Ɔsom Nhyiam Ma September
Dapɛn a Efi Ase August 31
Dwom 72
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Afie Afie Adwuma a Yɛbɛyɛ no Ɔkwan a Etu Mpɔn So.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ September mu ho nkuran. Ka sɛ wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma no taa yɛ adwuma a ɛkɔ anim wɔ ɔsram a edi hɔ no mu.
15 min: Fa Wo Mma Kɔ Sukuu a Onyankopɔn Nsusuwii wɔ Wɔn Komam. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Yɛte wiase a awe ahinan so sɛ ɛbɛbɔ mmɔden ma yɛayɛ ne fã mu. Yɛn mmofra titiriw na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛma wɔayɛ ne fã. Ehia sɛ awofo hu wɔn ahiade ne wɔn haw ahorow. (Mmeb. 20:5) Ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn mmara ne ne dɔ, ne awofo dɔ kyerɛkyerɛ mmofra no. Ɔyɛkyerɛ. Abusua bɔ sɛnea wɔde Sukuu brochure no bedi dwuma ho nkɔmmɔ. Abofra biako rekɔ sukuu nea edi kan, nanso afoforo baanu afi sukuu ase dedaw mfe kakra ni. Paw asɛm bi a mubetumi de adi wɔn mu biara nsɛm tebea ho dwuma. Ma mmofra no mfa wɔn ankasa nsɛm nna wɔn adwene adi nkyerɛ ɔwofo a wayɛ ne ho sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Hwɛ hu sɛ mmofra no te emu nnyinasosɛm no ase. Onua a odi ɔfã yi ho dwuma no hyɛ abusua Bible adesua ho nkuran, na osi sɛnea ehia sɛ awofo ne wɔn mma nya abusuabɔ a emu yɛ den so dua.
10 min: “Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu.” Momfa bere tiaa mmɔ nkyekyem abien a edi kan no mu nsɛm ho nkɔmmɔbɔ. Afei fa ɔkwan tẽẽ a wɔfa so yɛ Bible adesua yɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 7
Dwom 162
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi de akyerɛ ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.
20 min: “Nnianim Nsɛm a Yɛde Bɛkanyan Anigye.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Yɛ nsɛm a wɔaka wɔ nkyekyem 4 ne 5 ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Lototwa Ne Kyerɛwnsɛm Nhyia. Ɔkasa a egyina October 8, 1991, Nyan! nkratafa 3-9 mu asɛm a ɛne “Loto Ho Anigye—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?” ho nsɛm a ɛtoatoa so so. Ma Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso nti a yentwa loto no nna adi.
Dwom 155 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 14
Dwom 133
10 min: Asafo mu nkaebɔ, a sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Kamfo asafo no wɔ sika a wɔde boa mo asafo no ne Asafo ti wiase nyinaa adwuma no ho.
20 min: Anigye a Yɛbɛkanyan wɔ Sankɔhwɛ Mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Nnipa pii hu sɛ ɛyɛ anigye sɛ wɔne nkurɔfo bɛkasa na wɔama wɔn nhoma. (omTW nkr. 87-8) Yɛn asɛyɛde no bi ne sɛ yɛbɛkanyan anigye wɔ wɔn a yɛne wɔn kasa no komam. Yɛ sɛnea wobetumi de kratawa akanyan anigye wɔ sankɔhwɛ mu wɔ baabi a wamma nhoma biara mfiase no ho ɔyɛkyerɛ. Si asɛm biako anaa abien pɛ so dua. Yɛ sɛnea wobetumi de Reasoning nhoma mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no mu nsɛm nso adi dwuma ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Si nhoma no mu nsɛm ntiantiaa a ɛyɛ tẽẽ a wobetumi de akanyan Bible no ho anigye so dua. Kyerɛ sɛnea wobetumi ayɛ sankɔhwɛ afoforo ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Babilon Kɛse No.” Reasoning nhoma no nkratafa 49-53 ho nkɔmmɔbɔ. Ɔyɛkyerɛ: Ɔdawurubɔfo ne ne Bible suani bɔ ne nkɔso ho nkɔmmɔ. Osi sɛnea ehia sɛ ɔma Yehowa bu no sɛ ɔyɛ kronkron, na ɔfata Ne mmoa ne ne nhyira so dua. (1 Pet. 1:15, 16) Osi sɛnea ehia sɛ oguan fi Babilon mu, na ɔne Yehowa ahyehyɛde kronkron no bɔ fekuw so dua. Nea odi ɔfã yi ho dwuma hyɛ anuanom nkuran sɛ wɔmfa nhoma ahorow nkyerɛ asuafo kwan mmra ahyehyɛde no mu, na wɔmfa mmoa a mpanyimfo no de ma no nni dwuma de wie.
Dwom 129 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 21
Dwom 113
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. “Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nsɛmma Nhoma ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma ahorow a wɔkenkan daa so mfaso horow so dua. Sɛ mommfa kasa abiɛsa no mu biara mu nsɛmma nhoma a wɔabɔ din wɔ ha no nnyɛ mo asafo nhyiam horow a, sakra nkyekyem no mu bi mu sɛnea ehia. Afei nso, hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.
20 min: “Mmɔdenbɔ a Egye sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Ahorow.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ mususuw nkyekyem 5 ne 6 ho wie a, yɛ ɔyɛkyerɛ abien. (1) Kyerɛ sɛnea wobetumi de kratawa afi Bible adesua ase. (2) Paw Reasoning nhoma no mu asɛmti bi, na kyerɛ sɛnea wobetumi de abua asemmisa bi wɔ sankɔhwɛ mu. Si sɛnea wɔyɛ no a wobesua no so dua. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn.
10 min: April 15, 1992 Ɔwɛn-Aban mu asɛm, “So Wokae?” ho nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nsɛmma nhoma akenkan ho nhyehyɛe pa. Fa nyansahyɛ ahorow a wotumi de di dwuma ma.
Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 28
Dwom 30
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: So Worenya Honhom Mu Nkɔso? Ɔpanyin di ho dwuma. So Asafo no mufo duu botae horow pɔtee bi ho wɔ ɔsom afe a etwaam no mu? Sɛ ɛnte saa, dɛn ntia? Fa botae horow a wobetumi de asi wɔn anim ho nyansahyɛ ahorow ma. Nkɔso ho hia na abɔ yɛn honhom mu yiyedi ho ban. (Fil. 3:16) Wɔ abusua adesua mu no, abusua bi yɛ ɔyɛkyerɛ de hwehwɛ wɔn ankasa ɔsom adwuma mu de hu faako a wobetumi anya honhom mu nkɔso akodu.
10 min: “Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa.” Ɔkasa a egyina Galatifo 6:5 so, a woyi asɛm no fi March 1976 ne June 1989 Yɛn Ahenni Som mu. Asafo ti no rentumi mfa ne nneɛma mu address ahorow mma ankorankoro a wɔn ani gye adwuma ho nkitahodi ho. Ɛsɛ sɛ ankorankoro ankasa di nsɛm a ɛte saa no ho dwuma. Saa ara nso na Asafo ti no rentumi nyɛ ɔkwan a obi benya wɔ sukuu mu ne dabere ho nhyehyɛe. Amansin ne amantam nhyiam horow mu nkutoo na obetumi ahwehwɛ dabere ama obi. Nanso, obi betumi akyerɛw Asafo ti no abisa bere a wɔde kɔ nhyiam ne faako a Ahenni Asa wɔ wɔ baabi a ɔretu kwan akɔ no ho nsɛm.
15 min: Fa Creation nhoma no di dwuma wɔ October mu. Ɔkasa a ɔyɛkyerɛ ka ho. Munsusuw nsɛm a wɔbɛka ne mfonini ahorow a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde Creation nhoma no rema no ho. Wobetumi de Reasoning nhoma no mu nsɛm a ɛwɔ asɛmti “Creation” ase no adi dwuma wɔ baabi a ɛbɛyɛ yiye. Ebia atiri 16 ne 19 mu nsɛm a ɛfa “Why God Permit Suffering?” ne “An Earthly Paradise Soon to Come” ho no bɛkanyan ofiewura no anigye. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa Mmebusɛm 2:21, 22 ne kratafa 197 mfonini, a esi so dua sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw nti a ɔbɔɔ asase no abam no nyɛ nhoma a yɛde rema no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 109 ne mpaebɔ a wɔde wie.