Fa Nhoma a Adodow no Nso Di Dwuma!
1 Ɔwɛn Aban Asafo no da nsow sɛ wɔn a wotintim nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu. Nnipa a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu nnɛ no mu pii nam saa nhoma a yɛde sua Bible no sua so na wɔbɛyɛɛ Adansefo. Nokwarem no, nnipa pii bɛba abɛka Yehowa nkurɔfo ho daakye bere a yɛkɔ so de nhoma ahorow yi di dwuma wɔ asɛnka mu no.
2 Ɛwom sɛ wɔatintim saa nhoma ahorow no bi wɔ krataa papa so de, nanso wotintim afoforo nso wɔ newsprint so. Sɛnea krataa no te biara mfa ho, nsɛm no nyinaa som bo, efisɛ efi Onyankopɔn Asɛm mu. (2 Tim. 3:16, 17) Enti yɛde asɛm yi bɔ nhoma a adodow nyinaa, kyerɛ sɛ nea krataa a wɔde tintim nti adodow no ho nhyehyɛe titiriw bi ho amanneɛ. Ɛyɛ nhyehyɛe titiriw bɛn?
3 Efi nnɛ rekɔ yɛde nhoma a adodow nyinaa bɛma de agye bo a wɔatew so mpɛn dodow a ebi wɔ yɛn asafo mu anaa baa dwumadibea no. Nokwarem no, Yɛn Ahenni Som no bɛkɔ so akyerɛ nhoma ko a yɛde bɛma ɔsram biara. Boa eyi. Nanso, fi wo pɛ mu fa nhoma ahorow a adodow no di dwuma bere biara wɔ afe no mu wɔ baabiara a ɛfata.
4 Ɔdawurubɔfo biara begye nhoma a adodow a ekura nkratafa 416 anaa 384 anaa 192 no mu biara ₵350 na ɔde ama ɔmanfo saa ara. Daa akwampaefo begye biako biara ₵180.
5 Saa bere yi de ɛho nhia sɛ asafo ahorow no kyerɛw nhoma a adodow a wɔwɔ no dodow brɛ baa dwumadibea no. Yɛnam yɛn krataa a ɛne SH September 25, 1991, a yɛde kɔmaa asafo ahorow nyinaa no so ayɛ saa dedaw. Sɛ mpanyimfo no hwehwɛ wɔn kyerɛwtohɔ ahorow mu na wɔn asafo no ankyerɛw saa nhoma a adodow no dodow ammana wɔ 1991 mu a, wobetumi ayɛ saa afei, na ama ɛho sika no ayɛ pɛpɛpɛɛ. Yɛn krataa a ɛne SH January 13, 1992, a yɛde kɔmaa asafo ahorow nyinaa no kyerɛ nhoma ahorow a wobetumi de aka ho ne nea ɛnsɛ sɛ wɔde ka ho. Eyi fa asafo ahorow a wɔankyerɛw saa nhoma no dodow ammana wɔ 1991 mu no nkutoo ho. Eyi ho hia yiye.
6 Esiane sɛ na ne bo ba fam wɔ 1991 mu nti, mprempren asafo pii nhoma sika bɛkyerɛ sɛ sika a wɔwɔ no dɔɔso sen ɛka a wɔde no bere a wɔde nhoma a adodow no ma gye bo a wɔkyerɛ sɛ wɔmfa nnye mprempren no. Eyi bɛma asafo pii a wɔde nhoma ho ka no nhoma sikasɛm atotɔ yiye. Asafo ahorow a wɔn nhoma ho sikasɛm tebea yɛ papa no betumi asusuw ho ayi ntoboa de abrɛ Asafo ti no de atew wɔn sika a aboro wɔn nhoma ka so no so, sɛ nea aboro so no dɔɔso sɛnea ɛsɛ a. Sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo gye nhoma a adodow a asafo no wɔ no bi a, ɛnsɛ sɛ wobisa sɛ wɔntew mfi wɔn ka so. Eyi te saa, efisɛ sɛ wɔammisa sɛ wɔntew mfi wɔn ka so mpo a, nhoma a wɔatew so a akwampaefo gye no ₵180 na adawurubɔfo gye no ₵350 bɛma wɔn nhoma ho sika adɔɔso.
7 Momma yɛn mu biara mfa nhoma a adodow no nyɛ adwuma mfa nnye bo a wɔatew so no na yɛnam saayɛ so aboa nnipa pii wɔ nkwa kwan no so.—Ɔsɛnk. 11:6.