Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/92 kr. 8
  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 8/92 kr. 8

Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho

1 Bere bi atwam—ebia da koro anaa nnanu, ebia dapɛn biako—ni a wokasa kyerɛɛ obi a ɔkyerɛɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye. Sɛ ebia ogyee Bible nhoma anaa wannye no, ehia sɛ wudi anigye no ho dwuma ntɛm ara.

2 San hwɛ nsɛm a wode boasetɔ kyerɛwee wɔ wo nsrahwɛ a edi kan akyi no mu. Afei, sɛ wofa w’adansedi bag a, hwɛ hu sɛ woafa nhoma a wode mae no biako ahyem na ama woatumi atwe adwene asi so wɔ sankɔhwɛ mu.

Sɛ wode “Hwɛ!” brochure no na ɛmae a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Ɛyɛ me anigye sɛ mabehu wo bio. Bere a etwa to a yɛkasae no, mede brochure yi anim kyerɛɛ wo, na yɛkenkan kyerɛwsɛm bi fii Bible no mu de kyerɛe sɛ Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛma obiara anya ofie ne adwuma. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ nso sɛ ɔbɛma nyarewa, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ne owu agyae. So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye saa asɛm no adi? [Ma ofiewura no mmua.] Hyɛ brochure a migyaw maa wo no nkyekyem 4 no mu asɛm yi nsow.” Kenkan nkyekyem no, na munsusuw kratafa no ase hɔ kyerɛw nsɛm no biako anaa abien ho. Worefi Bible adesua ase nen!

3 Sɛ worebɔ kwan na ama woakɔsra no akyiri yi a, wubetumi de nkɔmmɔbɔ no aba awiei denam eyi a wobɛka no so:

◼ “Nokwarem no, biribiara a yɛasusuw ho no wɔ Bible no mu, nanso nnipa pii ntumi nhu sɛ nea Bible no ka no yɛ ampa. Da a mɛba no, mɛpɛ sɛ migye simma kakra na me ne wo susuw asɛm yi ho.” Sɛ wosan kɔ sɛ worekodi anigye no ho dwuma a, fi nkɔmmɔbɔ no ase fi brochure no nkyekyem 5 no mu asɛmti ketewa a ɛne “Nhoma a Ɛkyerɛkyerɛ Paradise Mu” no so.

4 Wɔ Nsasesin a Wɔma Nhoma Kakraa Bi Wom Mu: Wubetumi de asɛm a yɛka kyerɛ koro no ara adi dwuma bere a wokɔ nnipa a wɔdaa anigye bi adi, nanso wɔannye nhoma nkyɛn no. Wubetumi atwe wɔn adwene asi brochure a wode mae wɔ nkɔmmɔ a mudii kan bɔe no mu no so. Ebia ebehia sɛ wokɔ ofiewura no nkyɛn mpɛn pii, na wode wo Bible ne w’ankasa brochure no di dwuma kosi sɛ obegye brochure no bi. Sɛ wode July 1 anaa July 15 Ɔwɛn-Aban no bi na ɛmae a, twe adwene si “Hwɛ!” no mu nsɛmti a ɛne no sɛ so bere a woresan akodi anigye no ho dwuma no.

5 Wubetumi de Reasoning nhoma no nkratafa 154-6 mu nsɛm asiesie wo ho akɔyɛ sankɔhwɛ fɛfɛ ma akowie Bible adesua wɔ Nniso brochure no mu. Anaasɛ wubetumi de asɛm yi a wubebisa no afi Bible adesua ase: “So wunim sɛ Bible no kura anidaso abien? Biako ne sɛ yɛbɛtra ase wɔ asase so. Brochure yi kyerɛkyerɛ sɛnea ebetumi aba no mu.” Afei bue brochure no kratafa 15, na kenkan emu kyerɛw nsɛm abiɛsa a wɔabobɔ din no.

6 Sɛ wode nsɛmma nhoma abien, nhoma, anaa brochure bi ama, anaa wo ne obi abɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye kɛkɛ a, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wubedi anigye no ho dwuma. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ munyi bere bi nsi hɔ wɔ August mu mfa nnya nkwagye adwuma yi mu kyɛfa.—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena