Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/93 kr. 1
  • Kanyan Afoforo ma Wonnyen Wɔn Ani Nhwɛ Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kanyan Afoforo ma Wonnyen Wɔn Ani Nhwɛ Yesu
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Boa Afoforo ma Wonsua Onipa a Ɔsen Biara no ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ka Yesu Kristo Ho Nokware Nimdeɛ Kyerɛ Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 1/93 kr. 1

Kanyan Afoforo ma Wonnyen Wɔn Ani Nhwɛ Yesu

1 Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn yɛ nhoma bi a ɛda nsow. N’atiri 133 no betumi akanyan akenkanfo ma wɔagyen wɔn ani ahwɛ Yesu, na aka wɔn ma wɔasuasua ne nhwɛso. Wɔaka no yiye sɛ sɛ wɔka ahemfo a wɔadi tumi pɛn nyinaa bom a, wonnyaa onipa asetra so nkɛntɛnso kɛse wɔ asase yi so te sɛ Yesu. Ɛda adi sɛ wɔn a wogyen wɔn ani hwɛ Yesu no benya so mfaso.

2 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no n’Agya ho ade, na ɔyɛɛ Onyankopɔn su horow a ɛsom bo no ho nhwɛso. Sɛ yesusuw tumi a ɛkyɛn so a na Yesu wɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, n’akanni a akokoduru wom, ne n’ayamhyehye ho a, ɛka yɛn koma. Sɛ yɛkae n’amanehunu ahorow bere a ɔde ne nkwa mae de gyee yɛn no a, ɛma yɛkyerɛ anisɔ! Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no betumi aboa nkurɔfo ma wɔahu Yesu saa.

3 Siesie Wo Ho Fefeefe: Siesie wo ho yiye sɛ wubedi kan afi Bible mu nkɔmmɔbɔ a ɛbɛkanyan afoforo ma wɔagyen wɔn ani ahwɛ Yesu ase. Mmusua ahorow ne afoforo betumi abom asuasua saayɛ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan nkurɔfo anigye ma wɔakenkan Onipa a Ɔsen Biara nhoma no. Ebia ebegye nkɔmmɔ a wo ne obi bɛbɔ no mpɛn pii na wode ahyɛ no nkuran ma wagye nhoma no bi. Sɛ anigye a ɔwɔ mfiase no sua a, yebetumi ama no kratawa.

4 Yɛn nkɔmmɔbɔ wɔ afie afie wɔ January mu no bɛfa Yesu ho na ɛbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔahu no yiye. Sɛ yɛde Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu nsɛm di dwuma a, yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔahu Yesu sɛ Onyankopɔn Ba a ɔredi ade sɛ Ɔhene wɔ nniso a ebedi adesamma ɔhaw ahorow nyinaa ho dwuma so, na ɛnyɛ abakɔsɛm mu nipa bi kɛkɛ.

5 Sɛnea wosii so dua wɔ ɔsram a etwaam no Yɛn Ahenni Som mu no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ nkurɔfo pii nkuran ma wogye yɛn nhoma ahorow no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ obi ani gye ho ampa? Sɛ onipa no tie asɛm no yiye, obisa nsɛm, anaa ɔyɛ komm tie nea yɛkenkan wɔ Bible no mu a, eyi betumi akyerɛ sɛ ɔwɔ nokware anigye. Ɛtɔ mmere bi a, ofiewura no da anisɔ adi wɔ yɛn nsrahwɛ ahorow no ho, anaa ɔka sɛ n’ani agye yɛn nhoma no kenkan ho. Sɛ yɛde nhoma no kyerɛ no, na ɔhwehwɛ mu ntɛm ara anaa obisa ɔkwan a ɔbɛfa so atumi anya bi a, eyi kyerɛ sɛ ɔwɔ nokware anigye. Sɛ yɛanhu anigye a ɛte sɛɛ a, yebetumi ama no kratawa, abisa asɛm bi a yebesusuw ho akyiri yi, na yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan abɛsra no. Sɛ yɛsan kɔ hɔ a, ebia yebetumi ahu sɛnea n’anigye no te yiye.

6 Obi a ɛnyɛ bere nyinaa na n’ani gye akenkan ho no kyerɛɛ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ho anisɔ, na ɔkae sɛ ɛmaa akenkan yɛɛ ade a ɔde gye n’ani anwummere. Momma yɛmmoa afoforo mma wɔnte nka saa ara, mmɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛkanyan wɔn ma wɔagyen wɔn ani ahwɛ Yesu denam nokware anigye a wɔde bɛkenkan Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena