Loto—Dɛn Nti Na Nnipa Pii Ani Gye Ho Saa?
DƐN nti na nkurɔfo twa loto? Loto adwumayɛbea bi kasamafo kae sɛ, “wɔde gye wɔn ani, ɛyɛ agoru.” Ebia ɛte saa de, nanso nea ɛtwetwe nnipa titiriw no ne sika no. Obiara nya sika kakra ka nea ɔwɔ ho a ɔpɛ. Na loto ma wonya anidaso sɛ wobenya sika pii. Nnɛyi wiase a nneɛma bo kɔ so yɛ den, aguadi mu ɛkabɔ ne nnwuma ɛmfa nkɔso mma wom yi mu no, nnipa pii gye di sɛ loto a wobedi ne ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so anya wɔn ho koraa.
Nea ɛtwetwe nnipa no bi nso ne sɛ, loto ase te nyɛ den na ne twa yɛ mmerɛw. Ɛyɛ ahorow pii, ebi ne loto, nɔma ahorow ne agodi a wubetwitwiw krataa so na nɔma ahorow bi a ahintaw ada adi, nanso eyinom nyinaa wɔ afã abien. Nea edi kan no, sɛ nea otwa no nɔma no ne wɔn a wɔtow no de hyia a, na wadi. Nea ɛto so abien no, ahokokwaw anaasɛ nimdeɛ titiriw biara ho nhia wom ansa na obi adi te sɛ nea ɛte wɔ kyakyatow a aka ho no. Ne di anaa ka a obi bɛbɔ no yɛ nea ɛba ara kwa.
Afei nkurɔfo twa loto efisɛ tekit no tɔ yɛ mmerɛw. Amerikafo pii totɔ fi aguadi adan a ɛwɔ beae a wɔte no. Mmeae bi no, sɛ beae a wotwa no mmɛn a, wɔn a wotwa no yɛ saa denam lɛtɛkyerɛw, telefon, telex anaasɛ fax so.
Dɛn Ne Ade Foforo Wɔ Lototwa Ho?
So loto yɛ ade foforo? Dabi koraa. Wɔ tete Roma afahyɛ mmere mu no, na ahempɔn Nero ne Augustus de nkoa ne agyapade na ɛma sɛ nea wobetumi adi. Ebia nea wodii a ɛyɛ sika ho kyerɛwtohɔ ahorow a edi kan no mu biako no bɛyɛ nea loto adwuma bi tuae wɔ 1530 mu wɔ Florence, Italy no. Mfehaha a edii ɛno akyi mu no, loto buu so wɔ Europa. Loto dii yiye wɔ tete Amerika nso, na ɛboa ma wonyaa sika de kyekyee Jamestown, Continental Army, ne nea wɔde sisii sukuupɔn akɛse te sɛ Havard, Dartmouth, Yale ne Columbia no.
Nanso, wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, adwuma no kɔɔ ɔhaw mu. Asɔretiafo sɔre tiaa kyakyatow kae sɛ wowia mu. Na adanmudema, ɔporɔw ne nsɛmmɔnedi ahyɛ loto mu ma. Ɛho adwuma wuranom no nyaa mfaso pii. Enti, wɔbaraa loto wɔ United States, France ne Britain.
So asɛm no aba awiei? Dabi. Loto kɔɔ so wɔ mmeae afoforo—sɛ nhwɛso no Italy ne Australia. Spain Carlos III hyehyɛɛ loto bi wɔ 1763 mu; wɔhyehyɛɛ nnɛyi de no mmara kwan so wɔ 1812 mu. Aman pii de wɔn ho hyɛɛ loto no mu. Wɔ 1933 mu no, France maa hokwan bio na ɛhyehyɛɛ Loterie nationale. Afei nso wɔ 1930 mfe no mu no, Ireland hyehyɛɛ ne Irish Hospitals’ Sweepstake a agye din no. Wofii Japan Takarakuji no ase wɔ 1945 mu. Britania penee bɔɔlbɔ ho kyakya ahorow so, nokwarem no ɛyɛ loto. Na wɔ 1964 mu no, United States san de ne ho hyɛɛ adwuma no mu.
Afei wɔ 1970 mfe no mu no, ade abien a esisii no sakraa loto dwumadi no mu. Nea edi kan no yɛ komputa a wofii ase de dii dwuma wɔ loto mu no. Afei na wobetumi ahyehyɛ agodi no akɛse a wɔyɛ no mpɛn pii na emu no, wɔn a wɔtow no betumi apaw wɔn ankasa nɔma ahorow. Na ɛho nhia sɛ wɔtwɛn adapɛn anaasɛ asram dodow bi ansa na wɔahu sɛ wɔadi anaa; na wɔn a wɔtwa no de nna, nnɔnhwerew anaasɛ mpo simma kakraa bi behu.
Adeyɛ a ɛto so abien no ne Loto, a ɛyɛ agoru bi a ne di yɛ den a wɔde bae no. Wɔ Loto mu no, sɛ wɔanni sika no a, wɔde ka agodi a edi so no mu de ho. Enti sika a wobetumi adi no betumi adu dɔla ɔpepem pii. Sika a wonya fi Loto mu no kɔɔ soro, na adwuma no bɛyɛ kɛse, kɛse ankasa.
Nea Ɛtwetwe Wɔn a Wɔyɛ Ho Adwuma
Dɛn nti na nniso horow yɛ kyakyatow ho adwuma? Efisɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so nya sika a wonnyigye tow. Bere a wɔde sika a wonya wɔ kyakyatow afoforo mu no mu ɔha mu nkyem 95 tua wɔn a wodi no ka no, wɔde nea ennu ɔha mu nkyem 50 tra wɔn a wodi loto ka. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1988 mu wɔ United States no, wɔde dɔla biara a wonyae wɔ loto mu no mu cent 48 tuaa wɔn a wodii ka, na wɔde cent 15 dii ɛho dawurubɔ, ne tɔn ne ɛho nhyehyɛe ho dwuma. Wɔde cent 37 a aka no dii ɔman no mu nsiesiei ahorow, nhomasua, nnuruyɛ ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ ho dwuma. Ɔman mũ no mu nyinaa no, ɛno yɛɛ dɔla ɔpepepem 7.2.
Nanso nniso horow nni loto ho dwuma mfa nhwehwɛ sika ara kwa. Wɔamfa wɔn ho anhyɛ adwuma no mu, ebetumi ama wɔahwere sika. Ebia wɔn manfo no betwa wɔ beae foforo. Enti sɛ ɔman bi fi loto adwuma ase a, ɛhyɛ wɔn a wɔbɛn no no ma wɔyɛ bi. Dwumadi no a ɛdɔɔso ntɛmntɛm yi da adi wɔ United States. Wɔ 1964 mu no, na ɔmantam biako na ɛwɔ loto adwumayɛbea; 1989 mu no na ɛyɛ 30.
Ahonya ho Adaeso
Nokwarem no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya dɔla a wɔde bedi wɔn ahiade ahorow no ho dwuma kakra. Enti ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyɛ loto ho adwuma no ma nkurɔfo sɛe sika wɔ ho? Dawurubɔ! Wɔfa adawurubɔ mu abenfo!
So dawurubɔ ahorow no ka sɛ wɔde sika a wobenya no mu fã bi (ɛwom sɛ esua de) bɛboa nhomasua anaasɛ wɔde bɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim? Dabida! Wɔntaa nka ɛno ho asɛm. Mmom no, dawurubɔ ahorow si sɛnea obi di dɔla ɔpepem pii a ɛbɛyɛ anigye no so dua. Nhwɛso kakraa ni:
□ “Sɛ Wutwa Canada Dɔla Ɔpepem Pii LOTO 6/49 a Agye Din no bi a . . . Asikafo ne Wɔn a Wɔwɔ Din Adefo Asetra no Betumi Ayɛ Wo de Mpofirim.”
□ “FLORIDA LOTO . . . Nya Sika fi Amerika Loto Adwuma a Ɛyɛ Kɛse Sen Biara no mu.”
□ “Sika a Wonya Wɔ Germany—TOW NA YƐ ƆDEFO na yɛ sika Ɔpepem wura mpofirim.”
Ade a wɔtɔn no anibere so? Ɛte saa ampa! Sɛ nkurɔfo ntɔ tekit no pii a, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛbrɛ dawurubɔ no ase no ba awiei. Nokwarem no, wɔn a wodi ho dwuma no kɔ so hwehwɛ akwan pii a wɔde bɛtwetwe nnipa afoforo ne nea wɔde bɛma nnipa adedawfo no ani akɔ so agye ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ ho adwuma no de biribi a ɛte sɛ ade foforo ma bere nyinaa. Oregon loto adwuma no so panyin James Davey kae sɛ: “Yɛwɔ kyakyatow akuw horow. Yɛtow Olimpiks. Yɛtow Holiday Cash wɔ Buronya mu. Yɛde nkurɔfo nsoromma tow Lucky Stars. Yɛahu sɛ sɛ wowɔ agoru no abien anaa abiɛsa, anan anaa anum wɔ bere koro mu a, wobɛtɔn tekit pii.”
Nanso nea ɛtwetwe nnipa sen biara ne kyakyatow sika a ɛso no afiri kɛse no na ɛtwetwe adwene. Wɔ Loto mu no, sɛ sika a wodi no kɔ soro te sɛ nea eduu dɔla ɔpepem 115 wɔ Pennsylvania wɔ 1989 mu no a, na ayɛ nea wɔka ho asɛm titiriw. Nnipa bɔ kirididi kɔtɔ tekit wɔ nea nsɛnkyerɛwfo bi frɛɛ no “kyakyatowfo ade fom” mu. Wɔ kitikiti no mu no, wɔn a wontwa loto no mpo twa bi.
[Kratafa 6 adaka]
Kyakyatow Ho Anigye Kɛse ne Nyamesom
“Katolek Asɔre no akyerɛ me kyakyatow. Bingo ne rafol te sɛ loto ara. Sɛ Katolek Asɔre no bedi anim abara kyakyatow biara a, mesusuw adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ migyae loto no ho. Sɛ meyɛ odifudepɛfo a, nea enti ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ akronkronne wɔ asɔre no mu.”—Ɔkenkanfo bi kyerɛw kɔmaa US. Catholic nsɛmma nhoma.
“Katolekfo mu nhwehwɛmu bi a Notre Dame University yɛe no ma ɛda adi sɛ wɔ Kwasida Mass akyi no, adeyɛ a ɛto so abien a nnipa pii de wɔn ho hyem wɔ Katolek nsɔre mu ne dapɛn biara bingo kyakya ahorow no.” Nanso asɔfo pii ka sɛ wɔn a wɔtow bingo no mu bebree nkɔ asɔre.—The Sunday Star-Ledger, New Jersey U.S.A.
Na Spainfo dapɛn biara atesɛm krataa ABC, amanaman ntam de no asɛmti bi ne sɛ “Ɔhotefo Pancras de Akraye Baa Madrid.” Asɛm no toa so sɛ: “Adwumayɛfo baanu a wɔyɛ adwuma wɔ beae a wotwa loto no de nteɛm kae mpɛn pii sɛ ‘Ɛyɛ Ɔhotefo Pancras’ . . . na wɔatɔn tekit 21515, ‘gordo’ [kɛse] a ɛho sika yɛ peseta ɔpepem 250 [anaasɛ nnɛyi $2,500,000 U.S.] a wɔkyekyɛe wɔ Madrid no. [Adwumayɛfo no] kae sɛ wɔbɔɔ ɔhotefo no a ne honi hwɛ wɔn adwuma no so a wɔde parsley ahaban ato so na ama wɔanya akraye de atɔn Buronya ‘gordo’ no” mpae.
“Wɔ mmɔden a wɔn a wodi kyakya mu mpanyimfo bɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn akraye no mu no, wogye di sɛ Onyankopɔn ne nkrabea na wɔapaw wɔn nkutoo sɛ wonni sika no. . . . Owura Jack A. Kapchan, adwenem hwehwɛ mu ɔbenfo a ɔwɔ Miami University no ka sɛ, ‘yɛpɛ sɛ yegye di sɛ siade ne akrabiri fi biribi na ɛmma ara kwa. Na dɛn na ɛwɔ hɔ bio a yɛbɛka sɛ efi no sen Onyankopɔn?’”—New York Times.
Dɛn na Bible no ka wɔ siade ho? Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo a wɔanni nokware no sɛ: “Na mo a mugyaw [Yehowa] na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.”—Yesaia 65:11.
Nnipa kakraa bi a wodi no mu ahe na wodwen hu sɛ wɔn siade no gyina nnipa ɔpepem pii a wodi nkogu no akrabiri so? So kyakyatow kyerɛ ‘yɔnkodɔ?’ So ɛyɛ nea ntease wom anaasɛ ɛne Bible no hyia sɛ yebesusuw sɛ amansan Wura Pumpuni no ankasa de ne ho bɛhyɛ pɛsɛmenkominya adeyɛ te sɛ kyakyatow mu?—Mateo 22:39.