Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/94 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1994
Yɛn Ahenni Som—1994
km 3/94 kr. 3

Asemmisa Afã

◼ Sɛ obi ware wɔ amanne kwan so a, so obetumi afata sɛ ɔdawurubɔfo bere a onnya mfaa n’aware no nhyɛɛ mmara ase?

Nea edi kan no, momma yɛnkae sɛ Kaesare hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ amanne kwan so aware nyinaa ho kyerɛwtohɔ asram abiɛsa ntam. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo di so sɛnea Romafo 13:1, 2 kyerɛ no.

Wobu obi a ɔnam amanne a ɛwɔ hɔ nyinaa a wayɛ so aware no sɛ n’aware di mu. Enti na July 1992 Yɛn Ahenni Som mu asɛm a wɔato din “Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Woma Wɔyɛ W’aware Ho Kyerɛwtohɔ?” ka nea edi so yi: “Ɛsɛ sɛ wɔma awarefo kwan ma wɔkɔ asɛnka na wɔde akontaabu ba, sɛ́ wɔayɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ anaasɛ wonyɛe no. Sɛ wɔfata asubɔ a, wɔremfa nkame wɔn.” (Hwɛ kratafa 2, nkyekyem 6.) Enti obi a wayɛ n’aware ho amanne nyinaa na obu ɔbra pa fata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo na ɔde kyerɛwtohɔ ba, na sɛ onya nkɔso bio a wɔabɔ no asu.

Nanso, ɛda so ara yɛ nokware sɛ wɔn a wɔayɛ wɔn aware ho amanne nyinaa nanso wonnya mfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase ntumi mfata mma akwampae adwuma no fã biara, na saa ara na wɔmma wɔn dwumadi biara wɔ Ɔsom Nhyiam mu efisɛ wobu eyinom sɛ ɔsom hokwan afoforo. Nanso, wobetumi de wɔn ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na wɔama mmue wɔ asafo nhyiam horow ase.

Sɛ obi a mprempren ɔresom sɛ ɔpanyin, anaa asafo mu ɔsomfo, anaa ɔkwampaefo bu n’ani gu so sɛ ɔbɛyɛ n’aware ho kyerɛwtohɔ bere a hwee nsi no kwan a, wobegye saa hokwan no afi ne nsam. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnhyɛ nyansahyɛ ahorow yi nsow yiye na ama yɛatumi “awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—1 Kor. 1:10; 14:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena