Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/94 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔkyerɛwfo
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 7/94 kr. 3

Asemmisa Afã

◼ Sɛ daa ɔkwampaefo bi fi baabi ba asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no yɛ?

Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de ɔkwan a wɔde ama wɔ Asafo Akontaabu (S-1) kratasin akyi no di dwuma de bɔ Asafo ti no amanneɛ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw ɔkwampaefo no kan asafo no ɔkyerɛwfo ntɛm ara nso de bisa Asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin (S-21) a ɛwɔ wɔn nneɛma mu (mfe awotwe a atwam de nyinaa) ne krataa a wɔde kamfo no kyerɛ fi Asafo Ɔsom Boayikuw no hɔ. Ɔbɛyɛ saa ara nso bere a ɔdawurubɔfo bi fi baabi ba asafo no mu no.

Sɛ ɔkwampaefo tu kɔ baabi foforo na nsakrae kɛse ho hia wɔ ne nsɛm tebea mu a, ɔtaa hyia nsɛnnennen bi wɔ nneɛma a ɔbɛtoto no yiye na watumi ayɛ ɔsom adwuma no sɛnea ɔyɛ daa no mu. Sɛ mpanyimfo de ɔdɔ boa ɔkwampaefo no ma enti wanhyia ɔhaw wɔ tu a watu aba asafo foforo no mu no mu a, n’ani sɔ yiye.

Bere a wɔretwɛn ma nsa aka nkratasin no afi ne kan asafo no hɔ no, ɔkwampaefo no de ɔsram biara akontaabu bɛma asafo foforo no ɔkyerɛwfo ma ɔde asie kosi sɛ ne nsa bɛka nkratasin no.—Hwɛ March 1991 Yɛn Ahenni Som (Vol. 34, No. 3) no Asemmisa Afã hɔ.

Nkaebɔ: Ɔkyerɛwfo no de “Pioneer Service Identification” nkratasin (S-202) no foforo bɛma akwampaefo a wofi Ghana asafo biako mu kɔ foforo mu no nkutoo. Ɛsɛ sɛ akwampaefo a wɔyera wɔn kratasin, anaa aware, awaregu ne ade nti wɔsesa wɔn din anaasɛ wotu fi ɔman bi a baa dwumadibea foforo hwɛ so mu no nsa ka wɔn kratasin foforo no fi Asafo ti no hɔ na ɛnyɛ ɔkyerɛwfo no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw Asafo ti no kyerɛkyerɛ tebea no mu na obisa kratasin foforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena