Afie Afie Adwuma a Yɛbɛyɛ no Ɔkwan a Etu Mpɔn So
1 Mfeha dunkron ne akyi ni, Yesu Kristo, Kristosom Hyehyɛfo no kae sɛ: “Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Yehowa Adansefo ɔpepem 4.2 ne akyi reka asɛmpa no wɔ nsase 211 so wɔ wiase nyinaa ma saa nkɔmhyɛ nsɛm no abam.
2 Sɛ wunim sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 15 na wɔte ɔman yi mu, ne sɛ nnipa 139,351 na wɔbaa Nkaedi a yɛyɛe wɔ April a etwaam no ase a, ɛnde na asɛm no kyerɛ pefee sɛ ɔman yi mu Ahenni adawurubɔfo 36,000 no wɔ pii yɛ wɔ otwa adwuma no fã a etwa to yi mu. Nea ɛka eyi ho ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsa a wɔde too yɛn dwumadi so bɛyɛ mfe abien ne fã no akanyan ɔman yi mu Yehowa Adansefo dwumadi ahorow ho anigye kɛse. Afei nso, susuw sɛnea nnipadɔm a wɔrewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ nyamesom pii a wɔn nkyerɛkyerɛ nhyia mu, a ɛma afie afie som adwuma no gye ntɛmpɛ da adi no ho.—Aso. 17:27; Yona 4:11.
3 Nea Ebinom Reyɛ: Asafo ahorow bi asan yɛ afie afie adansedi titiriw bi pɛnkoro anaa mprenu ɔsram biara. Wodi kan bɔ asafo no amanneɛ bere tenten, na wɔhyɛ obiara nkuran sɛ onnya mu kyɛfa nnam so. Ebinom nso yɛ saa wɔ wɔn Nhoma Adesua kuw no mu. Eyi fata nkamfo yiye.—Mat. 10:11-13; Aso. 20:20, 26.
4 Sɛnea Yebetu Mpɔn: Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 ne afã afoforo de nsɛm a yebetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu wɔ ɔsram no mu no ma yɛn. So wode boasetɔ sua nsɛm a yɛka kyerɛ yi yiye, na wusuasua sɛnea wobɛka eyinom akyerɛ ma ɛdan yɛ w’ankasa nsɛm? Bio nso, Reasoning From the Scriptures nhoma no, anaa Bible Mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ nhomawa no, anaasɛ New World Translation Bible no akyi Bible Mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ no nyinaa de nsɛmti ahorow pii a ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu no ma.
5 Wɔhyɛ Nhoma Adesua so ahwɛfo nkuran sɛ wɔntwe kuw no adwene nsi nnianim nsɛm a ɛfata asasesin no, a wobetumi ahu wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9 kosi 15, ne nkratafa 15 kosi 24 no mu nsɛm a ɛfata a ɛfa nsɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ ano ho no so. Ɛho hia sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ nhwɛso pa. Ɛnnɔɔso sɛ wobɛhyɛ asafo no nkuran sɛ wɔnkɔyɛ afie afie som adwuma no, bere a wɔn ankasa nni hɔ a wobedi anim atete afoforo no.
6 Ɛnsɛ sɛ mo werɛ fi mmofra no, efisɛ ɛnyɛ den sɛ mobɛkyerɛ wɔn nsɛm a wɔka kyerɛ a kyerɛwsɛm biako wom, sɛnea wɔma nkratawa ne nsɛmma nhoma, ne ade. (Mat. 21:16) Wɔkamfo kyerɛ sɛ abusua no mufo nyinaa nsuasua saayɛ. Nea wɔkamfo kyerɛ nso ne Afie Afie Kyerɛwtohɔ kratasin no anaa nhoma ketewaa bi a wɔbɛkyerɛw anigyefo ne ofie a wɔanto nnipa wom ho asɛm wom.
7 Bere a wɔde nsa too yɛn dwumadi so no, yɛn afie afie ɔsom adwuma no kɔɔ fam. Seesei a wɔayi nsa afi yɛn dwumadi so yi, so w’ankasa woredi mmɔdenbɔ a egye sɛ wobɛyɛ afie afie som adwuma no ho dwuma? Ɛmmra sɛ wobɛma ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn ne wo yɔnko no akanyan wo ma woayɛ saa.—Mat. 10:27; Adi. 22:17.