Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/94 kr. 7
  • Asɛnka Nhyiam Horow a Mfaso wɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Nhyiam Horow a Mfaso wɔ So
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 6/94 kr. 7

Asɛnka Nhyiam Horow a Mfaso wɔ So

1 Yɛwɔ nhyiam bi a Yesu ne asuafo 70 a na wapaw wɔn foforo yɛe na aboa wɔn asiesie wɔn ama asɛnka ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 10:1-11. Ɔde akwankyerɛ ahorow pɔtee mae na aboa asiesie wɔn, wɔasiesie nea wɔbɛka na wɔadi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma. Yɛnam kyerɛwtohɔ yi a yɛbɛhwehwɛ mu no so betumi asua biribi afi mu.

2 Ɛda adi sɛ na asuafo 70 no nyinaa wɔ nhyiam a wɔne Yesu yɛe no ase. Sɛ ebinom ka akyi daa a, ɛma yɛsɛe bere pii wɔ asɛnka nhyiam horow ase. Akyi a wɔka no taa ma ɛho behia sɛ wɔsan kyekyɛ nnipa no ne asasesin no. Mpɛn pii no eyi mma kuw no mufo nyinaa mfi asɛnka ase ntɛm. Yɛn nyinaa betumi ayɛ yɛn fam de denam du a yebedu hɔ ntɛm a yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asasesin no mu ntɛm ara no so.

3 Yesu maa kuw no nkɔmmɔbɔ asɛmti pɔtee bi a wɔde bedi dwuma, a ɛne “Onyankopɔn ahenni.” (Luka 10:9) Wɔde asɛm koro no ara ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka, na yɛn ani taa sɔ nea ɛsɛ sɛ yɛka no ho nyansahyɛ ahorow a ɛboa. Nea ɔhwɛ so no betumi atwe adwene asi Reasoning nhoma no a ɛde nnianim nsɛm bɛboro 40 ne Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛfata a yebetumi de adi dwuma wɔ tebea horow pii mu ma no so. Asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien a yebesusuw ho tiawa no betumi ama yɛanya biribi a yɛbɛka wɔ yɛn adwenem, na ama yɛatumi de ahotoso kɛse akasa wɔ apon ano.

4 Ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ asuafo no ka nkutoo na Yesu ka kyerɛɛ wɔn, na mmom sɛnea wɔbɛka no nso. (Luka 10:5, 6) Ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi mu dapɛn biara kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi akasa ma atu mpɔn. Nea ɔhwɛ so no betumi ama yɛasan asusuw nea wɔyɛe wɔ nhyiam a atwam no mu ho, na ɔde sɛnea yebetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu saa da no ho nyansahyɛ ahorow ama. Kyerɛwnsɛm mu asɛm a asete nyɛ den a yɛbɛka akyerɛ ho ɔyɛkyerɛ tiawa a yɛasiesie betumi aboa ama yɛakae nea ɛwɔ yɛn adwenem no aka.

5 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no wɔ wɔn suban nso ho. (Luka 10:7, 8) Nea ɔhwɛ so no betumi de akwankyerɛ a ɛho hia a ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati biribiara a ebetumi ama wɔaka yɛn adwuma no ho asɛmmɔne bɛma saa ara. Obetumi de boa a yɛbɛboaboa yɛn ho ano wɔ mmorɔn so anaasɛ sɛe a yɛbɛsɛe bere ne asɔretiafo agye akyinnye ho kɔkɔbɔ ama yɛn. Ebia ɔbɛkae yɛn sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ a edi mu. Ebia ɛho behia sɛ wɔkae awofo sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn mma so yiye.

6 Asuafo 70 no dii Yesu nsɛm no so na wɔde “anigye san bae” akyiri yi. (Luka 10:17) Sɛ yedi akwankyerɛ a yɛn nsa ka wɔ asɛnka nhyiam horow ase akyi a, yɛn nso yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya anigye kɛse wɔ Ahenni nkrasɛm no ka mu.—Aso. 13:48, 49, 52.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena