Pae Mu Ka W’anidaso ho Asɛm Pintinn
1 Ɔwɛn-Aban Adesua no yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so de honhom mu ‘aduan a ɛba bere a ɛsɛ mu’ ma Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ. (Mat. 24:45) Adwene titiriw abien nti na yɛkɔ saa adesua a ɛho hia yi—yɛde hyɛ yɛn ho den honhom mu, na yɛpae yɛn anidaso no mu ka kyerɛ afoforo.—Heb. 10:23-25.
2 Mfaso a Yebenya: Wobu akontaa sɛ wɔ asafo dodow no ara mu no, atiefo baasa biara mu biako pɛ na odi kan sua adesua asɛm no. Wɔn a wɔma mmuae no dodow te saa ara. Honhom mu aduan a ɛyɛ den a wonya wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no ankasa ase no ntumi nka w’adwenem yiye. Ehia sɛ wode bere si hɔ di kan sua asɛm no.
3 Sɛ woresiesie wo ho ama adesua no a, nea ebetumi aboa wo ne sɛ wubedi kan akenkan adaka a ɛwɔ adesua asɛm no awiei hɔ no mu nsemmisa no na woasusuw ho. Eyi betumi aboa wo ma wode w’adwene asi nsɛntitiriw a wobesusuw ho wɔ adesua no mu so.
4 Bere a adesua no rekɔ so no, tie nea wɔka no yiye. Yɛ aso tie adesua sohwɛfo no nnianim nsɛm no; saa nsɛm yi na wɔde da adesua no adi. Ebia obebisa nsɛm abiɛsa anaa anan a wobesusuw ho, anaasɛ sɛ adesua no yɛ dapɛn a etwaam no de ntoaso a, obetumi atĩ emu nsɛntitiriw bi mu. Sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ Bible nkɔmhyɛ bi anaa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bi ho ntease mu a, ɔbɛtwe yɛn adwene asi eyi so. Nanso, ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no nsɛm yi ntiantia, efisɛ adesua no atirimpɔw biako ne sɛ ɛbɛma asafo no anya hokwan de ada wɔn anidaso adi. Bere a afoforo reka nea wɔasua ho asɛm no, wɛn w’aso tie no yiye; eyi betumi aboa wo ma wo gyidi ayɛ den.
5 Pae Mu Ka W’anidaso: So woma mmuae wɔ adesua no mu daa? Mmuae ntiantia a ɛfa asɛm no ho tee na eye paa. (Fa toto Luka 21:1-4 ho.) Obiara ani sɔ mmuae tiawa a efi komam. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ asemmisa bi ho mmuae a edi kan no yɛ tiawa na ɛfa asɛm no ho pɔtee. Eyi ma afoforo tumi ka kyerɛw nsɛm bi mu asɛm anaa wɔtwe adwene si nkyekyem no mu nsɛm afoforo so. Saa kwan yi so no, nnipa pii betumi apae mu aka wɔn anidaso. Ɛsɛ sɛ mmuae ahorow gyina nneɛma pa a ɛma denhyɛ so bere nyinaa.
6 Sɛ afei na woafi ase reba adesua no anaasɛ wofɛre sɛ wobɛma mmuae a, wubetumi abisa mmoa afi nea ɔhwɛ so no hɔ. Ka kyerɛ no sɛ edu nkyekyem bi so a, wobɛma wo nsa so ma wafrɛ wo. Ebia wubetumi ama wo nsa so akenkan kyerɛwsɛm bi a wɔabɔ din na woakyerɛkyerɛ mu tiawa. Wubetumi akyerɛw nsɛm ntiantia wɔ wo nsɛmma nhoma no ano, na aboa wo ma woakae nea wopɛ sɛ woka. Sɛ woyɛ abofra a, kae sɛ afoforo pɛ sɛ woma mmuae, na wɔn ani sɔ.—Mat. 21:16.
7 Ɛho hia sɛ yɛda yɛn gyidi adi, na Ɔwɛn-Aban Adesua no ma yɛn hokwan fɛfɛ a yɛde bɛyɛ saa. Sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma mmuae a, yɛ nea wubetumi biara fa di ɔhaw no ho dwuma, na bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako. Ɛno bɛkyerɛ sɛ wo nso woayɛ wo fam de de aboa ma adesua no akɔ so, na ɛbɛma w’ani agye kɛse. Enti dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a ɛreba yi ara mu?—Mmeb. 15:23.