Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
1 Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no sua ama anisɔ a yɛwɔ ma Yesu Kristo no ayɛ kɛse. Ɔkwan a ɛfata so no, da koro nhyiam titiriw dwumadi no a yebefi ase ɔsram yi no bɛka asɛmti, “Yɛn Nhwɛsofo Kɛse no Akyi Pɛɛ a Yebedi” ho asɛm, na aboa yɛn ma yɛahu nea n’akyi a yebedi no kyerɛ pefee.
2 Mfe a yɛadi anaa yɛde atra nokware no mu mfa ho, wɔbɛhyɛ yɛn a yɛbɛkɔ bi no nyinaa nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ade te sɛ Kristo. Dwumadi no fã bi de afotu bɛma mmofra titiriw. Ebesiesie wɔn ma wɔagyina nhomasua, anigyede, ne honam fam ade dodowpɛ ho nsɛnnennen ano. Wɔbɛma ɔkasa horow, aka osuahu ahorow, na wɔayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a esi sɛnea obi bɛko atia wiase no nkɛntɛnso na wasuasua Kristo no so dua.—1 Pet 2:21.
3 Nnipa a wɔahyira wɔn ho so foforo benya hokwan aka no baguam denam asu a wɔbɛbɔ wɔn de akyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no so. Wɔbɛma Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa a ɛma denhyɛ afa asubɔ no ho ansa na wɔabɔ wɔn asu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ da koro nhyiam titiriw no ase no ka ho asɛm kyerɛ wɔn ɔhwɛfo guamtrani ntɛm na wanya bere a ɛdɔɔso ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo ne wɔn asusuw nsemmisa a wɔahyehyɛ ama asubɔhwehwɛfo no ho.
4 Ɔmantam sohwɛfo no anaa ɔkasafo a Asafo ti no apaw no bɛma ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne sɛ “Yɛn Nhwɛsofo Kɛse no Akyi a Yebedi—Dɛn na Ɛde Ba?” Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ anigyefo nyinaa aba dwumadi a ɛma nkuranhyɛ na ɛhyɛ gyidi den yi ase. Ade kɛse a mfaso wɔ so biara nni hɔ a yebetumi ayɛ sen sɛ yebedi yɛn Nhwɛsofo Kɛse, Yesu Kristo, akyi.—Mat. 19:27-29.