Ɔsom Nhyiam ma November
Dapɛn a Efi Ase November 2
Dwom 92
10 min: Asafo mu nkaebɔ, Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw, ne Teokrase Nsɛmmansɛmma mu nsɛntitiriw. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛntitiriw; yɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien fa kyerɛ sɛnea wobetumi de ama bere a wɔadi kan abɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ akyi. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe nyɛ akwampaefo aboafo wɔ November anaa December mu na ama wɔatrɛw wɔn asɛnka adwuma mu.
15 min: “Fa Nsɛmma Nhoma Ahorow Di Dwuma Yiye.” Nsemmisa ne mmuae. Si sɛnea ehia sɛ wɔbɔ mmɔden ka ne kra ho asɛm so dua. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, fa sɛnea wofi nsɛmma nhoma a wɔde ma obi daa no ase ho nyansahyɛ ahorow ma: Fa ɔkwantiaa a ɛyɛ tẽẽ so; yɛ afie afie kyerɛwtohɔ pa; ka emu nsɛm a ɛreba ho asɛm fa kanyan nea ɛbɛba akyiri yi ho anigye; bisa nsɛm a emu nsɛm bua; hwɛ sɛ wode foforo biara a ɛba no bi bɛkɔ akɔma no.—11/84 kmTW kr. 8.
20 min: Asafo Nhoma Adesua a wɔyɛ wɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu. Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo de adawurubɔfo baanan anaa baanum di dwuma de kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesua no kyerɛ asafo no. Ɛsɛ sɛ wosua ɔyɛkyerɛ yi yiye na wɔyɛ no sɛnea October Yɛn Ahenni Som mu akwankyerɛ ahorow no kyerɛ no. Fa Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 11 di dwuma. Kyerɛ sɛnea wobetumi akyekyɛ emu kyerɛw nsɛm a ɛwoware no mu na ama pii akenkan anaa wɔasi afa atitiriw so dua bere a bere mma kwan sɛ wɔbɛkenkan asɛm mũ no nyinaa no. Nea odi ɔfã yi ho dwuma no betumi aka nsɛm ntiantiaa bi akyerɛ atiefo no de ada ɔkwan a wɔrefa so no adi. Ɛsɛ sɛ otiefo biara hwɛ n’ankasa nhoma mu de di akyi.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 9
Dwom 77
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan ɔsram biara sika akontaabu; gyina 2 Korintofo 9:6, 7 so fa nkamfo ma. To nsa frɛ adawurubɔfo a wɔasiesie wɔn ho ma wɔnka nsɛmma nhoma a wɔde ma ne ne kra wɔ November mu ho osuahu atitiriw.
15 min: “Nya Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Nnipa.” Ma ɔkasa a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October nsɛmma nhoma ahorow mu nsɛm besiesie nsɛm a wɔka kyerɛ. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo a wɔfata baanu anaa baasa nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ; fa biako a abofra ɔdawurubɔfo yɛ ka ho.
20 min: “Dwen Anigyefo Ho.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 2 ho a, ka July 1, 1981, Watchtower, nkratafa 4-6 a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi asuasua Yesu wɔ afoforo ho a wodwen mu no mu nsɛm a woapaw ho asɛm. Fa sɛnea wɔhyehyɛ afie afie kyerɛwtohɔ, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma de san kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye nkyɛn ho nsɛm ka ho. Yɛ nyansahyɛ ahorow no mu biako ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Bere a woama ɔdawurubɔfo a ɔfata ayɛ ɔkwan a wɔfa so a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ akyi no, to nsa frɛ atiefo ma wɔnka nea enti a ebetumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so fi adesua ase wɔ mo asasesin no mu.
Dwom 88 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 16
Dwom 164
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ nkratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma no mu tiawa, na ma wonhu onua anaa anuanom a wɔapaw wɔn sɛ wonnye nsɛmma nhoma a wɔakra nkratasin no.
20 min: “Boa Mmofra Ma Womfi Komam Nsom Yehowa.” Nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Si sɛnea ehia sɛ awofo di wɔn asɛyɛde ho dwuma de yɛ nhwɛso na wɔn ankasa tete wɔn mma wɔ ɔsom adwuma no mu so dua. To nsa frɛ ɔwofo biako anaa baanu ma wɔnka nea wɔayɛ a nnepa afi mu aba ho asɛm. Ma ɔwofo bi nyɛ sɛnea ɔboaa abofra bi ma osiesiee Bible mu asɛm ma ɔde dii dwuma wɔ afie afie som adwuma no mu ho ɔyɛkyerɛ. Ma abofra bi nyɛ nkɔmmɔbɔ a wɔahyɛ ho nyansa no mu biako ho ɔyɛkyerɛ fa wie.
20 min: “1992 ‘Hann Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam”—Ɔfã 1. Wɔne atiefo bɔ nkyekyem 1-14 ho nkɔmmɔ. Ebia adawurubɔfo bɛpɛ sɛ wɔne wɔn Bible asuafo a wɔbɛkɔ nhyiam no bɔ nsɛm a ɛfata ho nkɔmmɔ.
Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 23
Dwom 46
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw tumi a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ December anaa January mu bere a nnapɔnna mmere no ma wɔtaa nya bere pii no ho.
10 min: Asemmisa Afã. Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Si nea enti a ehia sɛ mmofra nya abrabɔ pa ho din pa, ne ɔpɛ a efi komam sɛ wobenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa na ama wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu so dua.
15 min: “Asɛnka a Wɔnkɔ Daa So a Wobedi.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si sɛnea ehia sɛ wɔn ankasa yɛ den denam som a wɔbɛsom daa so na wɔaboa afoforo a wohia mmoa no so dua. Hyɛ atiefo nkuran sɛ wonni nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no so.
15 min: “1992 ‘Hann Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam”—Ɔfã 2. Wo ne atiefo mmɔ nkyekyem 15-22 ho nkɔmmɔbɔ, na momfa bere tiaa bi nsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” ho sɛnea bere ma kwan. Fa nkaebɔ ahorow a ɛfata a egyina June 15, 1989 The Watchtower, nkratafa 10-20 mu nsɛm so ka ho. Hyɛ mmusua nkuran sɛ wɔnsan nkenkan nsɛm yi mu nsɛntitiriw ansa na wɔakɔ nhyiam no.
Dwom 111 ne mpaebɔ a wɔde wie.