Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/92 kr. 8
  • Fa Ahomegye Bere Di Dwuma Ma Mfaso Mmra So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ahomegye Bere Di Dwuma Ma Mfaso Mmra So
  • Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1992
km 8/92 kr. 8

Fa Ahomegye Bere Di Dwuma Ma Mfaso Mmra So

1 Ahomegye ye, efisɛ ɛde nsakrae pa ba sɛnea yɛyɛ ade mu, wɔ honam fam ne adwenem. Ahomegye pa ma obi ani gye. Awerɛhosɛm ne sɛ ahomegye betumi asɛe ade, na wɔ eyi mu no, mfaso nni so.

2 Sɛ nhwɛso no, so karate, judo, ne agumadi afoforo a ɛtete saa a Kristoni besua na wayɛ eyinom sɛ anigyede no ne Yohane 13:35 ne Yesaia 2:4 hyia? Afei nso, sɛ Kristoni sɛe bere hwɛ agumadi a basabasayɛ wom te sɛ atentam ne akuturukubɔ wɔ video ne television so a, so ɛbɛsɔ Yehowa a ‘n’aniwa yɛ kronkron a ontumi nhwɛ bɔne’ no ani?—Hab. 1:13.

3 Nokwarem no, nea yɛde yɛn aniwa hwɛ, na yɛde hyɛ yɛn adwenem no betumi ama yɛayɛ adepa anaa adebɔne. (Mat. 5:28) Enti, ɛho hia yiye sɛ yɛma yɛn ahomegye yɛ nea eye a ɛne Filipifo 4:8 hyia. Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ yɛrentumi nka sɛ agumadi a basabasayɛ wom, te sɛ atentam, karate, ne akuturukubɔ ye, ma enti mfaso nni so sɛ Kristofo de wɔn ho bɛhyem anaa wɔbɛhwɛ. (Dw. 11:5; 97:10) Hwɛ The Watchtower February 15, 1983, wɔ “Brain Beatings” ase, na woanya ɛho nsɛm afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena