Fa Nhumu San Kɔsra Anigyefo
1 Esiane ɔhaw ahorow a ɛsonsonoe nti, wɔn a wɔakyerɛ yɛn nkrasɛm no ho anigye no mu pii nni adagyew koraa nnansa yi. Enti, sɛ yɛresan akɔ anigyefo nkyɛn a, ebehia sɛ yɛda nhumu adi na ebia yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛka asɛm ko no ntɛm, gye sɛ ebia ofiewura no kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ kyɛ.
2 Di Kan Dwen Nea Yɛbɛka no Ho: Ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛpɛ sɛ yɛka no tra yɛn adwenem pefee bere nyinaa. Eyi hwehwɛ sɛ yɛsan kenkan nsrahwɛ ahorow a atwam no ho nsɛm a yɛkyerɛw too hɔ no na yɛkaakae nea yesusuw ho wɔ nkɔmmɔbɔ no mu, ne asemmisa biara a yɛammua a yɛde gyaw ofiewura no.
3 Sɛ yɛde atifi hɔ asɛm no nkyekyem 5 no mu nyansahyɛ no na edii dwuma a, sɛ yɛsan kɔ a, yebetumi aka sɛ:
◼ “Efi ɔsram a etwaam no mu no, nnipa pii resusuw Kristo awo ho. Bere a etwa to a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, mehyɛɛ bɔ sɛ mɛka kurow a wɔwoo Yesu wom no ho nokwasɛm bi a ɛyɛ anigye akyerɛ wo. So na wunim sɛ Bible no dii kan hyɛɛ nkɔm mfe 700 sɛ wɔbɛwo Yesu wɔ Betlehem?” Twɛn ma ommua. Afei, bere a woakenkan Mika 5:2 awie no, wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa, ɛnte saa? Ɛwom sɛ eyi yɛ Bible mu nokwasɛm a ɛyɛ anigye de, nanso so na wunim sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu nso?” Sɛ onipa no wɔ bere a, yebetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so, anaa sɛ onni adagyew a, yebetumi aka sɛ yɛbɛsan abɛsra no na yɛne no asusuw ho bio.
4 Sɛ yɛde kratawa “So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?” na ɛmae a, yebetumi aka nea edi so yi:
◼ “Hwɛ nea wɔaka wɔ kratafa 3 ha, wɔ asɛmti ketewaa ‘Sɛnkyerɛnne No’ ase. Eyinom fa nkɔmhyɛ ahorow a Yesu kae sɛ ɛbɛhyɛ nna a edi akyiri yi agyirae no ho. [Wo ne ofiewura no nsusuw nkɔmhyɛ ahorow abien anaa abiɛsa ho.] So wobɛka sɛ adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi rebam wɔ yɛn mmere yi mu?” Sɛ ɛfata na bere ma kwan a, ebia wobɛpɛ sɛ wohyɛ nyansa sɛ ɔnhwehwɛ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu na fa adwempa fa ma no. Kyerɛ no sɛnea ti 111 kyerɛkyerɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no mu pii no. Sɛ wode kratawa no nkutoo na ɛmae a, wubetumi adan nkɔmmɔbɔ no akɔ kratawa foforo anaa brochure bi te sɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba anaa “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” no so wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
5 Ofie Bible Adesua Ho Asɛm a Wobɛka: Sɛ yɛde Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ma ofiewura no anaa ɔwɔ bi dedaw a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde ti 111 kyerɛ sɛnea wɔyɛ ofie Bible adesua. Yebetumi afa ɔkwan a ɛte sɛ nea wɔfa so yɛ Asafo Nhoma Adesua no so. Sɛ adesua no nya nkɔso a, yebetumi asakra no asua brochure ahorow no mu biako anaa Tra Ase Daa nhoma no tẽẽ.
6 Momma yensiesie yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛbɛsan akɔsra anigyefo nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi, na bere nyinaa yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ kwan ama nsrahwɛ akyiri yi denam nsɛm a ɛyɛ anigye a yebebisa wɔ nkɔmmɔbɔ biara awiei no so. Eyi bɛboa ma ‘wɔasiesie yɛn koraa ama nnwuma pa nyinaa.’—2 Tim. 3:17.