Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Loto Ho Anigye Kɛse Wiase—Wiase No Kyakyatow
    Nyan!—1991 | October 8
    • Loto Ho Anigye Kɛse Wiase​—Wiase No Kyakyatow

      “NEA wuhia ara ne dɔla biako ne adaeso.” Na dae no ne sɛ wubedi New York kyakya a ɛyɛ dɔla ɔpepem 45 no. Dɔla no ma wɔtɔ nea ɛbɛma wɔatumi adi. Adaesofo no dodow yɛ ɔpepem pii. Bere a na wɔato santen rekɔtɔ wɔn tekit no, na wɔreka ahyɛmma ne mink atade nguguso ne afie​—nneɛma a sɛ wodi a wɔde sika no bɛtotɔ. Eduu bere bi no na simma biara wɔtɔ tekit 28,000 wɔ ɔman no mu nyinaa. Aka nnansa na wɔatow aba no, wɔtɔɔ tekit ɔpepem 37.4.

      Wɔ Japan no, mmeae 10,000 a mmara ma kwan sɛ wonni loto ho dwuma wɔ hɔ a nnipa pii tɔ Afe-Awiei Jumbo Takarakuji (Loto) tekit no yɛ manyamanya bere nyinaa. Bere a wɔrebue beae biako a ɛwɔ Tokyo a wɔka sɛ mfe bi a atwam no wɔtɔn tekit anum a edii sika a ɛso sen biara ano no, na nnipa 300 ato santen dedaw. Na ababaa bi a ogye di sɛ nea odu hɔ kan na ne ti ye no atwɛn fi ɔdasu mu 1:00. Sika a ɛso sen biara a obi dii afe a etwaa mu no yɛ yen ɔpepem 100 (¢271,428,300) .

      Wɔ Afrika Atɔe kuropɔn bi mu no, nnipadɔm a wɔrebɛtɔ tekit na wɔakyerɛ nɔma ahorow a wɔbɛtow daakye no wɔ beae bi a ɛhɔfo frɛ no Loto Kɔlege bere nyinaa. Wɔtɔn nɔma ahorow a wɔatow pɛn a wɔahyehyɛ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔnam so betumi ahu nea ɛbɛba daakye. Wɔn a wɔwɔ ahintasɛm a wotumi hu mu no tɔ nɔma ahorow a wobetwa no fi loto mu adiyifo nkyɛn.

      So ɛyɛ ade a esisi wɔ mmeae bi nkutoo? Dabida. Loto ho anigye kɛse no wɔ baabiara. Ɛwɔ nsasepɔn nyinaa so. Ɛwɔ aman a wɔwɔ sika ne wɔn a wodi hia nyinaa mu. Mmofra ne mpanyimfo a wɔwɔ sikasɛm, asetra ne nhomasua ntetee mu tebea biara mu wɔ wiase no mu no ani gye ho.

      Yiw, loto yɛ adwuma kɛse, na adwuma no renya nkɔso. Wɔ United States nkutoo no, wonyaa dɔla ɔpepepem 18.5 fii ɔman no loto mu wɔ 1989 mu. Mfe 27 pɛ a atwam mu no, na wonnya ho hwee. Nanso mprempren loto ne kyakyatow kɛse a ɛto so abien wɔ United States, na afe biara adwuma no mu trɛw bɛyɛ ɔha mu nkyem 17.5, ɛmu trɛw ntɛmntɛm te sɛ komputa adwuma no.

      Sɛnea akontaabu bi a ɛwɔ Gaming and Wagering Business nsɛmma nhoma mu no kyerɛ no, loto a wotwae wɔ wiase nyinaa wɔ 1988 mu no yɛ dɔla ɔpepepem 56.38, sika a ɛsõ ankasa. Sɛ wɔkyekyɛ a, asase so ɔbarima, ɔbea ne abofra biara benya bɛboro dɔla du! Na ɛno yɛ afe biako pɛ de!

      Bere a obiara ntumi nnye akyinnye sɛ loto redi yiye no, nnipa pii kasa tia denneennen. Nsɛm abien a edi so yi bɛhwehwɛ sɛnea nnipa pii ani regye loto ho ne ɛho akyinnyegye mu. Bere a wohwehwɛ nokwasɛm ahorow no mu no, wubehu sɛ ebia ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ lototwa mu anaasɛ ɛnte saa. So nyansa wom sɛ wubetwa? So ne di yɛ mmerɛw? So wubetumi ahwere nea ɛsen sika?

  • Loto—Dɛn Nti Na Nnipa Pii Ani Gye Ho Saa?
    Nyan!—1991 | October 8
    • Loto​—Dɛn Nti Na Nnipa Pii Ani Gye Ho Saa?

      DƐN nti na nkurɔfo twa loto? Loto adwumayɛbea bi kasamafo kae sɛ, “wɔde gye wɔn ani, ɛyɛ agoru.” Ebia ɛte saa de, nanso nea ɛtwetwe nnipa titiriw no ne sika no. Obiara nya sika kakra ka nea ɔwɔ ho a ɔpɛ. Na loto ma wonya anidaso sɛ wobenya sika pii. Nnɛyi wiase a nneɛma bo kɔ so yɛ den, aguadi mu ɛkabɔ ne nnwuma ɛmfa nkɔso mma wom yi mu no, nnipa pii gye di sɛ loto a wobedi ne ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so anya wɔn ho koraa.

      Nea ɛtwetwe nnipa no bi nso ne sɛ, loto ase te nyɛ den na ne twa yɛ mmerɛw. Ɛyɛ ahorow pii, ebi ne loto, nɔma ahorow ne agodi a wubetwitwiw krataa so na nɔma ahorow bi a ahintaw ada adi, nanso eyinom nyinaa wɔ afã abien. Nea edi kan no, sɛ nea otwa no nɔma no ne wɔn a wɔtow no de hyia a, na wadi. Nea ɛto so abien no, ahokokwaw anaasɛ nimdeɛ titiriw biara ho nhia wom ansa na obi adi te sɛ nea ɛte wɔ kyakyatow a aka ho no. Ne di anaa ka a obi bɛbɔ no yɛ nea ɛba ara kwa.

      Afei nkurɔfo twa loto efisɛ tekit no tɔ yɛ mmerɛw. Amerikafo pii totɔ fi aguadi adan a ɛwɔ beae a wɔte no. Mmeae bi no, sɛ beae a wotwa no mmɛn a, wɔn a wotwa no yɛ saa denam lɛtɛkyerɛw, telefon, telex anaasɛ fax so.

      Dɛn Ne Ade Foforo Wɔ Lototwa Ho?

      So loto yɛ ade foforo? Dabi koraa. Wɔ tete Roma afahyɛ mmere mu no, na ahempɔn Nero ne Augustus de nkoa ne agyapade na ɛma sɛ nea wobetumi adi. Ebia nea wodii a ɛyɛ sika ho kyerɛwtohɔ ahorow a edi kan no mu biako no bɛyɛ nea loto adwuma bi tuae wɔ 1530 mu wɔ Florence, Italy no. Mfehaha a edii ɛno akyi mu no, loto buu so wɔ Europa. Loto dii yiye wɔ tete Amerika nso, na ɛboa ma wonyaa sika de kyekyee Jamestown, Continental Army, ne nea wɔde sisii sukuupɔn akɛse te sɛ Havard, Dartmouth, Yale ne Columbia no.

      Nanso, wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, adwuma no kɔɔ ɔhaw mu. Asɔretiafo sɔre tiaa kyakyatow kae sɛ wowia mu. Na adanmudema, ɔporɔw ne nsɛmmɔnedi ahyɛ loto mu ma. Ɛho adwuma wuranom no nyaa mfaso pii. Enti, wɔbaraa loto wɔ United States, France ne Britain.

      So asɛm no aba awiei? Dabi. Loto kɔɔ so wɔ mmeae afoforo​—sɛ nhwɛso no Italy ne Australia. Spain Carlos III hyehyɛɛ loto bi wɔ 1763 mu; wɔhyehyɛɛ nnɛyi de no mmara kwan so wɔ 1812 mu. Aman pii de wɔn ho hyɛɛ loto no mu. Wɔ 1933 mu no, France maa hokwan bio na ɛhyehyɛɛ Loterie nationale. Afei nso wɔ 1930 mfe no mu no, Ireland hyehyɛɛ ne Irish Hospitals’ Sweepstake a agye din no. Wofii Japan Takarakuji no ase wɔ 1945 mu. Britania penee bɔɔlbɔ ho kyakya ahorow so, nokwarem no ɛyɛ loto. Na wɔ 1964 mu no, United States san de ne ho hyɛɛ adwuma no mu.

      Afei wɔ 1970 mfe no mu no, ade abien a esisii no sakraa loto dwumadi no mu. Nea edi kan no yɛ komputa a wofii ase de dii dwuma wɔ loto mu no. Afei na wobetumi ahyehyɛ agodi no akɛse a wɔyɛ no mpɛn pii na emu no, wɔn a wɔtow no betumi apaw wɔn ankasa nɔma ahorow. Na ɛho nhia sɛ wɔtwɛn adapɛn anaasɛ asram dodow bi ansa na wɔahu sɛ wɔadi anaa; na wɔn a wɔtwa no de nna, nnɔnhwerew anaasɛ mpo simma kakraa bi behu.

      Adeyɛ a ɛto so abien no ne Loto, a ɛyɛ agoru bi a ne di yɛ den a wɔde bae no. Wɔ Loto mu no, sɛ wɔanni sika no a, wɔde ka agodi a edi so no mu de ho. Enti sika a wobetumi adi no betumi adu dɔla ɔpepem pii. Sika a wonya fi Loto mu no kɔɔ soro, na adwuma no bɛyɛ kɛse, kɛse ankasa.

      Nea Ɛtwetwe Wɔn a Wɔyɛ Ho Adwuma

      Dɛn nti na nniso horow yɛ kyakyatow ho adwuma? Efisɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so nya sika a wonnyigye tow. Bere a wɔde sika a wonya wɔ kyakyatow afoforo mu no mu ɔha mu nkyem 95 tua wɔn a wodi no ka no, wɔde nea ennu ɔha mu nkyem 50 tra wɔn a wodi loto ka. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1988 mu wɔ United States no, wɔde dɔla biara a wonyae wɔ loto mu no mu cent 48 tuaa wɔn a wodii ka, na wɔde cent 15 dii ɛho dawurubɔ, ne tɔn ne ɛho nhyehyɛe ho dwuma. Wɔde cent 37 a aka no dii ɔman no mu nsiesiei ahorow, nhomasua, nnuruyɛ ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ ho dwuma. Ɔman mũ no mu nyinaa no, ɛno yɛɛ dɔla ɔpepepem 7.2.

      Nanso nniso horow nni loto ho dwuma mfa nhwehwɛ sika ara kwa. Wɔamfa wɔn ho anhyɛ adwuma no mu, ebetumi ama wɔahwere sika. Ebia wɔn manfo no betwa wɔ beae foforo. Enti sɛ ɔman bi fi loto adwuma ase a, ɛhyɛ wɔn a wɔbɛn no no ma wɔyɛ bi. Dwumadi no a ɛdɔɔso ntɛmntɛm yi da adi wɔ United States. Wɔ 1964 mu no, na ɔmantam biako na ɛwɔ loto adwumayɛbea; 1989 mu no na ɛyɛ 30.

      Ahonya ho Adaeso

      Nokwarem no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya dɔla a wɔde bedi wɔn ahiade ahorow no ho dwuma kakra. Enti ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyɛ loto ho adwuma no ma nkurɔfo sɛe sika wɔ ho? Dawurubɔ! Wɔfa adawurubɔ mu abenfo!

      So dawurubɔ ahorow no ka sɛ wɔde sika a wobenya no mu fã bi (ɛwom sɛ esua de) bɛboa nhomasua anaasɛ wɔde bɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim? Dabida! Wɔntaa nka ɛno ho asɛm. Mmom no, dawurubɔ ahorow si sɛnea obi di dɔla ɔpepem pii a ɛbɛyɛ anigye no so dua. Nhwɛso kakraa ni:

      □ “Sɛ Wutwa Canada Dɔla Ɔpepem Pii LOTO 6/49 a Agye Din no bi a . . . Asikafo ne Wɔn a Wɔwɔ Din Adefo Asetra no Betumi Ayɛ Wo de Mpofirim.”

      □ “FLORIDA LOTO . . . Nya Sika fi Amerika Loto Adwuma a Ɛyɛ Kɛse Sen Biara no mu.”

      □ “Sika a Wonya Wɔ Germany​—TOW NA YƐ ƆDEFO na yɛ sika Ɔpepem wura mpofirim.”

      Ade a wɔtɔn no anibere so? Ɛte saa ampa! Sɛ nkurɔfo ntɔ tekit no pii a, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛbrɛ dawurubɔ no ase no ba awiei. Nokwarem no, wɔn a wodi ho dwuma no kɔ so hwehwɛ akwan pii a wɔde bɛtwetwe nnipa afoforo ne nea wɔde bɛma nnipa adedawfo no ani akɔ so agye ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ ho adwuma no de biribi a ɛte sɛ ade foforo ma bere nyinaa. Oregon loto adwuma no so panyin James Davey kae sɛ: “Yɛwɔ kyakyatow akuw horow. Yɛtow Olimpiks. Yɛtow Holiday Cash wɔ Buronya mu. Yɛde nkurɔfo nsoromma tow Lucky Stars. Yɛahu sɛ sɛ wowɔ agoru no abien anaa abiɛsa, anan anaa anum wɔ bere koro mu a, wobɛtɔn tekit pii.”

      Nanso nea ɛtwetwe nnipa sen biara ne kyakyatow sika a ɛso no afiri kɛse no na ɛtwetwe adwene. Wɔ Loto mu no, sɛ sika a wodi no kɔ soro te sɛ nea eduu dɔla ɔpepem 115 wɔ Pennsylvania wɔ 1989 mu no a, na ayɛ nea wɔka ho asɛm titiriw. Nnipa bɔ kirididi kɔtɔ tekit wɔ nea nsɛnkyerɛwfo bi frɛɛ no “kyakyatowfo ade fom” mu. Wɔ kitikiti no mu no, wɔn a wontwa loto no mpo twa bi.

      [Kratafa 6 adaka]

      Kyakyatow Ho Anigye Kɛse ne Nyamesom

      “Katolek Asɔre no akyerɛ me kyakyatow. Bingo ne rafol te sɛ loto ara. Sɛ Katolek Asɔre no bedi anim abara kyakyatow biara a, mesusuw adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ migyae loto no ho. Sɛ meyɛ odifudepɛfo a, nea enti ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ akronkronne wɔ asɔre no mu.”​—Ɔkenkanfo bi kyerɛw kɔmaa US. Catholic nsɛmma nhoma.

      “Katolekfo mu nhwehwɛmu bi a Notre Dame University yɛe no ma ɛda adi sɛ wɔ Kwasida Mass akyi no, adeyɛ a ɛto so abien a nnipa pii de wɔn ho hyem wɔ Katolek nsɔre mu ne dapɛn biara bingo kyakya ahorow no.” Nanso asɔfo pii ka sɛ wɔn a wɔtow bingo no mu bebree nkɔ asɔre.​—The Sunday Star-Ledger, New Jersey U.S.A.

      Na Spainfo dapɛn biara atesɛm krataa ABC, amanaman ntam de no asɛmti bi ne sɛ “Ɔhotefo Pancras de Akraye Baa Madrid.” Asɛm no toa so sɛ: “Adwumayɛfo baanu a wɔyɛ adwuma wɔ beae a wotwa loto no de nteɛm kae mpɛn pii sɛ ‘Ɛyɛ Ɔhotefo Pancras’ . . . na wɔatɔn tekit 21515, ‘gordo’ [kɛse] a ɛho sika yɛ peseta ɔpepem 250 [anaasɛ nnɛyi $2,500,000 U.S.] a wɔkyekyɛe wɔ Madrid no. [Adwumayɛfo no] kae sɛ wɔbɔɔ ɔhotefo no a ne honi hwɛ wɔn adwuma no so a wɔde parsley ahaban ato so na ama wɔanya akraye de atɔn Buronya ‘gordo’ no” mpae.

      “Wɔ mmɔden a wɔn a wodi kyakya mu mpanyimfo bɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn akraye no mu no, wogye di sɛ Onyankopɔn ne nkrabea na wɔapaw wɔn nkutoo sɛ wonni sika no. . . . Owura Jack A. Kapchan, adwenem hwehwɛ mu ɔbenfo a ɔwɔ Miami University no ka sɛ, ‘yɛpɛ sɛ yegye di sɛ siade ne akrabiri fi biribi na ɛmma ara kwa. Na dɛn na ɛwɔ hɔ bio a yɛbɛka sɛ efi no sen Onyankopɔn?’”​—New York Times.

      Dɛn na Bible no ka wɔ siade ho? Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo a wɔanni nokware no sɛ: “Na mo a mugyaw [Yehowa] na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.”​—Yesaia 65:11.

      Nnipa kakraa bi a wodi no mu ahe na wodwen hu sɛ wɔn siade no gyina nnipa ɔpepem pii a wodi nkogu no akrabiri so? So kyakyatow kyerɛ ‘yɔnkodɔ?’ So ɛyɛ nea ntease wom anaasɛ ɛne Bible no hyia sɛ yebesusuw sɛ amansan Wura Pumpuni no ankasa de ne ho bɛhyɛ pɛsɛmenkominya adeyɛ te sɛ kyakyatow mu?​—Mateo 22:39.

  • Loto—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?
    Nyan!—1991 | October 8
    • Loto​—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?

      ASƐM titiriw a wɔka wɔ aban loto ho ne sɛ ɛma aban nya dɔla ɔpepem pii, sika a anka tow ahorow a wotua a wɔbɛma akɔ soro so nkutoo na wɔbɛfa anya. Wɔn a wɔpene so no ka sɛ ‘na hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw!’ Ɛte sɛ tow a wɔnhyɛ obiara sɛ ontua; obiara fi ne pɛ mu tua. Nokwarem no, nkurɔfo de ahopere tua; wɔto santen kotua!

      Nanso nsɛm a wɔka tia loto no bi ne dɛn?

      Biako ne sɛ loto ho dawurubɔ no mu nna hɔ anaasɛ ɛyɛ nnaadaa ankasa. Ɛma wunya adwene sɛ wubedi. Canada loto ho dawurubɔ yi yɛ eyi ho nhwɛso: “Yɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ . . . WUBEDI!!”

      Nanso so ne di yɛ mmerɛw? Alie twa West Germany loto bi. Ɛho dawurubɔ no ka sɛ: “Wowɔ hokwan kɛse sɛ wubedi.” Nanso Alie ka sɛ: “Matwa loto no mfe du nanso minnii hwee da. Na minhuu nso sɛ obi adi biribi.”

      Obiara a obedi kɛse biara gyina hɔ ma nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ Alie, nkogudifo a woyi wɔn sika dapɛn biara ne afe biara nanso wonnya ho hwee. Wɔ United States no, wɔn a wodi dɔla ɔpepem 1 no yɛ ɛhɔ kyakyatowfo ɔpepem 97 no mu ɔha biara mu nkyem 0.000008.

      Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ den sɛ nnipa ɔpepem biako mu onipa biako bedi sika kɛse (ɛte sɛnea ɛyɛ den sɛ aprannaa bɛbɔ obi) no nko, na mmom ebetumi ayɛ den ama onipa biako a ɔwɔ ɔpepem pii mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɛbɛdaa adi sɛ sɛ sika a wobetumi adi no yɛ kɛse a, nnipa pii de wɔn ho hyɛ ne tow mu no, di a wobedi New York Loto no fi nnipa ɔpepem 6 mu 1 kɔɔ soro koduu nnipa ɔpepem 12.9 mu 1!

      Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ka loto ho asɛm sɛ esisi wɔn a wotwa a wɔn ani nna hɔ na wonhu sɛnea ɛyɛ den sɛ wobedi no. Owura Valerie Lorenz a ɔyɛ U.S. National Center for Pathological Gambling panyin no kae tiawa sɛ: “Loto? Ɛyɛ ade a wɔnam so sisi nkurɔfo sen biara. Ɛyɛ den yiye sɛ wubedi.”

      Na sɛ wudi dɔla ɔpepem biako nso ɛ? Wunnya ne nyinaa. Bere a towgyefo no agye ne de afi mu akyi no, wɔn a wodi wɔ United States no nya $35,000 afe biara kosi mfe 20. Ɛno yɛ $700,000, na nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no tew bo a ɛsom no so wɔ mfe 20 no mu.

      Sɛnea Ɛka Ahiafo

      Ɔkasatia foforo ne sɛ wɔn a wotwa kɛse yɛ ahiafo, wɔn a sika a wɔde betwa ho yɛ den ma wɔn sen biara. Loto ho adwumayɛfo ka sɛ eyi nyɛ nokware, ne sɛ nnipa a wɔnyɛ ahiafo buroburoo no na wotwa loto pii. Wɔka sɛ obi fi ne pɛ mu na otwa loto, wɔnhyɛ obiara sɛ ontwa. Nanso wɔhyɛ da ma ɛho dawurubɔ ahorow no kanyan ne twa ho akɔnnɔ wɔ nkurɔfo mu, na wɔn mu pii yɛ ahiafo. Florida adetɔnbea sikakorafo bi kae sɛ: “Yɛwɔ nipakuw pɔtee bi a yehu wɔn dapɛn biara. Wɔn mu binom tɔ tekit 10 da biara. Wɔn mu binom tɔ 100 dapɛn biara. Wonni sika a wɔde bɛtɔ aduan, nanso wotwa ‘Loto.’”

      Wɔ aman a wonnyaa nkɔanim pii wɔ hɔ no, tebea no taa yɛ nea ennye koraa. Nnansa yi ara Indonesia aban hwehwɛɛ ne Porkas bɔɔlbɔ ho loto no mu bere a atesɛm bɔɔ amanneɛ sɛ “Porkas ho adammɔ” asi nkuraa pii ase no. Asiaweek nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na [Indonesia] atesɛm nkrataa kura nsɛm a ɛyɛ hu: mmarima a wɔhwe wɔn yerenom anaasɛ wɔn mma; mmofra a wowia wɔn awofo sika; mmofra a wɔsɛe sika a wɔabrɛ anya a wɔde ato hɔ ama sukuu fiis​—ne nyinaa esiane Porkas nti.”

      Esiane loto a abu so wɔ wiase nyinaa nti, nnipa pii asua kyakyatow. Ebinom, ɛnyɛ ahiafo nkutoo, adan wɔn a wɔtow kyakya bere nyinaa​—wontumi nnyae lototwa. Arnie Wexler ne Council on Compulsive Gambling a ɛwɔ New Jersey U.S.A. no panyin. Ɔka sɛ: “Mmarahyɛ baguafo no susuw sɛ wɔanya ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so gyigye sika, bere a nokwarem no, wɔresɛe mmusua pii, ne nnwuma pii, ne adesamma pii, ne nkwa pii.”

      Abrabɔ Gyinapɛn Ho Asɛm

      Ade titiriw biako nso ne sɛ aban loto no asakra nnipa pii suban wɔ kyakyatow ho. Nnɛyi “Play 3” anaa “Lucky Numbers” loto a ɛyɛ aban de no ma nnipa apem mu biako pɛ na odi nanso sika a wonya no mu ɔha mu nkyem 50 pɛ na wɔde tua wɔn a wodi no ka. Ansa na aban de ne ho hyɛ adwuma no mu no, na agoru no yɛ “hu,” adwuma a mmara mma ho kwan, subammɔne. Mprempren wɔfrɛ agoru koro no sɛ anigyede, adeyɛ a ɛyɛ ɔmanfo asɛyɛde!

      Nokwarem no, nsonsonoe a ɛho hia a ɛda loto a mmara mma ho kwan ne aban loto ntam ne sɛ, sɛ anka sika no bɛkɔ nsɛmmɔnedifo kotoku mu mmom no, wɔde boa aban nnwuma. Nanso nnipa pii ka nkɛntɛnso a loto anya wɔ ɔmanfo abrabɔ gyinapɛn ahorow a anka ɛsɛ sɛ wonya mu mfaso no so no ho asɛm.

      Nea enti a eyi te saa ne sɛ loto ma wonya anidaso ne adwene sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbrɛ ansa na wɔanya sika. Paul Dworin, Gaming and Wagering Business no samufo no ka sɛ: “Bere bi a atwam no, na ɔman no ka sɛ sɛ woyɛ adwuma denneennen a, wubedi yiye. Mprempren ɛyɛ, ‘Tɔ tekit biako na dan ɔdefo.’ Ɛno yɛ asɛm foforo a ɔman no ka.” George Will kyerɛwee wɔ Newsweek mu sɛ: “Bere dodow a nkurɔfo wɔ akraye, hokwan, nneɛma a esisi ara kwa, ne nkrabea mu gyidi no, dodow no ara na wonni gyidi sɛ ɛho hia sɛ wonya su pa te sɛ nsiyɛ, sika a wɔhwɛ so yiye, obi akɔnnɔ so a ɔbɛhyɛ, mmɔdenbɔ, adesua.”

      Adwene foforo bi a adesamma abusua no wɔ ne sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ankorankoro hwehwɛ sɛ wɔnam afoforo ahokyere so benya wɔn ho. Nanso wɔn a wɔtɔn loto no hyɛ adwene a ɛne sɛ eye sɛ wɔbɛhwehwɛ mfaso ne anigye afi nea afoforo ahwere mu. Adwene a ɛte saa yɛ pɛsɛmenkominya; apow Bible mu afotu: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”​—Mateo 22:39.

      Wɔ ɔkasatia pii a ɛkɔ so nyinaa akyi no, loto renya nkɔanim wɔ wiase nyinaa. Obi a otuu kwan kɔɔ Afrika Atɔe huu nnipa ɔhaha pii a wɔaboa wɔn ho ano wɔ Ɔman no loto dan bi ho. Obisaa ɛhɔni bi sɛ: “Dɛn nti na nnipa yi nyinaa sɛe wɔn sika wɔ loto ho bere a wɔyɛ ahiafo?”

      Ɛhɔni bi buae sɛ: “M’adamfo, wotwa loto efisɛ ɛma wonya anidaso. Wɔ wɔn mu pii fam no, ɛno nkutoo ne anidaso a wɔwɔ wɔ asetram.”

      Nanso so loto a wobedi no yɛ anidaso ankasa? Ɛyɛ nnaadaa, anidaso hunu, dae hunu mmom. Nokwarem no Kristoni a ɔwɔ ahonim rensɛe ne bere ne ne sika mfa nhwehwɛ kyakyatow mu ahonya. Hwɛ sɛnea eye sɛ yebetie ɔsomafo Paulo a afotu a ɔkyerɛw sɛ anyansafo mmfa “wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so” no.​—1 Timoteo 6:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena