Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/94 kr. 7
  • Hwɛ Wo Ho Yiye wɔ Ayamye a Ɛnteɛ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Wo Ho Yiye wɔ Ayamye a Ɛnteɛ Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ Nea Ɛsen ka a Wobɛka Sɛ “Mo Ho Nyɛ Mo Hyew na Mommee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Yɛboa Ahenni Adwuma No Wɔ Yɛn Man Mu Ne Wiase Nyinaa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asafo Mu Mpanyimfo—Monkɔ So Nsuasua Ɔsomafo Paul
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 2/94 kr. 7

Hwɛ Wo Ho Yiye wɔ Ayamye a Ɛnteɛ Ho

1 Wonim Yehowa nkurɔfo sɛ wɔda ayamye su adi. Eyi taa da adi wɔ honam fam bere a yesuasua Samariani a ohuu mmɔbɔ a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne bɛ a ɛka koma no mu no. (Luka 10:29-37) Nanso, ebinom a wɔmfata honam fam mmoa no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpɛ yɛn ayamye no ho mfaso. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn dɔ ma afoforo ne “nokware nimdeɛ ne ntease a edi mu” kari pɛ.—Fil. 1:9, New World Translation.

2 Wɔ Asafo no Mu: Sɛ nhwɛso no, ebia obi bɛka sɛ n’adwuma asɛe anaa ɔbɛkyerɛ nneɛma afoforo nti a ɔhwehwɛ mmoa. Ɛtɔ mmere bi a, saafo yi nyere wɔn ho nhwehwɛ adwuma, na mmom wɔpɛ sɛ afoforo mfa nea wohia wɔ asetra mu mma wɔn. Ɔsomafo Paulo de saafo no ho ahyɛde mae sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.”—2 Tes. 3:10.

3 “Ɛbere ne akwanhyia” to yɛn nyinaa, enti sɛ ahia yɛn wɔ honam fam, na yenni “daa aduan nnɛ” a, ɛnsɛ sɛ yedwennwen tra so, efisɛ Yehowa hwɛ wɔn a wɔdɔ no na wɔyɛ n’apɛde no. (Ɔsɛnk. 9:11, NW; Mat. 6:11, 31, 32) Nea ahia no no betumi ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔne mpanyimfo no mu biako bɛkasa. Ɔno nso betumi aka ho asɛm wɔ kokoam akyerɛ mpanyimfo kuw no. Mpanyimfo no betumi ahwɛ obiara a ɔrebisa mmoa no nsɛm tebea na wɔakyerɛ nea wobetumi ayɛ.—Fa toto 1 Timoteo 5:3-16 ho.

4 Akwantufo Nnaadaafo: Wɔda so ara bɔ Asafo ti no amanneɛ sɛ akwantufo nnaadaafo atwa asafo no mufo binom dwow agye wɔn sika ne wɔn honam fam nneɛma. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Kyerɛwnsɛm no de kɔkɔbɔ ma sɛ “nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, na wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Tim. 3:13) Nnaadaafo yi taa kyerɛ sɛ wɔaka akwantemfi na wohia sika de afa lɔre de bi atɔ aduan na wɔasan akɔ wɔn kurom. Afoforo bɛka adwuma ho nhyehyɛe a etumi daadaa afoforo ho asɛm. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ sɛ wɔka nokware de, nanso mpɛn pii no wɔnyɛ Yehowa Adansefo koraa, na mmom wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ bi kɛkɛ.

5 Sɛ ɔhɔho bi bisa mmoa a, nyansa wom sɛ wɔne no bɛbɔ teokrase nneɛma ho nkɔmmɔ de ahu sɛ ɔyɛ onua ampa anaa. Kohu asafo no mu mpanyimfo, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobetumi abisa ne ho asɛm wɔ telefon so ma wɔakyerɛ onipa no gyinabea. Anuanom anokwafo a wɔn ho kyere wɔn mpofirim bɛte ase sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu yi na abɔ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa ho ban. Ɔkwan foforo so no, saa nhwehwɛmu no bɛma nnaadaafo no ho ada hɔ. Ɛho nhia sɛ yenya obiara a yennim no ho adwene a ɛnteɛ wɔ ɔkwan a ɛmfata so, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ nnipa abɔnefo nnaadaafo ho.

6 Onyansafo Ɔhene Salomo de afotu mae sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmeb. 3:27) Yɛnam yɛn nhumu a nyansa wom no so betumi akɔ so ada mmɔborohunu adi bere a yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ayamye a ɛnteɛ ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena