Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? July: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a mo asafo no wɔ dedaw abiɛsa a wɔaka abom. Sɛ mo asafo no nni nhomawa no bi wɔ hɔ a, wobetumi de brochure a ɛfata ama. Mubetumi akra nhomawa a ekura nkratafa 32 no bi afi Asafo ti no hɔ. August: Mubetumi de brochure a edidi so a ekura nkratafa 32 no mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn ho Ampa? Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? ne Awufo Ahonhom. September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn asram biara Literature Request Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Efi October 3, 1994 no, nhoma Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! na yebesua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu June 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi a, wɔmfa ho amanneɛbɔ mma asafo no.
◼ Mprempren Asafo ti no retintim 1960 kosi 1969 Engiresi kasa mu Watchtower bound volume ahorow sɛ nhoma a wobetintim no bere nyinaa. Obiara a n’ani gye ho sɛ obenya bound volume ahorow yi bi no mfa n’asafo no so nkra. Yɛsrɛ sɛ monkae sɛ bound volume yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wohia nkutoo a wɔmfa mfiri.
◼ Yɛde Application For Unassigned Territory (S-90) nkratasin no abien amana asafo biara. Yɛsrɛ sɛ monhyehyɛ abien no nyinaa nwie, na momfa biako mmrɛ Asafo ti no ntɛm ma wɔnyɛ ho adwuma. Yɛhyɛ nyansa sɛ mompaw asram abiɛsa a ɛtoatoa so a eye ma mo asafo no mfa nyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma. Yɛrekae asafo ahorow no sɛ sɛ wowie wɔn dwumadi no a, wɔmfa wɔn amanneɛbɔ mmrɛ Asafo ti no.
◼ Ɛho hia sɛ akuw a nnipa 30 anaa nea ɛboro saa wom a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel no di kan kyerɛw baa dwumadibea no. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛ nnipa a wɔreba no dodow ne da a wɔbɛba no. Mubetumi ahu eyi ho nsɛm pii wɔ February 1993 Yɛn Ahenni Som no nkratafa 3.
◼ Sɛnea yɛbɔɔ amanneɛ wɔ June 1992 Yɛn Ahenni Som mu no, asafo biara ɔkyerɛwfo na obedi ɔmantam nhyiam ho nsɛm ho dwuma. Sɛ onni hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔpanyin foforo a ɔfata ma ɔyɛ nnwuma yi.
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba:
Engiresi: Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse; Theocratic Ministry School Guidebook; Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Nnwom nhoma ketewa); Nkratawa: Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?; Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu; Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu; The Road Leading to Paradise (Wɔyɛ maa Nkramofo) Ewe Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (Ketewa)
◼ Nhoma a Aba Foforo:
Ewe, Ga ne Twi: Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?