Kanyan Anigye wɔ Onyankopɔn Asomdwoe Ahenni no Ho
1 February mu no, yɛde nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛboa yɛn asasesin no mu nnipa komapafo ma wɔanya Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ ho anisɔ. Nsemmisa a wɔde hu afoforo adwene betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.
2 Bere a yɛde adamfofa su akyia awie no, yebetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Nniso mu nsakrae a ɛyɛ nwonwa rekɔ so wɔ wiase nyinaa, na wɔtaa ka asomdwoe a wobenya ho asɛm. So wote nka sɛ yebetumi anya nokware asomdwoe da bi? [Twɛn ma ommua.] Ɛwom sɛ nnipa pii wɔ anidaso sɛ nnipa atumfo de asomdwoe bɛba de, nanso hwɛ sɛnea Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔde asomdwoe bɛba sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Dwom 46:9. [Kenkan.] Nsakrae bɛn na wususuw sɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ no de bɛba asase so?” [Tie ofiewura no mmuae, na afei bue Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 156-8, na munsusuw mfonini no ho nsɛm no ho.] Wubetumi de nhoma no ama wɔ eyi akyi. Yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na momfa Tra Ase Daa nhoma no ti 19 nsusuw asemmisa a ɛne “Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?” no ho. Sɛ ofiewura no annye nhoma no a, fa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no ma no.
3 Anaasɛ yebetumi aka sɛ:
◼ “Wɔka nsɛnnennen a ɛhaw adwene a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di ho dwuma da biara no ho nsɛm pii. So wote nka sɛ anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebenya ahotɔ afi ɔhaw ahorow yi mu? [Twɛn ma ommua.] Ebia ebinom bɛte nka sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn amanehunu no ho. Nanso, hyɛ nea ɔhyɛ ho bɔ wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no nsow.” Kenkan nkyekyem no. Wubetumi de Tra Ase Daa nhoma no, nsɛmma nhoma a aba foforo anaa So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? kratawa no adi dwuma wɔ ha. Sɛ wode kratawa no ma a, mubetumi asusuw asɛm a ɛwɔ nkratafa 2 ne 3 wɔ asɛmti a ɛne “Wiase Yi Daakye” ase no ho. Wubetumi asi nhoma foforo a wode bɛma no ho gyinae. Sɛ wode So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no ma a, wubetumi abisa sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan?” Twe adwene si ɔfã 6 so wɔ brochure no mu, na yɛ nhyehyɛe na munkosusuw eyi ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
4 Wubetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo biako mu asɛm bi adi dwuma denam asɛm a woapaw mu asɛm pɔtee bi a wobɛka no so.
Afei wubetumi de nsɛmma nhoma no akyerɛ, na ebia woaka sɛ:
◼ “Eyi kyerɛkyerɛ asɛm no mu kɛse. [Kenkan ɔkasamu biako anaa abien a woapaw dedaw.] Asɛm no de nkyerɛkyerɛmu afoforo a ɛbɛhyɛ wo ne w’abusua nkuran ma. Yɛn ani begye ho sɛ yɛde nsɛmma nhoma no ne nea ɛka ho yi bɛma wo.” Sɛ ofiewura no gye nsɛmma nhoma no a, ɛbɛfata sɛ woyɛ nhyehyɛe san kɔsra no.
5 Mpɛn pii no nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ntumi nhu faako a wɔnnan nkɔ na wɔanya ɔhaw ahorow a adesamma rehyia no ano aduru. Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛka daakye ho anidaso a ɛda di pefee akyerɛ wɔn. (Aso. 17:27) Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛde nsiyɛ bɛtwe nkurɔfo adwene asi Onyankopɔn ahenni a ɛne asomdwoe fibea ankasa no so.