Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yɛde Bedi Dwuma
1 Wɔ mfe a atwam no mu no, ɛkame ayɛ sɛ yɛn nhoma ahorow no mu biara kaa Yesu Kristo asetra ne ne som adwuma ho asɛm ɔkwan bi so. Na saayɛ fata yiye, efisɛ “nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Aso. 4:12) Saa nhoma foforo yi da nsow, efisɛ ɛne bere a edi kan a yɛn nhoma ahorow no biako ka Yesu asetra nkutoo ho asɛm.
2 Afoforo a Yɛde Bɛma Wɔn: Nhoma yi mu nneɛma a ɛyɛ anigye a yebetumi aka ho asɛm akyerɛ no bi ne nea ɛwɔ he? Ti 5 bisa “Yesu Awo—Ɛhefa ne Bere Bɛn?” ho asɛm bi a ɛfata. Wubetumi de ti 44 a ɛne “Ɔma Ahum Bi a Ɛyɛ Hu Yɛ Komm” no mu kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye no akanyan abofra anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ ti 57 a ɛne sɛ “Ayamhyehye Ma Amanehunufo” no bɛma obi a ɔyare anaa wadi dɛm anya awerɛkyekye. Ɛsɛ sɛ ti 90 a ɛne sɛ “Owusɔre Anidaso No” kanyan obiara a wadi ne dɔfo bi a wahwere no ho awerɛhow pɛn no anigye. Wiase no mu ɔhaw tebea horow no ho nkɔmmɔbɔ betumi atwe adwene asi ti 111 a ɛne sɛ “Nna a Edi Akyiri no ho Sɛnkyerɛnne” no so.
3 Wubetumi aka asɛm yi wɔ afie mu: “Sɛ Kristofo no, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Bible no hyɛ yɛn sɛ yensuasua nhwɛso a wiase no mu onipa a ɔsen biara, Yesu Kristo, yɛe no. [Kenkan 1 Petro 2:21.] Ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnkonom, wonkura abrabɔ fam ahotew mu, na wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Yɛn nkwagye gyina Yesu a yebehu no na yɛatie no sɛ yɛn Agyenkwa no so. [Kenkan Yohane 14:6.] Ná Yesu nyɛ onipa bi kɛkɛ. Saa nhoma yi ka ne ho asɛm sɛ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn. Ti 59 si eyi so dua, na ɛfrɛ no sɛ ‘Kristo, Onyankopɔn teasefo no Ba.’ Esiane sɛ ne so na yebegyina anya nkwa nti, so wonte nka sɛ ehia sɛ yesua n’adwuma ne nea ɔkyerɛkyerɛe ho ade pii sɛnea yebetumi? Wɔayɛ nhoma yi ama saa atirimpɔw no titiriw, na m’ani begye ho sɛ mede biako yi bɛma wo.”
4 Ɛda adi sɛ wubenya nnipa komapafo pii a wobegye nhoma yi akenkan. Hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wode bi maa wɔn no nyinaa nkyɛn. Wɔ tebea horow bi mu no, wubetumi asi gyinae sɛ wode nhoma foforo yi befi ofie Bible adesua ase. Eye ma abusua adesua ne adesua a wɔne mmofra yɛ titiriw. Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn a wode bɛma afoforo no betumi aboa wɔn ma wɔahu daa nkwa kwan no.