Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso
1 Asafo Nhoma Adesua no di dwuma titiriw wɔ Yehowa ahyehyɛde no nkyerɛkyerɛ dwumadi mu. Nhoma adesua akuw no ahwete wɔ asasesin no mu nyinaa, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obiara bɛkɔ bi. Sɛ adesua no bi wɔ baabi a anigyefo te a, ebetumi ama wɔapene nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wommetie bi no so ntɛm ara.
2 Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma kuw biara ayɛ ketewa. Eyi ma adesua no sohwɛfo tumi boa ankorankoro biara. Ɛsono sɛnea yɛn mu biara tumi sua ade ntɛmntɛm fa. Sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛte asɛm bi ase bere a wadi kan asua mpo no akyi a, adesua no sohwɛfo betumi ne no asan asusuw ho bere a wɔapɔn adesua no. Bio nso, sɛ kuw no yɛ ketewaa a, ɛma obiara nya hokwan pii ma mmuae kenkan kyerɛw nsɛm no bi. So woboa adesua no denam mmuae a woma daa no so? Wo wobɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma mmuae? Krado a wobɛyɛ sɛ wobɛma mmuae no bi no betumi ama wo ne afoforo anya mu mfaso. Bere a wusiesie wo ho no, fa w’adwene tumi hu sɛnea w’ankasa wubetumi de adesua no mu nsɛntitiriw bi adi dwuma.—Heb. 5:14.
3 Sɛ wohwɛ akwan a nhoma adesua sohwɛfo no fa so kyerɛkyerɛ no a, wubetumi ahu sɛnea wobɛyɛ ofie Bible adesua wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na ɛde nkyerɛkyerɛ ma kɛse so. Bere a onua bi a ɔfata akenkan nkyekyem no, yesusuw nsemmisa no ho. Adesua no sohwɛfo hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkasa den. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔaka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no ho asɛm, sɛnea bere bɛma kwan biara, na aboa yɛn ma yɛate nea ɛkyerɛ no ase. (Fa toto Nehemia 8:8 ho.) Ɛtɔ mmere bi a, ebia n’ankasa bɛka asɛm tiawa bi de akyerɛkyerɛ mu anaasɛ ɔde nsemmisa afoforo bɛma emu asɛntitiriw bi ada adi. Nhwɛso anaa mfatoho bi betumi aboa ma yɛahu sɛnea adesua no fa yɛn asetra ho.
4 Nnipa a wɔkɔ Asafo Nhoma Adesua bi no sua yiye. So wokɔ daa? So wonkɔ daa a, worehwere nsiesiei titiriw bi. Nhoma Adesua nhyehyɛe no ne akwan a Yehowa fa so da no adi sɛ odwen yɛn ho no mu biako. (1 Pet. 5:7) Ɔpɛ sɛ yɛn nimdeɛ ne nyansa kɔ anim na ama yɛayɛ den honhom mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Satan bɛpɛ sɛ yɛkɔ fam wɔ honhom mu na yɛyɛ mmerɛw na yɛn ho amma Yehowa ne N’ahyehyɛde no so mfaso kɛse. Mma ɛmma saa! Ma anigye ne ɔdɔ a ɛwɔ kuw a wɔwɔ abusuabɔ a emu yɛ den yi mu no nka wo koma na kɔ so yi Yehowa ayɛ.—Fa toto Dwom 111:1 ho.
5 Wɔyɛ asɛnka nhyiam horow a ɛnhaw adawurubɔfo no ho nhyehyɛe wɔ mmeae a wɔyɛ nhoma adesua dodow no ara. Wobetumi ayɛ eyi ama dapɛn mfinimfini, dapɛn no awiei anaa anwummere adansedi. Nhoma adesua sohwɛfo no hwɛ hu sɛ wɔwɔ asasesin a ɛso, na obi wɔ hɔ a obedi asɛnka no anim. Ɛnsɛ sɛ asɛnka nhyiam horow no boro simma 10-15. Nhoma adesua sohwɛfo no betumi de bere tiaa bi asusuw daa asɛm no ho, sɛ ɛfa yɛn asɛnka adwuma no ho a, na ɔde asɛnka ho nyansahyɛ pɔtee biako anaa abien ama anaa ɔbɛma wɔayɛ nhoma a yɛde ma mprempren no ho ɔyɛkyerɛ.
6 Bere rekɔ so no, adesua sohwɛfo no bɔ mmɔden sɛ ɔne ne kuw no muni biara bɛyɛ adwuma na ɔde nkuranhyɛ ne ntetee a ɛfata ama.—Fa toto Marko 3:14; Luka 8:1 ho.