasesin a sɛ wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam afoforo awia anaasɛ anwummere na ama ɛne akwampaefo bere nhyehyɛe ahyia. Wobetumi ayɛ eyi titiriw wɔ asɛm a akwampaefo aboafo dɔɔso no mu—Yes. 40:11.
4 Asafo mu asomfo betumi aboa akwampaefo denam boa a wɔbɛboa wɔn wɔ ɔsom adwuma no mu, ne nnamyɛ a wɔde bedi asafo no mu nhyehyɛe ahorow ho dwuma no so. Anuawanom akwampaefo ani sɔ sɛ wobenya anuanom mmarima a wobedi anim ahyehyɛ asɛnka akuw. Wɔn a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so no betumi ahwɛ ahu sɛ wɔwɔ nea ɛdɔɔso wɔ hɔ. Nneɛma a ɛte sɛɛ ho dwumadi ma akwampaefo no tumi de wɔn adwene si wɔn som adwuma no so.
5 Obiara Betumi Aboa: Adawurubɔfo betumi de wɔn ho ama mpɛn pii na wɔne akwampaefo no ayɛ adwuma. Akwampaefo ani gye sɛ adawurubɔfo afoforo ne wɔn bɛkɔ asɛnka na wɔaboa wɔn. Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne akwampaefo no ayɛ adwuma pɛnkoro dapɛn biara anaasɛ mprenu ɔsram biara. Wubetumi ne akwampaefo no akyɛ honam fam nneɛma, na akwampaefo ani sɔ ayamye yi kɛse.—Fil. 4:14-19.
6 Mmusua betumi ayɛ pii de aboa emufo a wɔyɛ akwampae adwuma no. Mpɛn pii no, wobetumi asan ayɛ ofie nnwuma ho nhyehyɛe na ama abusua no muni biako anaa nea ɛboro saa anya kwan ayɛ ɔkwampaefo. Onuawa bi a ɔwɔ mma baasa yɛ adwuma nnanu dapɛn biara. Ne mmabarima boa no denam gua a wokodi ba ne fie hɔ nnwuma a wɔyɛ no so. Ne babea no boa no wɔ afisiesie ne aduannoa mu. Efi bere a ne babea no wiee sukuu no, ɔno nso afi akwampaefo adwuma ase, na ɔne ne maame akyɛ adwumayɛ nna no. Abusua no mu biakoyɛ a ɛte sɛɛ no ma pii yɛ akwampae adwuma no na ɛde nhyira horow brɛ abusua no.
7 Akwampaefo nsiyɛfo da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nhyira ma asafo no wɔ akwan pii so. Wɔn nnamyɛ ne wɔn nhwɛso no hyɛ pii nkuran ma wɔyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi de aboa wɔn. Mmɔden a wɔbom bɔ a ɛte sɛɛ no ma yɛn nyinaa nya anigye na ɛma woyi Yehowa ayɛ.