Kanyan Afoforo ma Wonnyin Denam Sankɔhwɛ a Ɛsow Aba So
1 Sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔada anigye adi no a, ɛho hia sɛ yɛkɔ so ma wɔn honhom fam aduan denam sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ no daa so. Yɛn nsrahwɛ ahorow no bɛboa nkakrankakra ma wɔanyin wɔ honhom mu. (1 Kor. 3:6-9) Nanso, sɛ yɛn nsrahwɛ ahorow no bɛsow aba a, ɛho hia sɛ yedi kan siesie yɛn ho bere a yesusuw saa onipa no ho no.
2 Wɔn a Yɛmaa Wɔn Kratawa a Yɛbɛsan Akɔsra Wɔn: Ebia yɛde Wiase Foforo a Asomdwoe Wom kratawa no mae wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.
Bere a yɛatĩ nea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ no mu tiawa no, yebetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Nniso bɛn na ebetumi de nsakrae yi aba? [Twɛn ma ommua.] Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso w’ani begye sɛ wobɛtra tebea horow a ɛte sɛ eyi mu. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn ankasa atumi anya tebea horow a ɛte sɛɛ mu anigye?” Afei yebetumi asusuw asɛmti ketewaa a ɛne “Sɛnea Ebetumi Ayɛ Yiye Ama Wo” no ase asɛm no ho. Anaasɛ yebetumi atwe adwene asi Tra Ase Daa nhoma no ti 15 a ɛne “Onyankopɔn Nniso no Akoa a Wobɛyɛ” no so. Yebetumi asusuw nkyekyem abien a edi kan no ho na afei yɛabisa sɛ: “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ho ade a yesua no ka yɛn dɛn?” Yebetumi ayɛ nhyehyɛe akobua asemmisa no na yɛasusuw ti no mu nsɛm pii ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
3 Sɛ yɛsan kɔsra wɔn a yɛde “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” “brochure” no maa wɔn no a, yebetumi aka sɛ:
◼ “Bere a etwa to a mebae no, yesusuw ɔhaw pii a adesamma hyia ne nea Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ ho no ho. Nanso, dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan ma akyɛ saa? Mmuae a ɛyɛ anigye no wɔ brochure a yɛhwɛɛ mu no ɔfã 6.” Ka kyerɛ ofiewura no sɛ, sɛ ɛrenhaw no a, onnye biako. Bere a yɛasusuw nkyekyem kakraa bi ho awie no, yebetumi abisa sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mu mfaso?” Yebetumi aka ɔfã 11 a ese “Wɔreto Wiase Foforo no Nhyɛase Mprempren” a ɛwɔ nkratafa 28-31 ase hɔ no ho asɛm na yɛasusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
4 Wɔn a Yɛmaa Wɔn Nsɛmma Nhoma a Yɛbɛsan Akɔsra Wɔn: Sɛ wopaw asɛm pɔtee bi a ofiewura no ani gyee ho a, fa asɛm no mu nsɛm afoforo ka ho, na fa wo nsɛm no gyina asɛm a moresusuw ho no mu kyerɛwsɛm titiriw biako ne ɛho nkyerɛkyerɛ mu so, bere a woasan akɔ hɔ no. Afei yebetumi asusuw nsɛmma nhoma no so mfaso ho. Afei nso, yebetumi atwe adwene asi nsɛmma nhoma a ɛbɛba no so, sɛ asɛm bi a ɛka asɛmti koro no ara ho asɛm wom a. Sɛ ɛnte saa a, yebetumi atwe adwene asi Tra Ase Daa nhoma no mu asɛm a ɛfa asɛm no ho so, na yɛayɛ nhyehyɛe abɔ ho nkɔmmɔ wɔ yɛn nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
5 Anigye a yɛn ankasa bɛkyerɛ denam sankɔhwɛ a ɛsow aba a yɛbɛyɛ so no bɛda no adi sɛ yɛdɔ nnipa ne Yehowa. (Yoh. 13:34, 35) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so aboa wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ma wɔanyin honhom mu denam sankɔhwɛ a ɛsow aba a yɛbɛyɛ daa no so.