Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/1 kr. 28-31
  • “Akyɛde Pa Nyinaa” Mafo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Akyɛde Pa Nyinaa” Mafo No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nhwɛso
  • Nea Enti a Yɛkyɛ Ade
  • Akwan a Yɛbɛfa so Akyɛ Ade
  • Sɛnea Ebinom yi Ntoboa ma Ahenni Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Ɛhe na Sika no Fi?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • ‘Fa W’ahonyade Hyɛ Yehowa Anuonyam’—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Bi Ma Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/1 kr. 28-31

“Akyɛde Pa Nyinaa” Mafo No

“Bere bi Reformed asɔre no panyin bi bɛsraa me. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛnea midi m’asɔre no sikasɛm ho dwuma. Meka kyerɛɛ no sɛ: ɛde akasakasa ba nkurɔfo ntam. Yɛmfa prɛte mfa nkurɔfo anim nnyegye sika.‘Obisae’ sɛ, ‘moyɛ dɛn nya sika?‘ Mibuae sɛ,’Owura ​—​—​—, sɛ meka nokwasɛm no kyerɛ wo tiawa a, ɛbɛyɛ dɛn sɛ wubegye adi. Sɛ nkurɔfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa saa a, wɔmfa prɛte biara mfa wɔn anim. Nanso wohu sɛ aka wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wotua. Wɔka kyerɛ wɔn ho sɛ, “Wɔde sika na esii dan yi. . . . Mɛyɛ dɛn atumi ayi ntoboa kakra de aboa?” ‘Ɔhwɛɛ me te sɛ nea ɔresusuw sɛ ‘Wubu me dɛn​—abofra anaa?’ Mekae sɛ, ‘Owura ​—​—​—, nokware turodoo na mereka no. . . . Sɛ obi nya nhyira na sɛ ɔwɔ biribiara a, ɔpɛ sɛ ɔde boa Awurade. Sɛ onni biribiara a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no sɛ ɔmfa biribi mmra?’”

​—Charles T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo na titrani a odi kan, “The Watch Tower,” July 15, 1915.

YƐKYƐ ade, efisɛ Yehowa Nyankopɔn na odii kan kyɛɛ ade. N’adekyɛ no fii ase mfe ɔpepepem pii bere a ɔbɔɔ ade​—n’abɔde a odi kan koraa, ne “ba a ɔwoo no koro” no. (Yohane 3:16) Ofi ɔdɔ mu maa afoforo nkwa akyɛde no.

Akyɛde a ɛsen biara a Yehowa de ama yɛn ne ne Ba, Yesu Kristo no. Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn Ba no nko na ɔde no akyɛ yɛn. Ɔsomafo Paulo frɛ “Onyankopɔn dom a aboro so” no Yehowa ‘akyɛde a enni kabea no.’ (2 Korintofo 9:14, 15) Ɛda adi sɛ saa akyɛde yi ne papayɛ ne adɔe biara a Onyankopɔn nam Yesu so da no adi kyerɛ ne nkurɔfo no. Ɔdom a ɛte saa no yɛ nwonwa araa ma ɛboro nea nnipa betumi akyerɛkyerɛ mu so. Nanso, nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn afoforo pii wɔ hɔ.

Bere tenten bi a atwam ni no, ɔhene bi fi nyansa mu de ahobrɛase gye toom sɛ nneɛma pa a ɔde mae sɛ akyɛde nyinaa yɛ Yehowa de ankasa. Ɔkae sɛ: “Nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. . . . Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.”​—1 Beresosɛm 29:11-14.

Onyankopɔn Nhwɛso

Ná Yakobo, Yesu Kristo suani no nim sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde biribiara a eye koraa wɔ biribiara mu ma. Akyɛde a ɛyɛ pɛ nkutoo na ɔde ma. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.”​—Yakobo 1:17.

Wɔ ade a wɔde kyɛ mu mpo no, Yakobo huu sɛnea Onyankopɔn yɛ soronko fi nnipa ho. Nnipa tumi ma akyɛde pa nanso wɔnyɛ saa bere nyinaa. Saa akyɛde ahorow yi betumi afi pɛsɛmenkominya adwene mu, anaa wobetumi de asɔ obi ahwɛ ma wayɛ ade bɔne. Nsakrae biara nni Yehowa fam; ɔnsesa. Enti, sɛnea n’akyɛde te no nsakra. Ɛho tew bere nyinaa. Ɛboa adesamma yiyedi ne yɛn anigye bere nyinaa. Efi ayamye mu, na ɛboa yɛn bere nyinaa, ɛnsɛe ade da.

Nea Enti a Yɛkyɛ Ade

Wɔ Yakobo bere so no, na nyamesom akannifo a wɔagya din no kyɛ ade, titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu wɔn. Ná wɔn adekyɛ no mfi adwempa mu. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ nnipa kamfo wɔn nti, wogyaee wɔn trenee nnyinasosɛm no mu siesiee. Nanso, na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ soronko. Yesu tuu wɔn fo sɛ: “Sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyia adan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw. Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ; na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.”​—Mateo 6:2-4.

Nea enti a Kristoni kyɛ ade ne sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔanya wɔn ahiade bi anaa ɔbɛma wɔn ani agye anaasɛ ɔde bɛboa nokware som. Ɛnyɛ anuonyampɛ nti na wɔyɛ saa. Nea ɛte biara no, Yehowa aniwa betumi ahu yɛn komam tɔnn. Obetumi ahu adwene ankasa a ɛwɔ akyɛde ahorow a yɛde ma akyi.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Yehowa ne ne Ba no nhwɛso akyi wɔ akyɛde a wɔde ma no mu. Wɔde nea wɔwɔ no ma. Wɔwɔ Ahenni asɛmpa no, na wɔde eyi ma na afoforo anya nhyira. Wonim sɛ Mmebusɛm 3:9 ka sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” Esiane sɛ baa dwumadibea, asafo, ne ankorankoro biara bɔ mmɔden yiye boa obiara yiyedi nti, onuayɛ no nyinaa yɛ den na wodi yiye wɔ honhom fam. Honam fam yiyedi mfa honhom fam yiyedi mma, nanso honhom fam yiyedi de honam fam yiyedi a etumi di Yehowa adwuma no ahiade ho dwuma ba.

Akwan a Yɛbɛfa so Akyɛ Ade

Akwan pii wɔ hɔ a ankorankoro biara betumi afa so ayɛ biribi de aboa asɛmpa no. Ɔkwan biako ne nea yɛbɛyɛ wɔ Ahenni Asa ahorow ho. Asafo no mufo nyinaa kɔ Ahenni Asa so. Ɛyɛ obi na ɔde sika ama sɛ wɔmfa nsi anaa wɔmfa ntua ɛho ka, mfa nnye akanea mmra hɔ, mfa nyɛ nhyehyɛe na wɔanya mframa a ɛfata wɔ hɔ, na wɔmfa nsiesie hɔ. Esiane sɛ ehia sɛ obiara boa asafo no nti, wɔde ntoboa nnaka sisi Ahenni Asa no so, na wɔde ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi a wɔn nsa ka no tuatua ɛka a asafo no bɔ. Sɛ asafo no pɛ a, wobetumi asi gyinae sɛ wɔde nkae no bi bɛyɛ ntoboa akɔma ɛhɔ Ɔwɛn Aban baa dwumadibea no.

Obi betumi ayi ntoboa akɔma Asafo ti no baa dwumadibea no ankasa na wɔde atete asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atitiriw a wɔwɔ wiase aman a asɛmpa no nnuu nnipa pii nkyɛn mu no. Ɛka a wɔbɔ no asɛmpa no trɛw ho no bi ne nea wɔde boa ahwɛfo akwantufo adwuma no. Ɔsomafo Paulo a ɔyɛɛ nhwɛso wɔ akwantu adwuma no mu wɔ afeha a edi kan no mu no, kamfoo Filipi asafo no sɛ: “Mosomae prɛko ne ne mprenu brɛɛ me nea ehia me.” (Filipifo 4:14-16) Ɛka a wɔbɔ no bere nyinaa som adwuma afã horow yi ho, a baa dwumadibea nyinaa di ho dwuma akyi no, wosiesie Betel ofie biara na wɔhwɛ wɔn a wɔte hɔ na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no. Nhoma ahorow a asɛmpa no nkrasɛm a ɛyɛ anigye no wom no kyerɛw ne ne tintim yɛ hokwan nwonwaso a Onyankopɔn de ama, nanso nhoma a wɔkyekyɛ no ho hia, na wɔbɔ ho ka. Afei nso wɔbɔ nhyiam nketewa ne akɛse ho ka, na ɛka a wɔbɔ wɔ nsɛm a wodii wɔ asennibea de ‘yii asɛmpa no ano wɔ mmara kwan so’ ho no mpo mmae.​—Filipifo 1:7.

Yehowa somfo biara fi ne pɛ mu na ɔde n’ankasa ne bere ka asɛmpa no, na saa na honam fam akyɛde a ɔde ma no nso te. Ɔsomafo Paulo hyɛ sika a wɔde si hɔ daa na wɔde aboa ama wɔatrɛw nokware som mu no ho nkuran: “Na ɔtow a wɔde kɔma ahotefo no ho de, . . . daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie.”​—1 Korintofo 16: 1, 2.

Sɛ obi yi ntoboa a, ɛnyɛ bere nyinaa na onim ade pɔtee a wɔde sika no bɛyɛ, nanso ohu nea efi mu ba no wɔ Ahenni asɛnka a wɔtrɛw mu no mu. Amanneɛbɔ a ɛwɔ 1993 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu kyerɛ sɛ Kristofo asomfo bɛboro 4,500,000 reka Ahenni asɛmpa no wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 200 so. Amanneɛbɔ a ɛtete saa yɛ ako- matɔyam. Enti, akyɛde biara, a ne kɛse mfa ho boa asɛmpa no a wotrɛw mu wɔ wiase nyinaa no.

Ntoboa a obiara yi a wɔka bom na wɔde boa saa adwuma yi. Ebinom tumi ma pii, na ɛboa asɛnka adwuma no kɛse. Afoforo mma kɛse saa. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔn a woyi ntoboa kakraa bi no fɛre anaa wɔte nka sɛ kyɛfa a wonya no sua dodo. Ɛda adi sɛ Yehowa nte nka saa. Yesu maa eyi mu daa hɔ pefee bere a ɔkyerɛ sɛnea Yehowa ani sɔɔ okunafo no kaperɛ no. “Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mman abien beguu mu. Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”​—Luka 21:2-4.

Ɛmfa ho sɛnɛa yɛn sikasɛm te biara no, yebetumi ayi ntoboa wɔ akwan a ɛsɔ Yehowa ani so. Odwontofo no bɔ sɛnea yebetumi de anuonyam ama yɛn Hene ne Temmufo no mua wɔ ɔkwampa so. Ose: “Momfa [Yehowa] din anuonyam mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’abangua so.” (Dwom 96:8) Enti momma yensuasua yɛn soro Agya no nhwɛso a ɔdɔ wom no denam yɛn anim a yɛbɛtew akyɛ ade so efisɛ ɔno na odii kan maa yɛn akyɛde.

[Adaka wɔ kratafa 30]

SƐNEA EBINOM BOA MA WƆYƐ AHENNI ADWUMA NO

◻ NTOBOA MA ADWUMA NO YƐ WIASE NYINAA: Pii yi sika bi to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho sɛ: “Ntoboa ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No​—Mateo 24:14,” no mu. Ɔsram biara no, asafo ahorow de sika yi mana wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa baa dwumadibea a ɛbɛn wɔn sen biara no.

◻ AKYƐDE AHOROW: Wobetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amana Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Colombia Heights, Brooklyn, New York 11201 tee anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ obi aman mu. Wobetumi de agude anaa nneɛma afoforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wɔde krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.

◻ NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Wobetumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, a wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.

◻ INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.

◻ SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wɔasie wɔ krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ma Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a, wɔatua ama Asafo ti no, sɛnea ɛne ɛhɔ sikakorabea ahwehwɛde ahorow hyia. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no ammanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.

◻ ADWUMA MU KYƐFA NE SIKA A WƆDE BƆ BOSEA: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa wɔayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.

◻ ADAN ANAA NSASE: Obi betumi de adan anaa nsase ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu no. Ɛsɛ sɛ obi bisa Asafo ti no ansa na ɔde adan ne nsase ama Asafo ti no.

◻ NSAMANSEW NE SIKA A WƆDE SIE MA WƆHWƐ SO: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so samansew so, anaa ɔbɛyɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wɔtaa tew tow a wotua wɔ sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so. Ɛsɛ sɛ wɔde samansew no anaa sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so no ho krataa no biako mana Asafo ti no.

Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho nsɛm pii a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛbɛ wo sen biara no.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛnea wɔde nea wode boa no di dwuma

1. Betel odwumayɛfo

2. Baa dwumadibea a wosi

3. Nneɛma a wɔde boa wɔn a asiane ato wɔn

4. Ahenni asa a Wosi

5. Asɛmpatrɛwfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena