Boa Mmofra Ma Womfi Komam Nsom Yehowa
1 Salomo kae sɛ “[Yehowa] agyapade ne mmabanin.” (Dw. 127:3-5) Nokwarem no, wɔyɛ agyapade a ɛso nni. Awofo wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma, wɔntete wɔn, na wɔmfa nteɛso mma wɔn. Ntetee a wɔde bɛma wɔ ɔsom adwuma no mu, na wɔahyɛ mmofra no nkuran ma wɔafi komam aka Yehowa ne Ahenni no ho asɛm no ka eyi ho.—Efe. 6:4.
2 Bere a wɔadi mfe ahe na ɛsɛ sɛ awofo fi saa ntetee yi ase? Mmuae a Bible no de ma no mu da hɔ pefee: Ɛsɛ sɛ wofi ase fi mmofraase. (2 Tim. 3:14, 15) Sɛ wofi ntetee no ase ntɛm a, ɛma tumi a mmofra no betumi anya nhyɛase a ɛyɛ den wɔ nokware no mu na wɔde ɔsom adwuma no ayɛ wɔn adwuma no yɛ kɛse. Ntetee a wɔde ma ntɛm yi nso bɛbɔ wɔn ho ban na wɔannya wiase nsusuwii ne ne su horow.
3 Mmofra a wonnyinii sɛnea wobetumi akɔ sukuu no mu pii ada no adi kɛse sɛ wotumi sua nneɛma a ɛyɛ den. Ɛsɛ sɛ wɔde tumi a wotumi sua ade wɔ mmofraase yi di dwuma de tete wɔn wɔ nneɛma a ɛma wonya Yehowa anim dom mu. (wTW 9/88 kr. 25; w89 12/1 kr. 31) Mmofra pii anya nkɔso ma wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Mmofra binom hyira wɔn ho so na wɔbɔ wɔn asu ansa na wɔadi mfe dumiɛnsa. Eyi abue kwan ma wɔsom sɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo mpo ansa na wɔawie sukuu. Sɛ wobedu botae horow yi ho a, ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔne nkurɔfo bɛbɔ Bible mu nsɛmti a egu ahorow ho nkɔmmɔ.
4 Ebia anigye kakraa bi na mpanyimfo bi a wobu nnɛ mmofra nyinaa sɛ wommu ade no benya wɔ nkɔmmɔ a wɔne abofra bi a ɔba wɔn fie bɛbɔ no mu. Dɛn na abofra ɔdawurubɔfo betumi aka wɔ afie mu de adi akwanside a ɛte sɛɛ so na wama ofiewura a wanyin atie? Abofra ɔdawurubɔfo bi de biribi te sɛ eyi dii dwuma: “Mema wo akye, me din de ________. Meresrasra me mpɔtam hafo nnɛ efisɛ pii dwen daakye ho. Sɛ ɔpanyin no, akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ osuahu kɛse wɔ asetra mu nsɛm ho sen me. Nanso, kyerɛwsɛm bi a ɛkyekye yɛn nyinaa werɛ ni.” Bere a wakenkan Adiyisɛm 21:3, 4 awie no, obetumi adan nkɔmmɔbɔ no akɔ Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no so.
5 Nyansahyɛ foforo ni: “Mikyia wo, me din de ________. Mede bere tiaa bi resrasra mpɔtam hafo, efisɛ minim sɛ ɔkwan a ɛte sɛ nea mmofra refa so nnɛ no haw mpanyimfo pii. Ɛtɔ mmere bi a, mmofra da animtiaabu, atuatew su mpo adi. Nanso mereka kyerɛwsɛm bi a ɛkyerɛ sɛnea da bi obiara besua sɛnea wɔtra ase bom wɔ asomdwoe mu ho asɛm.” Afei kenkan Dwom 37:11 na ka ho asɛm sɛnea ɛfata. Sɛ afiewuranom a wɔanyin te sɛ yɛn mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo no reka nsɛm a efi komam a ɛte saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu pii ani bɛsɔ yiye.—Dw. 8:2.
6 Mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo mpempem pii kɔ so de mmoa pa ma wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn anigye so. Mmofra a awofo a wosuro Onyankopɔn tete wɔn fi mmofraaase no yɛ nkuranhyɛ a wofi komam de ma wɔn sɛ wɔnyere wɔn ho nnya ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu kyɛfa kɛse no ho biribi ntɛm ara. Wɔn a wɔkɔ sukuu no wɔ hokwan soronko sɛ wobedi mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa adanse. Wɔn mu pii anya adanse a wodi wɔ asasesin soronko yi mu no mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye.
7 Enti boa mo asafo no mu mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo no ma wɔmfa hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde wɔn mmofraberem ahoɔden bɛsom Yehowa no nni dwuma, na womfi wɔn komam nyi no ayɛ.—Ɔsɛnk. 12:1.