Nnianim Nsɛm a Yɛde Bɛkanyan Anigye
1 Ná Yesu ho akokwaw yiye wɔ nnianim nsɛm a ɔde dii dwuma no mu. Sɛ Yesu rekasa akyerɛ nnipakuw kɛse anaa onipa biako a, ɔnam asɛm no a ɔma ɛfa n’atiefo ho no so kanyan wɔn anigye. Ɔdaa n’asɛm no mu mfaso adi kyerɛɛ n’atiefo.—Mat. 5:3-12; Yoh. 4:7-30.
2 Ahosiesie a Yebedi Kan Ayɛ Ho Hia: Nea ɛbɛyɛ na yɛakanyan yɛn nkrasɛm no ho anigye no, ehia sɛ yesiesie yɛn nnianim nsɛm ma ɛfa onipa no ne n’ahiasɛm ho, na ɛkyerɛ sɛ Ahenni nkrasɛm no bɛboa ɔno ankasa.
3 Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ ɔsom adwuma no a, susuw mo mpɔtam hɔ nnipa no mprempren ahiasɛm ahorow ho. So nnansa yi atesɛm bi akanyan obiara adwene? Dɛn na abofra ani begye ho? Dɛn na ɔpanyin ani begye ho? Dɛn na okununom, ɔyerenom, anaa awofonom ani begye ho? Sɛ anka wode nnianim asɛm koro no ara bedi dwuma wɔ ofie biara mu no, ɛtaa tu mpɔn kɛse mmom sɛ wubesiesie nnianim nsɛm pii a egu ahorow, na woayɛ krado sɛ wobɛsakra mu bere a wɔhwɛ afiewuranom nneyɛe wɔ ho no. Adawurubɔfo binom atumi asiesie Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm ahorow de adi dwuma yiye, bere biara a wɔyɛ afie afie som adwuma no. (rs nkr. 9-15) Eyi ma wɔn nnianim nsɛm yɛ dɛ, na ɛyɛ anigye.
4 Wɔ September mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm te sɛ nea edi so yi di dwuma:
◼ “Mema wo akye. Yɛne yɛn mpɔtam hafo mu binom rebɔ su horow a wɔbɛpɛ sɛ wohu wɔ obi a odi afoforo so tumi ho no ho nkɔmmɔ. Mepɛ sɛ mibisa wo sɛ su biako anaa abien bɛn na wususuw sɛ ɛho hia sen biara? [Ma ommua. Tie n’asɛm no. Sɛ ɛfata a, gye tom. Nka amammui mu nsɛm anaasɛ “party politics” ho asɛm, na ama ofiewura no ahu aba a ɛwɔ yɛn nkrasɛm no mu no pefee.] So wunim sɛ Bible no ka nea ɛma Onii a wɔagye no atom sɛ adesamma sodifo no fata ho asɛm? Ɛwɔ Yesaia 9:6, 7. [Kenkan]. Wususuw sɛ asetra wɔ sodifo a ɔte sɛɛ ase bɛyɛ dɛn?” Ma ommua, na afei twe n’adwene si Dwom 146:3, 4, ne Reasoning nhoma no nkratafa 153-4 mu nsɛm a ɛfa Yesu nniso a wɔasi so dua sɛ ɛyɛ papa ho no so. Anaasɛ wubetumi de Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 112 ne 113 adi dwuma.
5 Sɛ wo ne ankorankoro a wɔn ani gye mmusua ho rekasa a, ebia asɛm a edi so yi bedi aboa yiye, bere a wode Tra Ase Daa nhoma no redi dwuma no.
Sɛ wukyia wie a, wubetumi aka sɛ:
◼ “So woahu sɛ da biara ahokyere ne ɔhaw ahorow yɛ asɛnnenen ankasa ma mmusua nnɛ? [Ma ommua.] So wowɔ faako a mmusua betumi akogye afotu pa ho adwene bi? [Ma ommua.] Yɛretwe adwene asi nea Bible no ka wɔ asɛm yi ho no so. Hyɛ nea aware Hyehyɛfo no ka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no nsow.” Kenkan Genesis 1:28, na afei bue Tra Ase Daa nhoma no kratafa 238, na fa nsɛm a woapaw afi ti 29 toa nkɔmmɔbɔ no so.
6 Bere a yesuasua akwan a Yesu faa so kanyan atiefo anigye no, yɛma nnipa komapafo hu mfaso a ɛwɔ honhom fam nneɛma so.