Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Korintofo 1
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Nkyia (1-3)

      • Paul daa Onyankopɔn ase maa Korintofo no (4-9)

      • Otuu wɔn fo sɛ wɔnyɛ baako (10-17)

      • Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa (18-25)

      • Yehowa nko ara mu na momma yɛnhoahoa yɛn ho (26-31)

1 Korintofo 1:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

1 Korintofo 1:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:1
  • +1Ko 6:11; Heb 9:13, 14
  • +Mt 12:18, 21; Aso 4:12

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/1994, kr. 24-25

1 Korintofo 1:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 1:9

1 Korintofo 1:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:5

1 Korintofo 1:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 17:29, 30; 2Te 1:7; 1Pe 1:7

1 Korintofo 1:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 4:5; 5:5; Adi 1:10

1 Korintofo 1:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “fekubɔ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:9

1 Korintofo 1:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:17
  • +Ro 15:5, 6; 2Ko 13:11; Efe 4:1, 3; Flp 2:2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    5/8/2003, kr. 21-22

    Ɔwɛn-Aban,

    2/15/1989, kr. 18-20

    1/1/1985, kr. 23

1 Korintofo 1:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “abeyi me asotiw.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    8/15/1997, kr. 29

    10/15/1989, kr. 7

    2/1/1985, kr. 11

1 Korintofo 1:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:24; 1Ko 3:4, 5, 21-23

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/1996, kr. 21-22

    2/1/1985, kr. 11

    10/1/1980, kr. 23

1 Korintofo 1:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:8
  • +Ro 16:23

1 Korintofo 1:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 16:15

1 Korintofo 1:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

1 Korintofo 1:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:18; 1Ko 2:14
  • +Ro 1:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/1/1983, kr. 13

1 Korintofo 1:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mepia animdefo nimdeɛ ato nkyɛn.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 29:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/15/1992, kr. 21-24

    9/1/1983, kr. 13

1 Korintofo 1:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, obi a onim Mmara no yiye.

  • *

    Anaa “Bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/15/1992, kr. 19-20

1 Korintofo 1:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:8
  • +Lu 10:21
  • +1Ko 2:14; 3:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2008, kr. 26

    9/15/1992, kr. 19-24

1 Korintofo 1:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 12:38; Lu 11:29

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/15/1992, kr. 22-23

1 Korintofo 1:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:32

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    5/1/2012, kr. 23

    8/15/2010, kr. 4

    6/15/2003, kr. 6

    6/15/1999, kr. 30

    Nyan!,

    11/8/1983, kr. 4-5

1 Korintofo 1:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2015, kr. 3-7

    10/1/1990, kr. 20

    Bɛn Yehowa, kr. 87-96

1 Korintofo 1:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 13:4

1 Korintofo 1:26

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “nnipa ani so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:13
  • +Yoh 7:48; Yak 2:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    8/15/1994, kr. 12-13

    9/1/1983, kr. 13-14

1 Korintofo 1:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 11:25

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2014, kr. 24

    8/15/1994, kr. 12-13

    9/1/1983, kr. 13-14, 16-18

    4/1/1980, kr. 12

1 Korintofo 1:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 2:6

1 Korintofo 1:29

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhonam biara.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/15/1992, kr. 22

1 Korintofo 1:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 10:4; 2Ko 5:21
  • +Yoh 17:19; Heb 10:10
  • +Ro 3:24; Kol 1:13, 14

1 Korintofo 1:31

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 9:24; 2Ko 10:17

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/15/2005, kr. 13

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 1:1Aso 9:15
1 Kor. 1:2Aso 18:1
1 Kor. 1:21Ko 6:11; Heb 9:13, 14
1 Kor. 1:2Mt 12:18, 21; Aso 4:12
1 Kor. 1:5Kol 1:9
1 Kor. 1:6Aso 18:5
1 Kor. 1:7Lu 17:29, 30; 2Te 1:7; 1Pe 1:7
1 Kor. 1:81Ko 4:5; 5:5; Adi 1:10
1 Kor. 1:9De 7:9
1 Kor. 1:10Ro 15:5, 6; 2Ko 13:11; Efe 4:1, 3; Flp 2:2
1 Kor. 1:10Ro 16:17
1 Kor. 1:12Aso 18:24; 1Ko 3:4, 5, 21-23
1 Kor. 1:14Aso 18:8
1 Kor. 1:14Ro 16:23
1 Kor. 1:161Ko 16:15
1 Kor. 1:17Aso 9:15
1 Kor. 1:18Aso 17:18; 1Ko 2:14
1 Kor. 1:18Ro 1:16
1 Kor. 1:19Yes 29:14
1 Kor. 1:21Kol 2:8
1 Kor. 1:21Lu 10:21
1 Kor. 1:211Ko 2:14; 3:18
1 Kor. 1:22Mt 12:38; Lu 11:29
1 Kor. 1:23Aso 17:32
1 Kor. 1:24Kol 2:3
1 Kor. 1:252Ko 13:4
1 Kor. 1:26Aso 4:13
1 Kor. 1:26Yoh 7:48; Yak 2:5
1 Kor. 1:27Mt 11:25
1 Kor. 1:281Ko 2:6
1 Kor. 1:30Ro 10:4; 2Ko 5:21
1 Kor. 1:30Yoh 17:19; Heb 10:10
1 Kor. 1:30Ro 3:24; Kol 1:13, 14
1 Kor. 1:31Yer 9:24; 2Ko 10:17
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Korintofo 1:1-31

Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo

1 Me Paul, a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ me sɛ memmɛyɛ Kristo Yesu somafo,+ ne yɛn nua Sostene, 2 yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto+ no. Yɛde rebrɛ mo a wɔatew mo ho wɔ Kristo Yesu mu+ a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ akronkronfo, mo ne wɔn a wɔrebɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din wɔ baabiara no nyinaa.+ Ɔno na ɔyɛ wɔn Awurade ne yɛn Awurade.

3 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.

4 Onyankopɔn adom a wɔde ama mo Kristo Yesu mu no nti, daa meda me Nyankopɔn ase ma mo; 5 efisɛ ne nti, moanya mo ho wɔ biribiara mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu,+ 6 sɛnea Kristo ho adanse+ no atim mo mu no; 7 ɛno nti mowɔ akyɛde no nyinaa bi, seesei a moretwɛn denneennen sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi+ no. 8 Bio nso, ɔbɛma mo ase atim akosi awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya mo ho asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da+ no. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa* mu no, ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo.+

10 Afei anuanom, mitu mo fo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ mo nyinaa nyɛ ano koro, na mommma mpaapaemu mmma mo mu.+ Mmom monka mmom denneennen wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.+ 11 Me nuanom, nea enti a mereka saa ne sɛ, Kloe fifo bi abɛbɔ me amanneɛ* sɛ akasakasa wɔ mo mu. 12 Nea merekyerɛ ne sɛ, mo mu biara ka sɛ: “Meyɛ Paul de,” “Me de, meyɛ Apolo+ de,” “Me de, meyɛ Kefa* de,” “Me de, meyɛ Kristo de.” 13 Kristo mu apaapae anaa? Paul na wɔbɔɔ no asɛndua mu maa mo anaa? Anaa Paul din mu na wɔbɔɔ mo asu? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo+ ne Gaio,+ 15 na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu wɔ me din mu. 16 Yiw, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu.+ Wɔn a aka no de, sɛ mebɔɔ wɔn mu bi asu a, menkae. 17 Efisɛ Kristo ansoma me sɛ menkɔbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ menkɔka asɛmpa no;+ ɛnyɛ nyansa-kasa na ɔde somaa me, na Kristo asɛndua no anyɛ kwa.

18 Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera,+ na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi ma yɛn.+ 19 Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Mɛma anyansafo nyansa asɛe, na meremfa animdefo nimdeɛ nyɛ hwee.*+ 20 Onyansafo wɔ he? Ɔkyerɛwfo* wɔ he? Wiase yi* mu okyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn mmaa wiase nyansa nnan nkwaseasɛm anaa? 21 Saa kwan yi so na Onyankopɔn nyansa da adi. Ɛne sɛ, wiase no antumi amfa ɛno ara ne nyansa so+ anhu Onyankopɔn,+ nanso Onyankopɔn nyansa nti, asɛm a yɛka a ɛyɛ nkwaseasɛm wɔ wiase no ani so+ no, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛfa so agye wɔn a wogye di no.

22 Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Greecefo nso hwehwɛ nyansa. 23 Na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ hintidua ma Yudafo, ɛnna ɛyɛ nkwaseasɛm ma amanaman no.+ 24 Nanso wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Greecefo oo, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa+ ma wɔn. 25 Efisɛ ade a efi Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no nkwaseade no, ɛwɔ nyansa kyɛn nnipa. Na ade a efi Onyankopɔn hɔ a nnipa bu no sɛ ɛyɛ mmerɛw no, ɛyɛ den kyɛn nnipa.+

26 Anuanom, mohwɛ frɛ a wafrɛ mo no a, mo ara muhu sɛ wamfrɛ honam fam* anyansafo pii,+ ɛnna wamfrɛ atumfo bebree anaa adehye pii;+ 27 na mmom Onyankopɔn apaw nneɛma a wiase bu no nkwaseade no sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu; na Onyankopɔn apaw ade a wiase bu no sɛ ɛyɛ mmerɛw no sɛ ɔde bɛhyɛ nea wiase bu no sɛ ɛyɛ den no aniwu;+ 28 na Onyankopɔn apaw nneɛma a wiase bu no sɛ ɛnsɛ hwee, ne nneɛma a wobu no animtiaa, nneɛma a wiase bu no sɛ mfaso nni so, sɛ ɔde betu nneɛma a wiase bu no sɛ mfaso wɔ so agu,+ 29 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara* renhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Na Onyankopɔn na wama mo ne Kristo Yesu ayɛ baako, Yesu a wama yɛahu Onyankopɔn nyansa ne ne trenee,+ a wama yɛn ho atew,+ a wayɛ agyede ama yɛn ama yɛanya ahofadi+ no. 31 Onyankopɔn ayɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw yi bɛba mu: “Nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena