Ɔsom Nhyiam ma june
Dapɛn a Efi Ase June 6
Dwom 9
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ. “Fa Nhoma a Adodow no Nso Di Dwuma!” Ma no sɛ ɔkasa. Kae atiefo ma wonkogye Creation nhoma no bi mfa nkɔ asɛnka dapɛn yi awiei.
18 min: “So Woregu Pii?” Asemmisa ne mmuae. Sɛnea bere bɛma kwan no, ma atiefo nka osuahu ahorow a wɔn ankasa anya a ɛkyerɛ sɛnea wɔabɔ mmɔden yiye wɔ wɔn som adwuma no afã horow mu ma nnepa afi mu aba.
15 min: “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ sɛnea wobetumi de nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no adi dwuma ho ɔyɛkyerɛ abien.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 13
Dwom 28
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa a Asafo ti nsa aka ho nkrataa. Ka asɛm tiawa bi fa kyerɛ sɛnea wohyira ɔyamyefo fa ka ho.—Mmeb. 11:25a.
15 min: “Gyidi a Yɛbɛma Wɔanya wɔ Adesamma Bɔfo No Mu.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ bere ma kwan a, ma wɔnyɛ sankɔhwɛ a wɔahyɛ ho nyansa no biako ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso.” Nhoma adesua sohwɛfo ne atiefo bɔ ho nkɔmmɔ. Si sɛnea asɛm no de nkuranhyɛ ma sɛ (1) wɔnntoto nhoma adesua kɔ ase (2) wɔmma mmuae pii wɔ adesua no ase na (3) wɔmmoa asɛnka nhyiam horow yiye so dua.
Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 20
Dwom 31
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka hokwan ahorow a mmofra wɔ sɛ wɔbɛma kyɛfa a wonya wɔ ɔsom adwuma no mu akɔ anim; ebinom betumi ayɛ akwampaefo aboafo. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrewie sukuu no susuw wɔn nhyehyɛe horow a wɔayɛ ama daakye ho yiye na wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wɔde Ahenni nneɛma bedi kan.
15 min: Mo asafo no ahiade ahorow. Anaasɛ momma asɛm “What Career Should I Choose?” a efi May 8, 1989, Awake!, nkratafa 12-14 no ho ɔkasa.
15 min: “So Woreyɛ Onyankopɔn Apɛde?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina March 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-30 so.
Dwom 223 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 27
Dwom 174
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Asɛnka Nhyiam Horow a Mfaso wɔ So.” Asemmisa ne mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo de susuw ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ho a, da Reasoning nhoma no mu nnianim asɛm biako anaa abien a wobetumi de adi dwuma dapɛn yi awiei adi. Sɛ mudu nkyekyem 5 a, ka suban a wɔda no adi wɔ asɛnka mu a etumi de nsɛnnennen ba a moahu wɔ mo hɔnom ho asɛm; fa nyansahyɛ ahorow a ebetumi aboa ma wɔ ayamye mu.
25 min: “Yehowa Adansefo 1994 ‘Onyankopɔn Suro’ Ɔmantam Nhyiam. Ɔkyerɛwfo de asemmisa-ne-mmuae susuw krataa a ehyem no ho. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw nkutoo. Kanyan Bolgatanga nhyiam no ho anigye, ɛwom sɛ Asafo ti no renyɛ bɔs ho nhyehyɛe titiriw saa bere yi de. Asafo ahorow a wɔn a wɔadi dɛm wom no betumi asi nkyekyem a ɛfa ahiade atitiriw ho no so dua.
Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.