Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/93 kr. 6
  • Ka Yesu Kristo Ho Nokware Nimdeɛ Kyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Yesu Kristo Ho Nokware Nimdeɛ Kyerɛ Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nkratawa Da Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Adi
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nkratawa Fi Nkɔmmɔbɔ Ase
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nhoma Afoforo Toa Nkratawa no So
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 1/93 kr. 6

Ka Yesu Kristo Ho Nokware Nimdeɛ Kyerɛ Afoforo

1 Yɛde Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bedi dwuma wɔ yɛn asɛnka mu wɔ January mu. Dɛn na wobɛka de afi Bible nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de ase, na wode nhoma a eye kyɛn so yi bɛkyerɛ dɛn?

2 Yɛn Nkratawa Afoforo no a Yɛde Bedi Dwuma: Adawurubɔfo binom atumi de nkratawa akanyan Ahenni nkrasɛm no ho anigye, na afei wokodi ho dwuma denam nhoma foforo a wɔde ma no so. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi? Yɛbɛyɛ eyi denam yɛn kratawa foforo, So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? a yɛde bedi dwuma no so.

Bere a woakyia no wɔ ɔkwan a ɛfata so awiei no, wubetumi aka sɛ:

◼ “Yɛrebisa nkurɔfo sɛ ebia wobegye atom sɛ Yesu Kristo ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn. [Ma no bere ma ommua.] Nokwarem no, nnipa pii anya adesamma nsɛm so nkɛntɛnso, na ebinom aboa ma adesamma abusua no anya nkɔso, nanso hwɛ nea ɛma Yesu Kristo da nsow wɔ afoforo nyinaa ho no. [Kenkan Yohane 17:3.] Obi foforo biara nni hɔ a ɔwɔ tumi a ɔnam so de daa nkwa bɛma adesamma. [Bue kratawa no kratafa 3.] Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa nsɛm a ebesisi ansa na wiase no aba awiei ho asɛm. Nanso ɔhyɛɛ n’asuafo nkuran nso sɛ wɔn ani nnye efisɛ saa nsɛm a ebesisi no bɛkyerɛ sɛ wɔn gye rebɛn.” Bere a mode bere tiaa bi asusuw Kristo ba a waba ho sɛnkyerɛnne afã horow bi ho akyi no, twe adwene si kratafa a etwa to a ɛda n’Ahenni nniso no mu nhyira horow no bi adi no so.

3 Ɔdawurubɔfo kumaa anaa nea ɔyɛ ɔfoforo anaa nea ne ho nkokwawee betumi de kratawa no mu mfonini ahorow adi dwuma sɛ nnianim asɛm.

Sɛ ɔdawurubɔfo bi de “So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?” kratawa no redi dwuma a, obetumi abue nkratafa 3 ne 4 na waka sɛ:

◼ “Hwɛ mfonini abien yi, biako yɛ wimhyɛn a ɛretotow atopae wɔ ɔko bere mu, na nea ɛka ho no yɛ abofra bi a ɔkɔm de no. [Bue kratafa 5.] Hwɛ asasewosow ne ɔyarefo bi a ɔda ayaresabea mpa so ho mfonini yi. [Gyina kakra.] Bible no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na ahude a ɛte sɛɛ yi aba awiei.”

4 Sɛ ɛte sɛ nea onipa no ani gye ho a, kenkan Adiyisɛm 21:3, 4 tẽẽ fi Bible no mu anaa sɛnea wɔafa aka asɛm wɔ kratawa no kratafa 6 no. Wubetumi agyina anigye a ɔda no adi no so asi nsɛm afoforo so dua. Sɛ ofiewura no da anigye adi a, ebia wubetumi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ama no, na moayɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.

5 To Nhyɛase ma Akyiri Yi Nsrahwɛ: Nokwarem no, sɛ ebia yɛde kratawa anaa Onipa a Ɔsen Biara nhoma no anaa nhoma foforo na ɛmae, anaa yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye kɛkɛ a, yebetumi aka sɛ: “Da foforo a mɛba no, mɛpɛ sɛ meka kurow a wɔwoo Yesu wom no ho nokwasɛm bi a ɛyɛ anigye kyerɛ wo.” Hwɛ hu sɛ wode ahwɛyiye bɛkyerɛw nsrahwɛ no ne anigye a wɔdaa no adi no ato hɔ na sua ti 5, na wonam saayɛ so asiesie wo ho sɛnea ɛsɛ ansa na woakɔyɛ sankɔhwɛ no.

6 Ahenni no na ɛde nokware anidaso koro pɛ no ma adesamma. Momma yɛnna ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛka ‘Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo ho nokware nimdeɛ’ akyerɛ wɔn a yehyia wɔn nyinaa no adi.—Kol. 2:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena