Asemmisa Afa
◼ So ɛsɛ sɛ yɛfrɛ Asafo ti no wɔ telefon so de gye Bible nsemmisa ho mmuae anaa afotu a yɛn ankasa yehia?
Nnipa pii de telefon yɛ nneɛma ntɛmntɛm, nanso mpɛn pii no ɛnyɛ ntɛmpɛ nko nti na wɔyɛ saa. Wɔ wiase no mu no, wɔtaa ma ahotɔ a wɔn ankasa benya ho hia wɔn sen biara; nkurɔfo mpɛ sɛ wɔbɛbrɛ.
Hwɛ abira ara a yehu sɛ Onyankopɔn afotu ne eyi bɔ! Ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ nimdeɛ sɛ akorade a ahintaw, na ɛkyerɛ sɛ yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho. Osuahu da no adi sɛ saa a yɛyɛ no ma yenya akomatɔyam a ɛtra hɔ daa.—Mmeb. 2:1-4.
Sɛ asemmisa bi sɔre bere a yɛresiesie yɛn ho na yɛanya nhyiam mu kyɛfa anaasɛ yɛn ankasa yehyia ɔhaw bi a, mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ fata. Sɛ anka yɛbɛfrɛ Asafo ti no wɔ telefon so kɛkɛ no, nhwehwɛmu a yɛn ankasa yɛbɛyɛ wɔ Bible ne yɛn nhoma ahorow no, ne titiriw Watch Tower Publications Index no ne Kyerɛwnsɛm ne nsɛmti a wɔahyehyɛ mu no ho bɛba yɛn mfaso.
Enti bere a ‘yɛahwehwɛ akorade a ahintaw’ awie no, yebetumi akɔ yɛn asafo no mu mpanyimfo no mu biako nkyɛn, sɛ yɛda so ara hia mmoa a. Mpanyimfo no wɔ Bible mu nimdeɛ ne osuahu pii wɔ nsɛm a wɔhwehwɛ mu. Sɛ yehia ɔhaw a yɛn ankasa hyia anaa yɛn gyinaesi bi ho afotu a, wɔn mmoa a ɛkari pɛ no bɛyɛ nea ɛfata titiriw, efisɛ wɔbɛn yɛn ne yɛn tebea no.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 8:30, 31 ho.
Sɛ ɛte sɛ nea woda so ara hia ɛho nsɛm pii fi Asafo ti no hɔ tẽẽ a, ɛtaa yɛ papa sɛ wobɛkyerɛw krataa. (Hwɛ February 1975 kmTW Asemmisa Afã nso.) Mpanyimfo no betumi aboa ma woakyerɛw eyi nso. Krataa a ɛte sɛɛ no bɛma wɔanya bere ma wɔde mmuae no agyina nhwehwɛmu anaa nsusuwho a ɛsɛ, a mpɛn pii no telefon so ɔfrɛ mma wontumi nyɛ no so.