Yehowa Adansefo 1994 “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam
1 Wɔtee sɛ nnipa 117,116 a wɔkɔɔ 1993 “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam horow no wɔ Ghana no mu pii ka dwumadi a ɛma obi nya honhom mu ahoɔden foforo no ho anisɔ nsɛm a efi komam. Wɔbɔɔ afoforofo a wɔn dodow sɔ ani a wɔyɛ 2,089 asu esiane ɔsoro nkyerɛkyerɛ a yehu wɔ Bible mu a wotiei no nti. Ɛsɛ sɛ dwumadi a ɛte sɛɛ a ɛma yɛyɛ den a yenyaa mu anigye wɔ afe a etwaam no mu kanyan yɛn ankasa ma yɛbɔ mmɔden biara kotie dwumadi a ɛde nkuranhyɛ bɛma a wɔreyɛ ho nhyehyɛe ama “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow a yɛrebɛyɛ no bi. Esiane ɔhaw pii a adesamma rehyia nnɛ nti, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu biara bɛbɔ mmɔden biara akɔ nhyiam no na yɛayɛ nhyehyɛe ama yɛn Bible asuafo nso ne yɛn akɔ. Ɛbɛma yɛanya nkuranhyɛ ne ahoɔden ankasa bere a yɛde Onyankopɔn suro kɔ so som Yehowa wɔ akwanside biara a ebetumi asɔre wɔ nna a ɛda yɛn anim no mu nyinaa akyi no.
2 Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe yiye de mpaebɔ asusuw ho na ama woatumi akotie nnansa honhom fam dwumadi dɛdɛɛdɛ no nyinaa, fi dwom a wɔde bebue ano no so kosi mpaebɔ a wɔde bɛpɔn no so. Fi ɔdɔ mu fa wɔn a ebia wobehia mmoa, titiriw anigyefo afoforofo ka wo nhyehyɛe ahorow ho na ama wɔaba ne nyinaa bi. Sɛ wo ne wo Bible asuafo biara a ebia wɔbɛyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ bi no susuw krataa yi mu nsɛm ho a, ɛbɛboa yiye. (Gal. 6:10) Wɔde dwom befi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:50, na wɔapɔn bɛyɛ anwummere 5:00. Wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:00 Memeneda, na wɔde dwom ne mpaebɔ apɔn bɛyɛ anwummere 5:00. Wobefi Kwasida anɔpa dwumadi no ase anɔpa 9:00, na wɔapɔn saa da no dwumadi bɛyɛ anwummere 4:15. Amanneɛbɔ a edidi so yi bɛboa wo wɔ w’ahosiesie a edi kan no mu.
3 Faako a Wobɛkɔ: Ɛkame ayɛ sɛ baabi a wɔkyerɛ sɛ kɔ nhyiam no ne nea ɛbɛn mo asafo no sen biara. Wɔde nkongua, nhoma, aduan, ne dabere ne ade a yebenya no agyina adwene a ɛne sɛ adawurubɔfo no dodow no ara bɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no so. Wɔaka eyi ho asɛm wɔ krataa yi kratafa 6. Enti, ɛho hia sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wobedi nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm no so. Nkurow akɛse mu asafo ahorow titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.
4 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi betumi ama wɔanya hokwan ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran de, nanso ɛma ɔhaw ahorow sɔre wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ na ama adwuma a edi nhyiam anim ne akyi so atew no nyɛ hɔ. Enti, yɛrema nkurow akɛse mu anuanom aso ate sɛ wɔnkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu no nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Wɔma kwan sɛ anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma a egye ntɛmpɛ bi, a ɛno nti dwumadi no afã horow pa wɔn ti so no betumi akɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no wɔ kurow no mu a, wɔbɛma eyi ho kwan.
5 Wɔ nkuraa ase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre a wobenya bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no wɔ kurow foforo mu. Sɛ nhwɛso no, ebia Kasoa ne Nyanyanu Asafo ahorow no bɛpɛ sɛ wɔkɔ Accra “B” anaa Accra “C” nhyiam no sen sɛ wɔbɛkɔ Akim Oda. Asafo ahorow a wɔwɔ tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no wɔ kurow foforo mu no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔkɔ nhyiam no mu.
6 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Wɔanya Dabere: Wɔde Adammisa nkratasin remana asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no bi fa ma mo asafo no ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ mode Adammisa nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa afoforo mana baa dwumadibea no wɔ Accra.
7 Ahiade Atitiriw: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe yi ma adawurubɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa ne wɔn mma a wɔnyɛ basabasa a Asafo Ɔsom Boayikuw no pene wɔn so no nkutoo. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade titiriw wom no na wɔyɛ nhyehyɛe de hwɛ saafo sen sɛ wɔde asɛyɛde yi bɛto nhyiam no so ahwɛfo so. Mpanyimfo ne afoforo a wonim onii no nsɛm tebea betumi afi ɔdɔ mu aboa. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden ne ebia afoforo ahiade ahorow ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn ho, anaa wobedi wɔn ahiade ahorow ho dwuma akwan foforo so no so.—Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18.
8 Nokwarem no, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade atitiriw no dabere a ɛfata, sɛ wɔn asafo no mufo ntumi mmoa wɔn a. Adawurubɔfo yi betumi ne asafo no ɔkyerɛwfo no asusuw wɔn tebea no ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw ho hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma. Sɛ asafo no ntumi mfa mmoa a wohia no mma a, ɔkyerɛwfo no betumi de Adammisa kratasin no bi ama saafo no. Onii a ɔhwehwɛ dabere no na ɔbɛhyehyɛ. Ɛsɛ sɛ ɔsan de kɔma ɔkyerɛwfo no, ɔno nso bɛhwɛ mu ahwɛ sɛ wahyehyɛ awie, wahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, na onipa no nsɛm tebea ma ɔfata ma mmoa a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa de KYERƐKYERƐ NE TEBEA NO MU FEFEEFE. Ɛsɛ sɛ odi kan yɛ eyi bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmana Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛkyerɛw onii no tee aka dabere no ho asɛm akyerɛ no.
9 Sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no du nhyiambea hɔ pɛ a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni biako boa wɔn ma wɔn nsa ka wɔn dabere no.
10 Wo Mmoa ho Hia: Sɛ dabere ho nhyehyɛe yi betumi ayɛ yiye a, gye sɛ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa no boa. (Heb. 13:17) Enti, yɛreka akyerɛ obiara sɛ ɔmmoa Asafo ti no dabere nhyehyɛe no nkosi ase na ɔntra faako a wɔde no atra no na yɛakwati nkyereso.
11 Aduannoa: Wɔbɛnoa nnuan pa a ɛho adwumayɛ nyɛ den ma ɛne ɔkwantiaa so aduannoa nhyehyɛe no ahyia, na ama wɔn a wɔatu wɔn ho ama yɛ aduannoa ho adwuma no anya honhom fam dwumadi a ɛhyɛ yɛn den no mu mfaso. Asafo ti no ani sɔ mo mmoa wɔ bere a atwam no mu na ɔhyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so ntɔ honam fam aduan a wɔde bɛma wɔ nhyiam horow no ase nni.
12 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no mu nea etwa to wɔ Bolgatanga fi January 6 kosi 8, 1995. Wɔbɛka Frafra kasa aka Twi ho, sɛnea wɔyɛe wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam a etwaam ase no. Ntawntawdi a ɛkɔ so wɔ Atifi Mantam no mu nti, ɛho abehia sɛ yeyi nhyiam no fi Tamale de kɔ Bolgatanga. Wɔhyɛ ɔman no anafo fam anuanom a wobetumi akɔ no nkuran sɛ wɔnyɛ saa, nanso saa bere yi de, Asafo ti no renyɛ lɔre ho nhyehyɛe titiriw biara. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Ɛwom mpo sɛ saa bere yi de, Asafo ti no renyɛ bɔs ho nhyehyɛe titiriw de, nanso yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ no nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
13 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani sɔ boa a moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no mu no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne ade. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no mufo ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Yebehia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama ayɛ adwuma wɔ nhyiam no ase, enti yɛ nhyehyɛe na wo ne w’abusua anya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
14 Nhyiam Badge ne Nea Wɔde Hyem: Wɔrebɔ asafo biara amanneɛ sɛ wɔmfa Literature Request Form (S-14) nkra “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no badge ne rɔba a wɔde hyem no. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no de biako abrɛ Asafo ti no NTƐM ma wɔadi mo nhyiam no ho ahiade ho dwuma bere pa mu. Ɛsɛ sɛ moma ɛtra mo adwenem sɛ wɔrentɔn lapel badge ne nea wɔde hyem no bi wɔ nhyiam no ase.
15 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto sɛnea edidi so yi: 53, 175, 85, 79, 187, 155, 19, 13, 47, 180, 177, 113, 143, 191, 33, 114, ne 222. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no ma ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 no ahyia.
16 Dwumadi no a Wɔkyere Gu Kasɛt So Anaasɛ Wɔde Video Twa: Asafo ti no renyɛ nhyehyɛe biara a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase anaa ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden nkanea ne akasam nhama no. Yɛn ani bɛsɔ eyi a mubedi so no yiye.
17 Awiei: Yɛn nsa bɛka ɔkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ pii a ɛbɛma yɛanyin Onyankopɔn suro mu wɔ yɛn “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no ase. Wɔde ɔkyerɛkyerɛ yi bɛma denam ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ ahorow, drama ne osuahu ahorow a wɔbɛka akyerɛ so. Ɛmmra sɛ Yehowa akoa biara bɛyɛ nhyehyɛe mprempren ma watumi akɔ nnansa “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no bi fi bere a yɛbɛto dwom a wɔde bebue ano Fida anɔpa so kosi mpaebɔ a yɛde bɛpɔn Kwasida awia no so.
[Kratafa 6 adaka]
1994 “ONYANKOPƆN SURO” ƆMANTAM NHYIAM HOROW
Mmere ne Mmeae a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ
Dec 16-18, 1994 Accra “A” Ga ne Ewe 1, 3B, 12B fã bi
Box 0190, Osu (Asafo ahorow a wɔka Ewe kasa), 25, 34
Akim Oda Twi 13, 18, 28 fã bi
Box 122 (Winneba/Apam mpɔtam hɔ), 30
Dunkwa Twi 11, 20A, 20B, 31
Box 97
Sunyani Twi 8, 21, 32
Box 75
Takoradi “A” Twi/Fanti 16, 17A, 17B
Box 0166
Dec 23-25, 1994 Accra “B” Twi 2A, 26
Koforidua Twi ne Krobo 3A, 14, 15, 23
Box 192
Kumasi “A” Twi ne 7, 22, 27A, 27B
Box 629 Engiresi kasa
Takoradi “B” Twi/Fanti 24, 28
Dec 30-Jan 1, 1995 Accra “C” Twi ne 2B, 19A, 33
Engiresi kasa
Ho Ewe ne Twi 4, 5A, 5B, 19B, 29
Box 77
Kumasi “B” Twi 10, 35
Nkawkaw Twi 9, 12A, 12B, 30 fã bi
Box 67 (Afosu/Asamama mpɔtam hɔ)
Jan 6-8, 1995 Bolgatanga Twi ne Frafra 6A, 6B, ne afoforo nyinaa
Box 30 a wobetumi akɔ.