Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/94 kr. 1
  • So Woregu Pii?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woregu Pii?
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pii a Yegu no Ma Yenya Nhyira Pii
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Akwampae Adwuma Nhyira Horow
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Yɛn Ahenni Som—1994
km 6/94 kr. 1

So Woregu Pii?

1 Wɔtaa ka asɛm bi sɛ, “Sɛ wobɔ biribi ho mmɔden kɛse a, wunya pii fi mu.” Eyi yɛ nokware titiriw wɔ yɛn som mu. Sɛ yɛde bere pii ne mmɔdenbɔ kɛse siesie yɛn ho ma nhyiam horow, ka Ahenni nkrasɛm no, na yeyi ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom a, yɛbɛkɔ so anyin wɔ honhom mu. Nea ɛne eyi bɔ abira nso yɛ nokware. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyere yɛn ho anaa yefi koma nyinaa mu yɛ nea yɛyɛ no a, so yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ nea ebefi mu aba no bɛyɛ akomatɔyam?

2 Ɔsomafo Paulo kaa nnyinasosɛm no ho asɛm yiye wɔ 2 Korintofo 9:6 (New World Translation) sɛ: “Nea ogu nkyekye mu no betwa nkyekye, na nea ogu pii betwa pii nso.” So woregu pii?

3 Kokoam Bible Adesua: Sɛ yɛbɛyɛ asomfo a yɛsow aba a, ɛsɛ sɛ yedi kan gu pii wɔ yɛn kokoam adesua mu. Ɛsɛ sɛ yenya honhom mu nneɛma ho akɔnnɔ a ano yɛ den. (Dw. 119:97, 105; Mat. 5:3) Esiane sɛ da biara asetra mu nneɛma nyinaa ho dadwen rehyɛ yɛn so nti, egye mmɔdenbɔ kɛse na ama yɛahu yɛn honhom fam ahiade ankasa. Ɛhwehwɛ sɛ yɛn mu dodow no “tɔ bere a ɛfata.” (Efe. 5:16, NW) Ebinom yɛ nhyehyɛe sɔre ntɛm nna bi na wɔayɛ kokoam adesua. Afoforo nso ayi nna bi anwummere asi hɔ ama saayɛ. Ɔkwan bɛn so na yetwa pii? Yenya gyidi a ɛyɛ den, anidaso kɛse ne anigye ne adwempa kɛse.—Rom. 10:17; 15:4; 1 Pet. 1:13.

4 Asafo Nhyiam Horow: Dawid kae wɔ Dwom 122:1 sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi.” So wote nka saa? Pii a wubegu no kyerɛ sɛ wobɛkɔ yɛn dapɛn dapɛn nhyiam horow anum no daa. Fa yɛ w’atirimpɔw sɛ woremma wim tebea a enye nsiw nhyiam a wobɛkɔ no kwan. Mpɛn pii no, sɛ yedi akwanside pii so a, yenya nhyira kɛse.

5 Du hɔ ntɛm na twɛn bere a moapɔn akyi na wo ne wo nuanom abɔ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ. Fa afoforo pii ka w’ayɔnkofo ho sɛnea wubetumi. Siesie wo ho yiye ma Ɔwɛn-Aban Adesua ne nhyiam afoforo no na ama woatumi agu pii denam mmuae pii a wobɛma no so bere a wunya hokwan no. Sɛ ‘woma’ afoforo “mee” wɔ nhyiam ase a, wo nso ‘wobɛmee.’—Mmeb. 11:25.

6 Asɛnka: Ebia baabiara nni hɔ nnyinasosɛm yi a ɛne sɛ yengu pii no yɛ nokware sen asɛnka adwuma no mu. Dodow a yɛde bere pii yɛ no, dodow no ara na ɛda adi sɛ yebetumi anya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye, sankɔhwɛ ne Bible adesua a ɛsow aba.

7 Pii a yebegu wɔ asɛnka adwuma mu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yetu mpɔn na yɛyɛ pii nso. Ade a eye kyɛn so a ɛbɛboa yɛn ma yɛn som adwuma atu mpɔn ne Reasoning nhoma no. Nsɛmti 18 ho nnianim nsɛm bɛboro 40 a ɛbɛboa yɛn ma yɛakanyan anigye wɔ apon ano wɔ ne nkratafa 9-15. Sɛ wunya onigyeni a, hwɛ hu sɛ wobɛyɛ ne ho kyerɛwtohɔ na woatumi asan akɔsra no na woatwa nea wugu no so aba. Yɛwɔ anidaso sɛ wo mmɔdenbɔ no bɛma woayɛ Bible adesua, na wubetumi akyerɛkyerɛ obi foforo sɛnea wogu pii.

8 Sɛ yegu pii a, yebetumi ahwɛ nhyira pii kwan afi Yehowa hɔ.—Mal. 3:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena