Ma Wɔn Ani Nnye wɔ Nkaedi no Ase
1 Wɔ nnansa yi mfe mu no, nnipa 3 biara a wɔaba Nkaedi mu 1 pɛ na ɔyɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo. Ɛda adi sɛ saa ara na ɛbɛyɛ wɔ afe yi mu. Ebinom bɛba esiane sɛ wɔn busuani anaa wɔn yɔnko bi a ɔte kurow foforo mu ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ saa nti, na asafo a ɛwɔ hɔ no mu adawurubɔfo nso to nsa frɛ afoforo. Afei nso wɔn a wɔabɔ wɔn asu nanso wɔnkɔ asɛnka daa betumi aba. Yefi komam ma wɔn a wɔkyerɛ obu ma Yesu ahyɛde a ese: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” no nyinaa akwaaba.—1 Kor. 11:24; Rom. 15:7.
2 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonnye ahɔho no ani da hɔ na wɔma obiara a ɔba Ahenni Asa no so akwaaba, titiriw ahɔho. Nanso, yɛn nyinaa betumi anya ahɔhoyɛ a wɔda no adi wɔ Nkaedi no ase mu kyɛfa. (Rom. 12:13) Ɔkwan bɛn so?
3 Saa anwummere no, adawurubɔfo binom bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ kar ama anigyefo. Afoforo nso betumi aba ntɛm na wɔakyiakyia ahɔho a wɔn nkutoo na wɔbae. Sɛ ɔhɔho bi ba asa no so a, fa anigye kyia no na fi ase ne no mmɔ nkɔmmɔ. Bisa no sɛ onim obi wɔ mo asafo no mu a. Sɛ onim obi a, tra ne nkyɛn kosi sɛ onii no bɛba. (Fa toto Luka 10:35 ho.) Sɛ onnim obiara a, dɛn nti na wonto nsa mfrɛ no mma ɔmmɛtra wo nkyɛn bere a dwumadi no rekɔ so no? Ka sɛnea wɔde bobesa ne abodoo no bedi dwuma wɔ dwumadi no mu. Ebia obehia wo mmoa na watumi abue kyerɛw nsɛm a ɔkasafo no bɛbobɔ din no.
4 Sɛ Nkaedi no ba awiei a, ma onhu sɛ w’ani agye sɛ ɔbae. Ebia na ɔwɔ yɛn adwuma no ho nsemmisa bi a wubetumi abua. Anigye a w’ankasa wokyerɛ wɔ ne ho no betumi ama moafi Bible nkɔmmɔbɔ bi ase wɔ Ahenni Asa no so anaasɛ baabi foforo. Anuanom a wɔn ani da hɔ a wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ saa ade a ɛfata nkamfo yi atumi afi adesua a ɛyɛ anigye pii ase. Ansa na ɔhɔho no befi Ahenni Asa no so no, fa no kyia afoforo, na fa anigye to nsa frɛ no sɛ ɔnsan mmra bere foforo.
5 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛma yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo a wɔntaa mma nhyiam horow anaa wɔnkɔɔ asɛnka bere tenten akwaaba! Sɛ́ anka wubebisabisa wɔn nea enti a wɔmma adesua no, wode ma wonhu sɛ w’ani agye sɛ wɔaba kɛkɛ. Ebia biribi a wɔbɛte wɔ Nkaedi kasa no mu bɛkanyan wɔn ma wɔahwehwɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a wɔnam ahosohyira so anya no mu yiye. Anigye mu a wubefi ama wɔn akwaaba, na woada no adi sɛ wudwen wɔn ho ankasa no betumi aka wɔn koma. Ma wonhu sɛ wohwɛ kwan sɛ wubehu wɔn bio.—Rom. 1:11, 12.
6 Asafo dodow no ara bɛma baguam ɔkasa titiriw bi a n’asɛmti ne “Nokware Som de Adesamma Abusua no Ahiade Ahorow Ma Wɔn” wɔ April 10. Hwɛ hu sɛ woato nsa afrɛ wɔn a wɔba Nkaedi no nyinaa, na boa wɔn ma wɔmmra. Ɛyɛ yɛn mpaebɔ sɛ wɔn a wɔba saa nhyiam titiriw abien yi ani begye na wɔanya Yehowa nkurɔfo mu fekubɔ a ɔdɔ wom.—Dw. 133:1.