Ɔsom Nhyiam Horow Ma March
Dapɛn a Efi Ase March 7
Dwom 200
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Ka “Fa Young People Ask Nhoma no Ma” ho asɛm tiawa, na hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa nhoma no nni dwuma bere a ɛfata mu.
15 min: “Pae Mu Ka W’anidaso ho Asɛm Pintinn” Asemmisa-ne-mmuae a Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo de susuw ho. Bisa wɔn a wɔadi osuro a na wɔwɔ sɛ wɔbɛma mmuae wɔ nhyiam horow ase so nsɛm. Si hia a ahosiesie a wodi kan yɛ ho hia so dua. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wobenya Ɔwɛn-Aban a asafo no sua dapɛn biara no mu kyɛfa akosi ase.
15 min: “Pae Mu Ka Adiyisɛm Nkrasɛm a Ɛyɛ Anigye No.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Ma adawurubɔfo bi nsiesie wɔn ho yiye nyɛ akwan a wɔfa so de asɛm no ma a ɛwɔ nkyekyem 2-4 no ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Wɔ ɔyɛkyerɛ biara akyi no, ma atiefo no nka nea wosua fii ɔkwan a wɔfaa so no mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ onnya Adiyisɛm Awiei nhoma no a wɔde bɛma mu kyɛfa ɔsram yi.
Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 14
Dwom 205
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow, ne afei sikasɛm ho amanneɛbɔ ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Twe adwene si nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu nsɛm pɔtee bi a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu saa dapɛn yi so.
15 min: “So Wubetumi Ayɛ Pii de Ayi Yehowa Ayɛ Wɔ April Mu?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Bisa wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo bere bi a atwam nsɛm. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn bere nhyehyɛe mu na ama wɔatumi anya hokwan yi mu kyɛfa. Hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akwammisa kratasin mmra ntɛm sɛnea wobetumi biara.
20 min: “Ma Wɔn Ani Nnye wɔ Nkaedi no Ase.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Mowie nkyekyem 3 a, ma wonyɛ asafo mu ɔsomfo bi a ɔrema ɔfoforo bi akwaaba aba Nkaedi no ase ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 150 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 21
Dwom 143
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnto nsa mfrɛ anigyefo ma wommetie ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 10 no. Asemmisa Afã. Ma emu nna hɔ sɛ obi ware amanne kwan so na sɛ obu bra pa a, wontumi nsiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo, ɛwom sɛ ebia na onnya mfaa n’amanne kwan so aware no nhyɛɛ mmara ase de.
18 min: “Boa Wɔn ma Wɔnyɛ Nkrasɛm no ho Biribi.” Nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔkwan a wɔfa so de asɛm no ma a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 2 ne 3 no ho ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔasiesie no yiye.
15 min: Asafo ahiade, ebia nea ɛfa Nkaedi ho nhyehyɛe ahorow ho. Anaasɛ ɔkasa a emu nsɛm fi asɛm a ɛwɔ December 22, 1993 Awake!, nkratafa 25-27 a wɔato din “Live a Double Life—Why Not?” ne nea ɛwɔ January 22, 1994 de mu a wɔato din “How Can I Break Free From a Double Life?” nkratafa 18-20 (Twi de no yɛ April 8, 1994 na asɛmti no se “Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Asetra Akwan Abien?”). Mmfa nsɛm a ano yɛ den nni dwuma, mmom fa nkuranhyɛ ma na si pi.
Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 28
Dwom 112
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Munsusuw akwan a ɛfata a wobetumi afa so de nhoma a yɛde bɛma April mu adi adanse wɔ mo asasesin mu ho na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea adawurubɔfo binom ama afoforo akra nsɛmma nhoma.
15 min: Ɔpanyin bi de 1994 Yearbook kratafa 19-32 no mu nsɛntitiriw a wapaw di dwuma de susuw wiase nyinaa Ahenni adwuma a emu atrɛw no ho na osi nneɛma pa a mo asafo no yɛ de boa so dua. Kyerɛ sɛnea Yehowa rehyira ne nkurɔfo kɛse, a wɔn a wɔn tebea nti wontumi nyɛ pii no ka ho.
15 min: “‘Akyɛde Pa Nyinaa’ Mafo No.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 1, 1993 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-31 so.
Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.