Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/94 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 3/94 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Ma wɔnkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! June: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

◼ Ɛsɛ sɛ obiara a ɔne asafo bi bɔ no fa asafo no so de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔrekra no foforo anaa nea wɔresan akra ho kratasin nyinaa, a wɔn ankasa de ka ho mana.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1, anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmfa ho nkaebɔ mma asafo no.

◼ Efi May 9, 1994, kosi September 26, 1994 no, yebesua nhoma Happiness—How to Find It wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.

◼ Nkaedi no bɛba so March 26 bere a owia akɔtɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosiesie a edi mũ ma Yesu wu ho afahyɛ no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ ebedu Dwoda, March 28 no, na ɔde Nkaedi ho Amanneɛbɔ no a wahyehyɛ awiei no amana.

◼ Wɔkae obiara sɛ onni Nkaedi Bible Akenkan a epue wɔ “Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa” nhomawa mu no akyi.

◼ Asafo dodow no ara bɛma afe yi Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no April 10. Ɔkasa no asɛmti ne sɛ, “Nokware Som de Adesamma Abusua no Ahiade Ahorow Ma Wɔn.” Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kɛse to nsa frɛ wɔn a wɔbɛba Nkaedi no bi March 26 no.

◼ Nhoma Afoforo a Ɛwɔ Hɔ: Engerisi: Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom.

◼ Nnipa dodow a ɛsen biara 117,116 na wɔkɔɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no wɔ ɔman no nyinaa mu, na wɔbɔɔ 2,089 asu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena