Sankɔhwɛ a Wode Bɛkanyan Anigye
1 Wɔde ɔsom adwuma no atoto kuadwuma ho ma afata, na wɔde sankɔhwɛ a wɔyɛ atoto adɔw ne nsu a wɔde gugu nnɔbae so ho. (Mat. 13:23; Luka 10:2; 2 Kor. 9:10) Sɛ́ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa aba foforo biara a afifi no ma enyin sow aba. (1 Kor. 3:6, 9) Ɔkwan a eye sen biara bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa?
2 San kɔsra wɔn a wɔda anigye adi nyinaa no ntɛm ara. Hwɛ wo afie afie kyerɛwtohɔ so na si wɔn a wobɛkɔ akɔsra wɔn ne nea mubesusuw ho no ho gyinae. Mpɛn pii no nea mususuw ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no na ɛbɛkyerɛ asɛmti ko a mubesusuw ho. Yɛ fakaa, bere a woma Kyerɛwnsɛm mu nsɛm afoforo a wubetumi ada no adi tra w’adwenem no. Ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ wode Bible no bedi dwuma, na wuhu tumi a ɛwɔ sɛ ebedu komam no.—Heb. 4:12.
3 Sɛ wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” “brochure” no mae a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi de afi ase:
◼ “Nnipa komapafo pii gye di sɛ Onyankopɔn rebɛsɛe asase no, na afoforo nso suro sɛ onipa ankasa bɛyɛ saa. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ sɛ́ anka Onyankopɔn bɛsɛe asase no mmom no, ɔbɛpra amumɔyɛ afi so, na wama ayɛ baabi a asomdwoe ne ahotɔ wɔ.” Twe adwene si kratafa 22 so, na kenkan Mmebusɛm 2:21, 22 a wɔafa emu asɛm aka wɔ hɔ no. Kyerɛkyerɛ ofie Bible adesua nhyehyɛe no mu, anaasɛ fa nsɛmma nhoma a aba foforo ma, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn na moabesusuw Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no ho nsɛm pii ho.
4 Sɛ wode “Hwɛ!” “brochure” no mae a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a etwaam no mu no, yɛkenkanee bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ asase no paradise, te sɛ nea wɔayɛ ho mfonini wɔ brochure a mede maa wo no anim ne akyi no ho asɛm wɔ Bible no mu. Yɛnam Onyankopɔn apɛde ne sɛnea ɛka yɛn no ho nsɛm pii a yebesua no so betumi anya nhyira horow yi.” Kenkan Yohane 17:3, na afei dan kɔ nkyekyem 52 ne 53 so wɔ kratafa 27. Munsusuw nea enti a ɛho hia sɛ onya Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ ho tiawa.
5 Sɛ woresan akɔ obi a ɔpɛ nyamesom a wode “Asetra Atirimpɔw” “brochure” no maa no nkyɛn a, ebia wubehu sɛ ɛfata sɛ wobɛka sɛ:
◼ “Ɛda adi yiye sɛ woati Awurade Mpaebɔ no mu mpɛn pii. Dɛn na wususuw ho bere a woka sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no?” Wɔ ofiewura no mmuae akyi no, twe adwene si nkyekyem 8 ne 9 so wɔ kratafa 26, na afei kenkan Daniel 2:44. Ebia wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so akyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba de nsɛmmɔnedi ne amanehunu bɛba awiei. Da no adi sɛ sɛ yɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn ani so a, yebetumi anya daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase yi so.
6 Kae sɛ wubetumi asan akɔsra obiara a ɔpɛe sɛ otie, sɛ́ ebia womaa no nhoma anaasɛ woamma no. Bɔ mmɔden sɛ wubeyi bere bi asi hɔ dapɛn biara de ayɛ sankɔhwɛ ahorow. Yehowa behyira nsiyɛ a wode bɔ mmɔden sɛ wubedi anigye a wuhu no ho dwuma no so. Ɛmmra sɛ ɛbɛsow aba na ɛde nkamfo abrɛ no.—Yoh. 15:8.