Mmɔdenbɔ a Egye sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Ahorow
1 Sɛ asɛmpa no ho asomfo no, wɔama yɛn ahyɛde sɛ yɛnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Sankɔhwɛ ahorow a yɛbɛyɛ ka eyi ho. So wukura yɛn Kristofo som adwuma no fã a ɛho hia yi ho adwempa? Yɛn ho a yɛbɛma akokwaw wɔ sankɔhwɛ ahorow yɛ mu no betumi agye mmɔdenbɔ a ɛkanyan anigye.—Mmeb. 22:29.
2 Ɛsɛ sɛ Kristoni biara a wahyira ne ho so te nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔyɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Ebia eyi behia sɛ yɛde ahotɔ bi a yenya no to nkyɛn, na ama yɛaka Ahenni anidaso no ho asɛm akyerɛ afoforo. Sankɔhwɛ ahorow ma yenya hokwan boa nnipa komapafo ma wodi wɔn honhom mu ahiade ahorow ho dwuma.
3 San Kɔ Anigyefo Nyinaa Nkyɛn: Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye no nyinaa nkyɛn, ɛwom sɛ ebia wɔrennye yɛn nhoma ahorow no bi de. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔda anigye adi denam ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔne yɛn bɛbɔ Bible mu nsɛmti ho nkɔmmɔ no so. Yesu ne asomafo no kyerɛɛ sɛnea yebetumi akanyan Ahenni nkrasɛm no ho anigye denam nkurɔfo a yɛne wɔn bɛbɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm pɔtee ho nkɔmmɔ no so.—Marko 10:21; Aso. 2:37-41.
4 Ɛsɛ sɛ atirimpɔw a yɛde san kɔ wɔn nkyɛn no ne sɛ yɛrekofi Bible adesua ase. Ebia yebetumi akyerɛ ofiewura no sɛnea yɛyɛ ofie Bible adesua. Wubetumi agye adi sɛ Yehowa bebua mpae a wobɔ de bisa mmoa na woanya onipa komapafo bi akyerɛkyerɛ no no. Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ kɛse wɔ ne som mu no so. Dɛn nti na wonhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa, na womfa nyɛ wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase?
5 Fa Nkratawa Di Dwuma Yiye: Yebetumi de nkratawa adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de afi Bible adesua ahorow ase. Yɛn mu pii nam nhoma no anim mfonini ho asɛm a wɔka kɛkɛ no so atumi afi nkɔmmɔbɔ ase. Wo ne ofiewura no nkenkan nkyekyem no mmiako mmiako. Sɛ ofiewura no bisa asɛm bi a, gyina na ka kyerɛ ofiewura no sɛ n’ankasa nkyerɛ n’adwene wɔ ho. Monkenkan kyerɛw nsɛm no, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Afei wubetumi adan nkɔmmɔbɔ no akɔ nhoma a mubetumi de ayɛ adesua no so.
6 Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma: Wubetumi de Reasoning nhoma no ayɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn. Emu nsɛmti atitiriw a wɔahyehyɛ no anaa nsɛmti a wɔahyehyɛ no mu a wobɛhwɛ betumi aboa wo ma woapaw asɛm a ɛfata a mubesusuw ho, bere a woresan akɔ wɔn a wo ne wɔn abɔ nkɔmmɔ dedaw hɔ no. Ɔfã a ɛne “Scriptures Often Misapplied” ho betumi aba mfaso, bere a woredi anoyi ahorow a ebia wɔde bɛma ho dwuma no. Akwampaefo bɔ amanneɛ sɛ wɔnam nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 204 wɔ “How do Jehovah’s Witnesses arrive at their explanation of the Bible?” ase no so atumi afi Bible adesua ase. Wɔkyerɛ ofiewura no sɛnea yɛma Bible no ankasa kyerɛkyerɛ nsɛm mu. Eyi boa yiye, na ama wɔafi Bible adesua pii ase.
7 Te sɛ Yesu ne asomafo no, ehia sɛ yɛkyerɛ Yehowa nguan ho nokware anigye. (Luka 9:11) Ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa bɛboa yɛn ma yɛde Ahenni ho nokware ahorow no akɔma wɔn. (2 Kor. 2:17) Bere a yɛde yɛn adwene si yɛn ho a yɛde bɛma ma afoforo adi yiye wɔ honhom mu so kɛse no, yetumi di mmɔdenbɔ a egye sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ahorow no ho dwuma.