Fa Young People Ask Nhoma no Ma
1 Ɛwom sɛ Adiyisɛm Awiei nhoma no na yɛde redi dwuma ɔsram yi mu de, nanso sɛ wone ɔwofo anaa abofra bi a nsɛnnennen a mmofra hyia ho asɛm haw no kasa a, wubetumi de Young People Ask nhoma no ama no.
2 Ebia ɛbɛfata sɛ woka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɔhaw wiase yi a obi benyin wom no nyɛ mmerɛw. Mmofra hyia tebea foforo pii a ɛhwehwɛ sɛ wosisi gyinae a anibere wom. ‘So ɛsɛ sɛ menom nsã? Memfa nnubɔne nni dwuma? Abrabɔ bɛn na ɛfata wɔ mmerante ne mmabaa ntam?’ Sɛ mmofra bisa nsɛm fa ɔsɛmpɔw atitiriw yi ho a, mpɛn pii no wonya mmuae a ɛbɔ ne ho abira ma ɛhyɛ wɔn so. Wususuw sɛ ɛhe na wɔn mu pii kɔhwehwɛ mmoa fi? [Twɛn ma ommua.] Saa nhoma yi Questions Young People Ask—Answers That Work, de nsɛm a mfaso wɔ so ma. [Twe adwene si nsɛmti a wɔahyehyɛ no so, na ma onhu nsɛm a egu ahorow a ɛka ho asɛm no.] Mmofra hia mmuae a ɛyɛ tẽẽ na wotumi de di dwuma. Wɔde Bible mu nsɛm agyina mmuae ahorow a nhoma yi de ma no akyi.”
3 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ni:
◼ “Mmofra hyia nhyɛso pii nnɛ. Wohia mmoa na wɔatumi agyina ano. Sɛ yɛrebɔ mmɔden biara a yebetumi de aboa wɔn a, so yɛnhwehwɛ biribi a ɛde akwankyerɛ a mfaso wɔ so ma? [Twɛn ma ommua.] Nhyɛso kɛse a wohyia no bi fi mmofra afoforo hɔ, wɔn atipɛnfo. Hwɛ mfonini ahorow a ɛwɔ nhoma yi kratafa 76 ne 77 no. [Dan adwene kɔ mfonini ahorow yi ho nsɛm ne kratafa 77 hɔ nkyekyem a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw no so.] Nkratafa a edidi so wɔ ti yi mu no bobɔ ano aduro a ɛyɛ nokware na wotumi de di dwuma ma ɛyɛ yiye din.”
4 Ɛda adi sɛ eyi yɛ “mmere a emu yɛ den,” titiriw ma mmofra. (2 Tim. 3:1) Nokwarem no, Young People Ask nhoma no betumi aboa abofra ma wagyina ɛnnɛyi nsɛnnennen no ano. Atiri 39 no kura mfonini pii, na nsɛm no yɛ nea wotumi de di dwuma ma ɛso ba mfaso. Enti bere biara a wubenya hokwan no, ma w’ani nna hɔ na fa nhoma fɛfɛ yi di dwuma.