So Wubetumi Ayɛ Pii de Ayi Yehowa Ayɛ Wɔ April Mu?
1 Ná Odwontofo Dawid fi komam wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ayeyi a ɛsɔ Yehowa ani bɛma no, enti ɔkae sɛ: “Mede m’ano mɛkamfo [Yehowa] pii, mɛto ayeyi dwom mama no nnipa bebree mu.” (Dw. 109:30) April yɛ bere pa a yebetumi ‘de bi aka n’ayeyi nyinaa ho’ denam asɛnka adwuma no a yebenya mu kyɛfa kɛse no so. (Dw. 71:14) Woreyɛ nhyehyeɛ sɛ wobɛka nnipa bebree a wɔyɛ eyi denam akwampae aboafo adwuma a wɔyɛ so no ho anaa?
2 Yɛ Ho Nhyehyɛe Mprempren Yi Ara: Wɔkae yɛn wɔ Mmebusɛm 21:5 sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” Eyi hwehwɛ sɛ wode asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na wode no di kan wɔ wo nhyehyɛe ahorow no mu. (Mmeb. 3:5, 6) Afei, hwehwɛ ɛbere nhyehyɛe a wowɔ mprempren no mu hwɛ mmeae a wubetumi ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ yiye koraa no, wode nnɔnhwerew abien bɛyɛ asɛnka adwuma da biara. ‘Bere a wobɛtɔ’ afi dwumadi afoforo mu no ma wunya bere pii de yɛ asɛnka adwuma.—Efe. 5:16.
3 Wone Afoforo Nni Nkitaho na Monyɛ Biako: Ɔsomafo Paulo kae sɛ na ebinom yɛ “awerɛkyekye” ma no wɔ ne som adwuma a ɔyɛe no mu. (Kol. 4:11) Wone afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no mmɔ ho nkɔmmɔ. Wɔn mmoa ne wɔn fekubɔ betumi de honhom mu mfaso abrɛ mo nyinaa. Sɛ wowɔ nsemmisa bi a ɛfa asɛnka nhyehyɛe ne asasesin mu adwumayɛ ho a, ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi aboa wo.
4 Abusua mu biakoyɛ ne mmoa a wɔde ma wɔn ho wɔn ho betumi aboa emufo binom ma wɔayɛ akwampaefo aboafo. Ebia a ɛho behia sɛ wɔkyekyɛ fie nnwuma bio. Ebia ɛho behia nso sɛ wɔsakra bere a wɔde yɛ saa nnwuma yi. Sɛ abusua no hyia susuw ahiade ahorow yi ho a, ebetumi aboa wo ma woadu wo botae no ho. Nkitahodi pa ne biakoyɛ ne ade a ɛbɛma woadu wo botae ho.
5 Nya Adwempa: Mpere wo ho nka sɛ entumi nyɛ yiye sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo boafo efisɛ tebea no mma kwan. Mmofra a wɔwɔ sukuu mu, wɔn a wɔkɔ pɛnhyen, mmea awarefo a wɔwɔ mmofra, mmusua ti a wɔde bere nyinaa yɛ adwuma, wɔn nyinaa atumi de nneɛma abɔ afɔre—na wɔde anigye na ayɛ saa—sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu. Wɔne odwontofo no yɛ adwene sɛ “ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi wɔn ayɛ,” na wommuu no sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ na wɔde nnɔnhwerew 60 ayɛ asɛnka adwuma no. (Dw. 33:1) Sɛ wuntumi nyɛ ɔkwampaefo boafo a, dɛn nti na wunnya anigye no mu kyɛfa denam adwuma pii a wobɛyɛ sɛ asafo mu ɔdawurubɔfo no so?
6 Wɔ nnipa pii fam no, akwampae aboafo adwuma a wɔyɛɛ no April no ama wɔatumi abɛyɛ daa akwampaefo. Bere a wɔmaa kyɛfa a wonya no yɛɛ kɛse no, wohui sɛ na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobefi ɛno so abɛyɛ daa akwampaefo.
7 Yiw, tebea no ye ma dwumadi pii wɔ April mu. Memeneda anum a ɛwɔ April mu ne afei nnapɔnna no ma ɛyɛ bere pa ma asɛnka adwuma pii yɛ. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de yi yɛn Nyankopɔn, Yehowa, ayɛ. Akwampaefo aboafo adwuma a yɛbɛyɛ no yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so akyerɛ adom pii a wayi akyerɛ yɛn no ho anisɔ.