Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/92 kr. 1
  • Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yɛde Bedi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Kanyan Afoforo ma Wonnyen Wɔn Ani Nhwɛ Yesu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nhoma Foforo Ma Ɔpepem Pii Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 8/92 kr. 1

Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn

1 Bere a yɛn nsa kaa nhoma foforo yi no, n’asɛmti a ɛne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no maa yɛn ho dwiriw yɛn. Sɛ wɔbɛka onipa biako pɛ ho asɛm sɛ nea ɔsen biara no bɛkyerɛ sɛ ɔkorɔn kyɛn nnipa ɔpepepem pii a wɔatra asase yi so pɛn no nyinaa. Wɔkyerɛ “ɔsen” ase sɛ nea “ne suban anaa ne su ye kyɛn so.” Onipa a saa din no fata no no bɛyɛ otitiriw ampa!

2 Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, no na saa din no fata no yiye. Nea otumi yɛe wɔ asase so no mfa ahonyade, honam fam nneɛma a otumi yɛe a wɔde bɛkae no, anaasɛ amammui nniso ho hwee. Na ofi abusua a ɛba fam mu, na wɔante n’asetra mu fã kɛse no ara ho nsɛm pii. Nanso, odii mfe 30 no, ofii ase maa Palestina asase no sofo nyinaa tee ne ho asɛm denam nea ɔkae na ɔyɛe so. Ɔdaa Yehowa Nyankopɔn su ne n’atirimpɔw ahorow adi wɔ ɔkwan a onipa nhuu pɛn da so. Otumi yɛɛ asɛnka adwuma a ɛsen biara a onipa biako ayɛ pɛn, ɔyɛɛ anwonwade soronko ahorow, na ɔtoo wiase foforo abusua bi nhyɛase.

3 Hia a Nhoma Yi ho Hia: Paulo hyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnhwɛ Yesu dinn’ sɛ yɛn nhwɛsofo. (Heb. 12:2) Efi 1985 besi 1991 no, Asafo ti no tintim Yesu asetra ne ne som adwuma ho asɛm a ɛtoatoa so 149 wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Nsɛm yi maa yɛn nyinaa huu nea Yesu kae ne nea ɔyɛ maa yɛn no yiye. Esii sɛnea ehia sɛ yesuasua ne nhwɛso no so dua. Wɔaka nsɛm yi nyinaa abom ayɛ no nhoma ama yɛn. Adwinnade fɛfɛ a yɛde bɛboa afoforo ma wɔahwɛ Yesu dinn, ma wɔabɛyɛ nea Yehowa de no asi “panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ” so nkoa bɛn ara ni!—Efe. 1:21.

4 Emu Nneɛma Atitiriw: Sɛ wode nhoma no rema a, wubetumi abisa sɛ: “Dɛn na ɛmaa Yesu yɛɛ wiase no mu onipa a ɔsen biara?” Wubetumi atwe adwene asi atiri 133 no mu kakra a ɛde adwene si n’asetra, ne ne nipasu, ne nkyerɛkyerɛ ne ne nnwuma so no so de abua. Ti 24 kyerɛkyerɛ atirimpɔw nti a ɔbaa asase so no mu. Ti 35 hwehwɛ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu. Ti 43 si sɛnea Yesu tumi nam mfatoho ahorow so kyerɛɛ afoforo ade a ɛyɛ nwonwa no so dua. Ti 133 de nhyira horow a adesamma benya bere a owie n’adwuma ho mfonini ma. Wubetumi ahu sɛ ɛboa sɛ wode ti biara awiei nsemmisa no bɛkanyan nkɔmmɔbɔ; emu kyerɛw nsɛm no kyerɛ faako a wubetumi ahu kyerɛwtohɔ no wɔ Bible no mu. Wubetumi akyerɛ mfatoho a ɛyɛ nwonwa a ɛda tumi a Yesu nipasu wɔ, sɛnea ayamhyehye a ɔwɔ ma afoforo no mu dɔ te, ne nnamyɛ a ɔde kaa asɛm a wammrɛ no adi.—Hwɛ atiri 44, 95, 117, ne 123.

5 Yɛde nhoma foforo yi bɛma wɔ August mu. Emu nneɛma a ɛda nsow no ma yenya ntease pa a yebegyina so de anigye kɛse akamfo akyerɛ afoforo na yɛde ama wɔn. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ daa nkwa no nya Yesu Kristo ho nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Nnamyɛ a yɛde bɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nhoma yi bɛmema no betumi ama onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no anya komapafo pii asetra so nkɛntɛnso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena