Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 10/8 kr. 7-9
  • Loto—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Loto—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɛka Ahiafo
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ho Asɛm
  • Loto—Dɛn Nti Na Nnipa Pii Ani Gye Ho Saa?
    Nyan!—1991
  • So Eye Sɛ Wobɛtow Loto?
    Nyan!—1982
  • Loto Ho Anigye Kɛse Wiase—Wiase No Kyakyatow
    Nyan!—1991
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 10/8 kr. 7-9

Loto​—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?

ASƐM titiriw a wɔka wɔ aban loto ho ne sɛ ɛma aban nya dɔla ɔpepem pii, sika a anka tow ahorow a wotua a wɔbɛma akɔ soro so nkutoo na wɔbɛfa anya. Wɔn a wɔpene so no ka sɛ ‘na hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw!’ Ɛte sɛ tow a wɔnhyɛ obiara sɛ ontua; obiara fi ne pɛ mu tua. Nokwarem no, nkurɔfo de ahopere tua; wɔto santen kotua!

Nanso nsɛm a wɔka tia loto no bi ne dɛn?

Biako ne sɛ loto ho dawurubɔ no mu nna hɔ anaasɛ ɛyɛ nnaadaa ankasa. Ɛma wunya adwene sɛ wubedi. Canada loto ho dawurubɔ yi yɛ eyi ho nhwɛso: “Yɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ . . . WUBEDI!!”

Nanso so ne di yɛ mmerɛw? Alie twa West Germany loto bi. Ɛho dawurubɔ no ka sɛ: “Wowɔ hokwan kɛse sɛ wubedi.” Nanso Alie ka sɛ: “Matwa loto no mfe du nanso minnii hwee da. Na minhuu nso sɛ obi adi biribi.”

Obiara a obedi kɛse biara gyina hɔ ma nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ Alie, nkogudifo a woyi wɔn sika dapɛn biara ne afe biara nanso wonnya ho hwee. Wɔ United States no, wɔn a wodi dɔla ɔpepem 1 no yɛ ɛhɔ kyakyatowfo ɔpepem 97 no mu ɔha biara mu nkyem 0.000008.

Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ den sɛ nnipa ɔpepem biako mu onipa biako bedi sika kɛse (ɛte sɛnea ɛyɛ den sɛ aprannaa bɛbɔ obi) no nko, na mmom ebetumi ayɛ den ama onipa biako a ɔwɔ ɔpepem pii mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɛbɛdaa adi sɛ sɛ sika a wobetumi adi no yɛ kɛse a, nnipa pii de wɔn ho hyɛ ne tow mu no, di a wobedi New York Loto no fi nnipa ɔpepem 6 mu 1 kɔɔ soro koduu nnipa ɔpepem 12.9 mu 1!

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ka loto ho asɛm sɛ esisi wɔn a wotwa a wɔn ani nna hɔ na wonhu sɛnea ɛyɛ den sɛ wobedi no. Owura Valerie Lorenz a ɔyɛ U.S. National Center for Pathological Gambling panyin no kae tiawa sɛ: “Loto? Ɛyɛ ade a wɔnam so sisi nkurɔfo sen biara. Ɛyɛ den yiye sɛ wubedi.”

Na sɛ wudi dɔla ɔpepem biako nso ɛ? Wunnya ne nyinaa. Bere a towgyefo no agye ne de afi mu akyi no, wɔn a wodi wɔ United States no nya $35,000 afe biara kosi mfe 20. Ɛno yɛ $700,000, na nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no tew bo a ɛsom no so wɔ mfe 20 no mu.

Sɛnea Ɛka Ahiafo

Ɔkasatia foforo ne sɛ wɔn a wotwa kɛse yɛ ahiafo, wɔn a sika a wɔde betwa ho yɛ den ma wɔn sen biara. Loto ho adwumayɛfo ka sɛ eyi nyɛ nokware, ne sɛ nnipa a wɔnyɛ ahiafo buroburoo no na wotwa loto pii. Wɔka sɛ obi fi ne pɛ mu na otwa loto, wɔnhyɛ obiara sɛ ontwa. Nanso wɔhyɛ da ma ɛho dawurubɔ ahorow no kanyan ne twa ho akɔnnɔ wɔ nkurɔfo mu, na wɔn mu pii yɛ ahiafo. Florida adetɔnbea sikakorafo bi kae sɛ: “Yɛwɔ nipakuw pɔtee bi a yehu wɔn dapɛn biara. Wɔn mu binom tɔ tekit 10 da biara. Wɔn mu binom tɔ 100 dapɛn biara. Wonni sika a wɔde bɛtɔ aduan, nanso wotwa ‘Loto.’”

Wɔ aman a wonnyaa nkɔanim pii wɔ hɔ no, tebea no taa yɛ nea ennye koraa. Nnansa yi ara Indonesia aban hwehwɛɛ ne Porkas bɔɔlbɔ ho loto no mu bere a atesɛm bɔɔ amanneɛ sɛ “Porkas ho adammɔ” asi nkuraa pii ase no. Asiaweek nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na [Indonesia] atesɛm nkrataa kura nsɛm a ɛyɛ hu: mmarima a wɔhwe wɔn yerenom anaasɛ wɔn mma; mmofra a wowia wɔn awofo sika; mmofra a wɔsɛe sika a wɔabrɛ anya a wɔde ato hɔ ama sukuu fiis​—ne nyinaa esiane Porkas nti.”

Esiane loto a abu so wɔ wiase nyinaa nti, nnipa pii asua kyakyatow. Ebinom, ɛnyɛ ahiafo nkutoo, adan wɔn a wɔtow kyakya bere nyinaa​—wontumi nnyae lototwa. Arnie Wexler ne Council on Compulsive Gambling a ɛwɔ New Jersey U.S.A. no panyin. Ɔka sɛ: “Mmarahyɛ baguafo no susuw sɛ wɔanya ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so gyigye sika, bere a nokwarem no, wɔresɛe mmusua pii, ne nnwuma pii, ne adesamma pii, ne nkwa pii.”

Abrabɔ Gyinapɛn Ho Asɛm

Ade titiriw biako nso ne sɛ aban loto no asakra nnipa pii suban wɔ kyakyatow ho. Nnɛyi “Play 3” anaa “Lucky Numbers” loto a ɛyɛ aban de no ma nnipa apem mu biako pɛ na odi nanso sika a wonya no mu ɔha mu nkyem 50 pɛ na wɔde tua wɔn a wodi no ka. Ansa na aban de ne ho hyɛ adwuma no mu no, na agoru no yɛ “hu,” adwuma a mmara mma ho kwan, subammɔne. Mprempren wɔfrɛ agoru koro no sɛ anigyede, adeyɛ a ɛyɛ ɔmanfo asɛyɛde!

Nokwarem no, nsonsonoe a ɛho hia a ɛda loto a mmara mma ho kwan ne aban loto ntam ne sɛ, sɛ anka sika no bɛkɔ nsɛmmɔnedifo kotoku mu mmom no, wɔde boa aban nnwuma. Nanso nnipa pii ka nkɛntɛnso a loto anya wɔ ɔmanfo abrabɔ gyinapɛn ahorow a anka ɛsɛ sɛ wonya mu mfaso no so no ho asɛm.

Nea enti a eyi te saa ne sɛ loto ma wonya anidaso ne adwene sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbrɛ ansa na wɔanya sika. Paul Dworin, Gaming and Wagering Business no samufo no ka sɛ: “Bere bi a atwam no, na ɔman no ka sɛ sɛ woyɛ adwuma denneennen a, wubedi yiye. Mprempren ɛyɛ, ‘Tɔ tekit biako na dan ɔdefo.’ Ɛno yɛ asɛm foforo a ɔman no ka.” George Will kyerɛwee wɔ Newsweek mu sɛ: “Bere dodow a nkurɔfo wɔ akraye, hokwan, nneɛma a esisi ara kwa, ne nkrabea mu gyidi no, dodow no ara na wonni gyidi sɛ ɛho hia sɛ wonya su pa te sɛ nsiyɛ, sika a wɔhwɛ so yiye, obi akɔnnɔ so a ɔbɛhyɛ, mmɔdenbɔ, adesua.”

Adwene foforo bi a adesamma abusua no wɔ ne sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ankorankoro hwehwɛ sɛ wɔnam afoforo ahokyere so benya wɔn ho. Nanso wɔn a wɔtɔn loto no hyɛ adwene a ɛne sɛ eye sɛ wɔbɛhwehwɛ mfaso ne anigye afi nea afoforo ahwere mu. Adwene a ɛte saa yɛ pɛsɛmenkominya; apow Bible mu afotu: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”​—Mateo 22:39.

Wɔ ɔkasatia pii a ɛkɔ so nyinaa akyi no, loto renya nkɔanim wɔ wiase nyinaa. Obi a otuu kwan kɔɔ Afrika Atɔe huu nnipa ɔhaha pii a wɔaboa wɔn ho ano wɔ Ɔman no loto dan bi ho. Obisaa ɛhɔni bi sɛ: “Dɛn nti na nnipa yi nyinaa sɛe wɔn sika wɔ loto ho bere a wɔyɛ ahiafo?”

Ɛhɔni bi buae sɛ: “M’adamfo, wotwa loto efisɛ ɛma wonya anidaso. Wɔ wɔn mu pii fam no, ɛno nkutoo ne anidaso a wɔwɔ wɔ asetram.”

Nanso so loto a wobedi no yɛ anidaso ankasa? Ɛyɛ nnaadaa, anidaso hunu, dae hunu mmom. Nokwarem no Kristoni a ɔwɔ ahonim rensɛe ne bere ne ne sika mfa nhwehwɛ kyakyatow mu ahonya. Hwɛ sɛnea eye sɛ yebetie ɔsomafo Paulo a afotu a ɔkyerɛw sɛ anyansafo mmfa “wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so” no.​—1 Timoteo 6:17.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

“Mmarahyɛ baguafo no susuw sɛ wɔanya ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so gyigye sika, bere a nokwarem no, wɔresɛe mmusua pii, ne nnwuma pii, ne adesamma pii, ne nkwa pii.”

[Kratafa 9 adaka]

Akyɛde a Ɛsen Biara Ma Kyakyatowfo

“Animkum a wɔde serew biara nto obi a ɔtɔn loto a okyia obi a wadi bi de. . . . Wɔn a wɔtɔn loto mu kakraa bi pɛ na wɔbɛbara kyakyatowfo bi sɛ ontwa bio efisɛ ɔrebɔ ka dodo. . . . Kae nso sɛ, wɔn a wodi bi bere nyinaa no ho yɛ nã te sɛ wɔn a wɔtɔn nanso wɔyɛ ahiafo.”​—Graham Rock, The Times London.

Dɔla ɔpepem 45 a wɔde ato hɔ sɛ wɔntow kyakya nni wɔ anwummere yi Loto no mu no ne nea ɛsõ sen biara wɔ New York State abakɔsɛm mu. Nanso hokwan a ɛne sɛ wɔde $1 bedi bi no yɛ mpɛ 12,913,582 mu 1.”​—The New York Times.

“Ɔkwasea ne ne sika di ntetew mu ntɛm.” Ɛbɛ a fi afeha a ɛto so 16 besi nnɛ ɛyɛ nokware.​—Familiar Quotations, a John Barlett kyerɛwee.

“Kyakyatowfo, nni ahurusi; nea odi bi nnɛ no hwere ɔkyena.”​—Spainfo bɛ bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena