Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bɛma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So
1 Ná Yesu ho akokwaw wɔ nnianim nsɛm a ɔde dii dwuma mu. Ná onim nea ɔbɛka ma akanyan anigye. Bere bi ɔnam nsu a ɔbɛnom kɛkɛ a ɔsrɛɛ Samariani bea bi so ne no fii nkɔmmɔbɔ ase. Eyi twee n’adwene ntɛm ara efisɛ na ‘Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.’ Awiei koraa no, nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so no boaa ɔbea no ne afoforo pii ma wɔbɛyɛɛ gyidifo. (Yoh. 4:7-9, 41) Yebetumi asua biribi afi ne nhwɛso no mu.
2 Sɛ woresiesie wo ho de Tra Ase Daa nhoma no akɔma a, bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma bɛn na ɛho hia nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin yi mu ankasa? Nsɛm bɛn na aberante anaa ababaa, ɔpanyin, okunu, anaa ɔyere ani begye ho?’ Wubetumi asiesie nnianim nsɛm a ɛdɔɔso na woayɛ nhyehyɛe de nea wohwɛ a ɛbɛfata tebea no kɛse adi dwuma.
3 Esiane sɛ abusua asetra a asɛe haw nnipa pii nti, wubetumi aka sɛ:
◼ “Da biara da asetram nsɛnnennen de ɔhaw kɛse aba mmusua mu nnɛ. Ɛhe na wobetumi anya mmoa? [Twɛn ma ommua.] Bible no betumi aboa yɛn ankasa. [Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.] Kyerɛwnsɛm no de akwankyerɛ ahorow a mfaso wɔ so a ebetumi aboa ma mmusua agyina ma yɛn. Hyɛ asɛm a wɔaka wɔ nhoma yi, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So kratafa 238, nkyekyem 3 no nsow.” Kenkan nkyekyem 3 no, na fa ma.
4 Sɛ wode nsɛm bi a asisi wɔ hɔnom na ɛredi dwuma a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wotee amanneɛbɔ a ɛfa [ka asɛm bi a asi a ɛfa ɛhɔfo ho]? Wudwenee ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ɛma wubisa sɛ, Dɛn koraa na ɛreba wiase yi? Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ nneɛma a ɛtete saa bedi adanse sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu.” Afei munsusuw nsɛm a ɛwɔ Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 150-3 ho.
5 Nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim no haw nnipa pii. Wubetumi de nnianim asɛm a edi kan wɔ asɛmti “Crime/Safety” a ɛwɔ “Reasoning” nhoma no kratafa 10 ase hɔ no adi dwuma:
◼ “Yɛne nkurɔfo rebɔ sɛnea obiara bɛbɔ ne ho ban ho nkɔmmɔ. Nsɛmmɔnedi pii atwa yɛn ho ahyia, na ɛka yɛn asetra. Wususuw sɛ dɛn na nnipa te sɛ me ne wo betumi ayɛ na yɛate nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ wɔ mmɔnten so anadwo?” Wubetumi akenkan Dwom 37:10, 11 na woatwe adwene asi nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no so denam Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 156-8 so.
6 Sɛ wopɛ sɛ wofa ɔkwan a ɛnyɛ den so a, wubetumi de nnianim asɛm a ɛte sɛ nea ɛwɔ “Reasoning” nhoma no kratafa 12 atifi hɔ no adi dwuma:
◼ “Yɛrehyɛ yɛn afipamfo nkuran ma wɔasusuw daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso a Bible no ka sɛ ɛwɔ hɔ ma yɛn no ho. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] W’ani nnye eyi ho? [Twɛn ma ommua.] Nhoma yi ti 19 ka nhyira afoforo a adesamma asoɔmmerɛfo benya wɔ Onyankopɔn Ahenni mu ho asɛm.” Afei fa Tra Ase Daa nhoma no ma no.
7 Nnianim nsɛm a etu mpɔn a wubesiesie betumi aboa wo ma woadu wɔn a trenee ho kɔm de wɔn nkyɛn.—Mat. 5:6.